Adiyisɛm 21 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Ɔsoro foforo ne asase foforo

1 Yes 65.17; 2 Pe 3.13; Adi 20.11 Na mihuu ɔsoro foforo ne asase foforo, na kan soro ne kan asase no atwam, na ɛpo nni hɔ bio.

2Heb 11.10; 11.16; 12.22; Gal 4.26; Adi 19.7-8 Na mihuu kurow kronkron no, Yerusalem foforo, sɛ efi soro Onyankopɔn nkyɛn resian, na wɔasiesie no sɛ ayeforo a wɔahyehyɛ no ama ne kunu.

3Hes 37.27; 48.35 Na metee nne kɛse bi fi ahengua no mu a ese:

Hwɛ, Onyankopɔn ntamadan wɔ nnipa mu,

na ɔbɛtena mu wɔ wɔn mu,

na wɔayɛ ne nkurɔfo,

na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtena.

4 Adi 7.17; Yes 25.8; 35.10 Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa.

Na owu nni hɔ bio,

na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio,

efisɛ kan nneɛma no atwam.

5 Adi 4.2; 5.1; 2 Ko 5.17 Na nea ɔte ahengua no so no se: Hwɛ, meyɛ nneɛma nyinaa foforo. Na ose: Kyerɛw, efisɛ nsɛm yi wom na ɛyɛ nokware.

6Adi 1.8; 22.17 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Wɔawie! Mene Alfa ne Omega, mfiase ne awiei no. Me na mede nkwa nsuti mu nsu mɛkyɛ obiara a osukɔm de no kwa.

7Adi 2.7; Sak 8.8 Nea odi nkunim no benya eyinom adi, na mɛyɛ ne Onyankopɔn, na ɔno nso ayɛ me ɔba.

8Heb 10.38-39; Adi 22.15; 20.14 Na ahufo ne wɔn a wonnye nni ne akyideyɛfo ne awudifo ne nguamammɔfo ne adutofo ne abosonsomfo ne atorofo nyinaa benya wɔn kyɛfa wɔ ɔtare a ogya ne sufre dɛw mu no mu, ɛne owuprenu no.

Ɔsoro Yerusalem ne ayeforo

9 Adi 15.1; 15.6-7; 19.7 Na abɔfo baason a wokurakura nkuruwa ason a ɔhaw mmusu ason a edi akyiri no ahyehyɛ mu mama no mu biako baa me nkyɛn ne me bɛkasae sɛ: Bra na menkyerɛ wo ayeforo, Oguammaa no yere no.

10Hes 40.2 Na ɔde me nam honhom mu kɔɔ bepɔw kɛse tenten bi so, na ɔkyerɛɛ me kurow kronkron Yerusalem no sɛ efi soro Onyankopɔn nkyɛn resian.

11Adi 21.3; 21.23; Yes 60.1-2 Ekura Onyankopɔn anuonyam. Nea ɛmaa no hyerɛn no te sɛ ɔbo a ne bo yɛ den papa, te sɛ ahwehwɛbo a emu tew sɛ ahwehwɛ.

12Hes 48.31-35 Na ɛwɔ ɔfasu kɛse tenten, na ɛwɔ aponkɛse dumien, na abɔfo dumien tete apon no ano. Apon no so na wɔakyerɛw din a ɛyɛ Israel mma mmusuakuw dumien no din.

13Apon abiɛsa wɔ apuei, apon abiɛsa wɔ benkum, apon abiɛsa wɔ nifa, na apon abiɛsa wɔ atɔe.

14Na kurow no fasu wɔ nnyinaso dumien a Oguammaa no asomafo dumien no din wowɔ so.

15 Hes 40.3 Na nea ɔne me rekasa no kura sika susudua sɛ ɔde rebesusuw kurow no ne n’apon ne ne fasu no.

16Hes 48.16-17 Na kurow no yɛ ahinanan, na ne ntwemu ne ne trɛw yɛ pɛ. Na ɔde susudua no susuw kurow no nkwansimma mpem dunum. Ne ntwemu ne ne trɛw ne ne korɔn yɛ pɛ.

17Na osusuw ne fasu no basafa ɔha aduanan anan, a ɛyɛ onipa nsusuwii sɛnea ɔbɔfo de no te.

18Na nea wɔde too ne fasu no ne ahwehwɛbo, na kurow no yɛ sika kronkron, te sɛ ahwehwɛ kronkron.

19Yes 54.11-12 Na wɔde aboɔden abo nyinaa ahyehyɛ kurow no fasu no fapem. Fapem a edi kan yɛ ahwehwɛbo, nea ɛto so abien yɛ hoabo, nea ɛto so abiɛsa yɛ omununkumbo, nea ɛto so anan yɛ ahabammonobo,

20nea ɛto so anum yɛ ɛtɔnbo, nea ɛto so asia yɛ bogyanambo, nea ɛto so ason yɛ sikaberebo, nea ɛto so awotwe yɛ apopobibiribo, nea ɛto so akron yɛ akraatebo, nea ɛto so du yɛ dɛnkyɛmmo, nea ɛto so dubiako yɛ owusiwbo, nea ɛto so dumien yɛ beredumbo.

21Adi 22.2 Na apon dumien no yɛ nhene pa dumien. Apon no mu biara wɔde ahene pa biako na ɛyɛe. Na kurow no abɔnten yɛ sika kronkron a ɛte sɛ ahwehwɛ a emu tew.

22Na manhu asɔredan bi wɔ mu; na Awurade Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfo, ne Oguammaa no ne n’asɔredan.

23Adi 22.5; Yes 24.23; 60.19-20 Na enhia sɛ owia anaa ɔsram bɛpae wɔ kurow no mu, efisɛ Onyankopɔn anuonyam hyerɛn wɔ mu, na ne kanea ne Oguammaa no.

24Yes 60.3; 60.5 Na amanaman no bɛnantew ne hann no mu; na asase so ahemfo de wɔn anuonyam bɛba mu.

25Yes 60.11; Adi 22.5; Sak 14.7 Na wɔrentoto n’apon mu awia, na anadwo nni hɔ bio.

26Na wɔde amanaman no anuonyam ne nidi bɛba mu.

27Adi 20.15; Flp 4.3 Na ade hunu biara ne nea ɔyɛ akyide na odi atoro renhyɛn mu koraa, gye wɔn a wɔakyerɛw wɔn din ahyɛ Oguammaa no nkwa nhoma no mu no nko.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help