Nnwom 45 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Ɔhene ne ayeforoWɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto no “Sukooko” nne so. Kora mma nnwenho, adɔde dwom

1 Nnw 69.1 Asɛmpa ayɛ me koma ma abu so.

Mɛka ade a mayɛ mama ɔhene no!

Me tɛkrɛma yɛ ɔkyerɛwfo a

ne nsa yɛ hare kyerɛwdua.

2 Nmd 5.10-16 Wo ho yɛ fɛ sen nnipa mma,

wɔde dom ahyɛ w’anom ma.

Enti na Onyankopɔn ahyira wo daa.

3Otumfo, fa w’afoa bɔ w’asen,

fa w’anuonyam ne w’ahensɛm bɔ wo ho so.

4 Nnw 72.4 Na fa w’ahensɛm no tew mu kɔ w’anim

ma nokware ne trenee a wɔabrɛ no ase,

na wo nifa nkyerɛkyerɛ w’ade a ɛyɛ hu.

5W’agyan ano yɛ nnam,

aman bɛhwehwe ase w’anim,

ɛwɔ ɔhene atamfo komam.

6 2 Sa 7.13; Heb 1.8-9 Onyankopɔn, w’ahengua wɔ hɔ daa daa,

w’ahenni poma yɛ trenee poma.

7Wodɔ trenee, na wotan abɔnefosɛm,

enti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn,

de anigye ngo asra wo sen wo mfɛfo.

8 Amos 3.15 Kurobow ne pɛprɛ ne bɛwewonua yi hua wo ntade nyinaa mu,

sanku a wɔbɔ asommɛn aban mu ma w’ani gye.

9Ahene mmabea wɔ wo mmea anuonyamfo mu,

wo dɔyere abegyina wo nifa, Ofir sika mu.

10 Gye 2.24 Ɔbabea, tie, na hwɛ, na yɛ aso,

na ma wo werɛ mfi wo man ne w’agya fi.

11Na ɔhene ani asɔ w’ahoɔfɛ,

na ɔne wo wura, na sɔre no.

12Na Tiro babea de ayɛyɛde ba,

na ɔman mu adefo bɛdɛfɛdɛfɛ wo.

13Ɔhene babea wɔ anuonyam kɛse mu, ɔdan mu,

wɔde sikatam abu n’adurade.

14Ɔhyɛ mmobom atade, na wɔde no brɛ ɔhene,

wɔde mmabun a wɔyɛ ne mfɛfo di n’akyi brɛ wo.

15Wɔde anigye ne ahosan na ɛde wɔn reba,

wɔkɔhyɛn ɔhene aban mu.

16Wo mma besi w’agyanom anan mu,

wode wɔn besisi asase nyinaa so ahene.

17Mɛma wɔakae wo din, awo ntoatoaso nyinaa mu,

enti na aman beyi wo ayɛ daa daa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help