1Bere a Modekai tee eyinom nyinaa no, ɔtetew ne ntade mu, furaa atweatam, de nso guu ne ho. Afei ɔyɛɛ dede faa ahenkurow no abɔnten so nyinaa sɛ: Wɔresɛe ɔman bi a wonni fɔ.
2Okoduu ɔhene pon ano pɛɛ na ogyinae, efisɛ wɔmmma obi kwan mmfa atweatam ne nso nnwura ahemfi hɔ.
3Afei nusu, awerɛhow, ne ayiyɛ kɔɔ so, wɔ ɔman no afanan nyinaa, a wɔde ɔhene ahyɛde no akɔ hɔ.
4Bere a ɔhemmea no mmawafo ne ayitotofo, bɔɔ no nea asi no ho amanneɛ no, ɔsoma de ntama pa kɔmaa Modekai sɛ onyi atweatam no ngu hɔ nanso wampene.
5Ester hyiaa oyitotoni Hakratu, a ɔhwɛ ɔno Ester so no, sɛ onkotie asɛm no mu yiye mfi Modekai hɔ. Enti Hakratus kɔɔ Modekai nkyɛn wɔ ahenkurow no abɔnten kwan a ɛne ɔpon no di nhwɛanim no.
7Enti Modekai kaa nea asi nyinaa, ne sɛnea Haman ahyɛ bɔ sɛ Yudafo no sɛe nti, obetua sika talente ɔpedu agu adehye fotow mu.
8Afei ɔde nhoma a wɔde akɔfa ɔman no afanan nyinaa sɛ wɔnsɛe Yudafo no sɛso kyerɛɛ Ester. Na ɔka kyerɛɛ ɔsomafo no sɛ: Kɔka kyerɛ Ester sɛ, ɔnkɔ ɔhene hɔ, na ɔnkɔkasa mma ne nkurɔfo. Modekai kae sɛ: Kae nna a na wote sɛ yɛn, a na mehwɛ wo no, na Haman a ɔyɛ ɔhene abediakyiri yi ka yɛn ho asɛmmɔne, pɛ sɛ yewu. Bɔ mpae, na wone ɔhene nkasa mma yɛn. Na gye yɛn fi owu mu.
9Hakratus kɔkaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ Ester.
10Na ɔka kyerɛɛ no sɛ, kɔka kyerɛ Modekai sɛ:
11Aman a wɔwɔ ahemman no mu nyinaa nim sɛ, sɛ wɔmfrɛɛ obi nkɔɔ ahemfi hɔ, sɛ ɔyɛ ɔbea anaa ɔbarima, na ɔkɔ hɔ a na n'awiei ara nen. Gye wo a ɔhene teɛ ne sika poma wɔ wo so no nkutoo, na wonni haw. Na afei nna aduasa ni a wɔfrɛɛ me kɔɔ ɔhene hɔ.
12Bere a Hakratus de mmuae nyinaa kɔmaa Modekai no,
13Modekai ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔka kyerɛ Ester sɛ, onnsusuw sɛ: Yudafo nyinaa mu no ɔno de wɔnnyɛ no hwee.
14Na bere a ɛte sɛɛ mu no, sɛ woanyɛ hwee a, Yudafo no benya mmoa ne banbɔ afi baabi foforo. Nanso wone w'agya abusuafo bewuwu. Nanso hena na onim sɛ bere a ɛte sɛɛ mu nti, na wosii wo ɔhemmea?
15Afei Modekai de mmuae yi maa ɔsomafo no sɛ, ɔmfa nkɔma Modekai sɛ:
16Boaboa Yudafo a wɔwɔ Susa no nyinaa ano, na monyɛ akɔnkyen mma me, nnansa awia ne anadwo. Munnnidi na monnnom nso. Na me ne me mmaawafo no nso bɛyɛ saa ara. Na ɛno akyi no, mebu mmara so akɔ ɔhene hɔ. Sɛ miwu a ɛnyɛ hwee.
17Enti Modekai kɔe, kɔyɛɛ nea Ester ka kyerɛɛ no no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
