Yoel NHYƐNMU - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

NHYƐNMUOdiyifo Yoel ho nsɛm a wonim sua koraa na mpo wontumi nhu bere pɔtee a ɔde tenaa asase so, nanso ebetumi aba sɛ ne nhoma yi puee gua wɔ mfe ahanan anaa ahanum no mu ansa na wɔwoo Kristo. Saa bere no na Persiafo na ekura wiase tumi. Yoel de mmoadabi ne osukɔm dennen a ɛsɛe ade too gua wɔ Palestina asase so. Saa nneyɛe mu no, Odiyifo no hui sɛ: AWURADE da no abɛn a Onyankopɔn rebɛtwe asowuifo a, wosiw ne pɛ kronkron no ho kwan, no aso.Odiyifo no de Onyankopɔn nkra brɛ ne nkurɔfo sɛ wɔnsakra wɔn adwene na bɔhyɛ nsɛm a nhyira wom bɛba wɔn so. Ade titiriw a ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nso ne bɔhyɛ a Onyankopɔn hyɛe a ese: Ɔde ne honhom bɛba nnipa nyinaa so, mmea ne mmarima, mmaabun ne mpanyin nyinaa.EMU NSƐMMmoadabi no adesɛe 1.1—2.17

Bɔhyɛ nsɛm a ɛde nsiesiei ba 2.18-27

Onyankopɔn da no 2.28—3.21

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help