2 Makabe 14 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Alkimu kasa tia Yuda(1 Makabe 7.1-21)

1Mfe abiɛsa akyi no, Yuda ne n'asraafo no tee sɛ Seleuku ba Demetriu afa po so de dɔm a wɔyɛ den kɔ ahyɛn gyinabea wɔ Tripoli.

2na wakogye ɔman no, na ɔde Antioku ne ne wɛmfo Lisia kɔ.

3Afei Alkimu bi a anka ɔyɛ ɔsɔfopanyin, na oguu ne ho fi wɔ ntew ho bere no mu no, hui sɛ ɛyɛ den ma no sɛ obenya kwan bio akɔ afɔremuka kronkron no ho no.

4Enti ɔkɔɔ Demetriu hɔ wɔ mfe ɔha aduonum biako no mu, kɔkyɛɛ no sika ahenkyɛw na mmerɛnkɛnsono. Eyinom akyi no, okoyiyii amanne ngo dubaa fii asɔrefi hɔ. Saa da no ɔyɛɛ komm.

5Nanso onyaa kwan a ɔnam so bɛyɛ n’abɔdamsɛm no. Ɛyɛ bere a Demetriu too nsa frɛɛ no sɛ ɔnkɔ agyinatufo nhyiam no. Wobisaa n'adwene wɔ Yudafo no ho, obuae sɛ:

6Yudafo a wɔfrɛ wɔn Hasidafo, a wɔn dikanfo ne Yuda Makabe no, nnyae ɔko ɛ, na ɔpere sɛ ɔne afoforo ɔbɛtew atua, na ɔremma ahemman no nnya asomdwoe da.

7Ne saa nti mede yɛn nananom anuonyam no ato nkyɛn, mekyerɛ asɔfopanyin dwumadi no, na afei maba ha.

8Nea edi kan no, ɔhene ho asɛm hia me. Nea ɛto abien, midi me nkurɔfo ni. Na ɛnam wɔn a mabobɔ wɔn din yi nkwaseade nti, na yɛn man no nyinaa wɔ ɔhaw mu yi.

9O ɔhene, esiane sɛ w'ankasa nim nsɛm yi mu pefee nti, fa ɔman yi, ne wo nkorɔfo a wɔadi amia yi ho adwene, sɛnea wode w’adom ne w'ayamye kyerɛ nnipa nyinaa no.

10Na bere dodow a Yuda te ase yi de, ɛyɛ den sɛ ɔman no benya asomdwoe.

Demetri soma Nikanor sɛ onkokum Yuda

11Bere a ɔkekaa eyi wiei no, ɔhene adɔfo a wokyi Yuda no, yɛɛ ntɛm hyɛɛ Demetri abufuw ntraso.

12Na ntɛm ara na oyii Nikanor a anka ɔhwɛ asono so asraafo no so, de no yɛɛ Yudea amrado.

13Na ɔhyɛɛ no sɛ onkokum Yuda na ɔmmɔ no dɔm no mpete, na ɔnhyɛ Alkimu sɛ ɔsɔfopanyin wɔ asɔrefi kɛse no mu.

14Na amanaman mufo a anka wɔwɔ Yudea, na Yuda nti wɔaguan afi hɔ no, bɔɔ dɔmpem bɛkaa Nikanor ho. Wɔdwenee sɛ Yudafo haw ne amane no bɛyɛ siade ama wɔn.

15 1 Mak 7.27, 28 Bere a Yudafo no tee sɛ Nikanor ne amanaman mufo ahyiam reba no, wɔde mfutuma guu wɔn tirim, na wɔbɔɔ mpae maa nea ɔno ara abɔ ne man sɛ wɔntena ase daa, na ɔda ne ho adi kyerɛ ne nkurɔfo dabatee no.

16Wɔn dikanfo no kasae pɛ na wosiim, ne wɔn atamfo no de kɔbɔɔ anim wɔ akura bi a wɔfrɛ hɔ Desau mu.

17Na Yuda nua, Simon ne Nikanor de kɔbɔɔ anim wɔ akono, ma wɔpem kɔɔ wɔn akyi kakra. Esiane atamfo no anwonwade bi a wɔyɛe nti.

18Nanso bere a Nikanor tee Yuda asraafo akokoduru a wɔde ko ma wɔn man no, wogyae sɛ wɔne wɔn bɛko ahwie mogya agu.

19Ne saa nti ɔsomaa Posidoni ne Theodotu, ne Matatia sɛ wommesua na Yudafo no nso nsua nkyerɛ wɔn sɛ, sɛ wɔne wɔn ho wɔn ho bɛyɛ nnamfo.

20Bere a wɔhwɛɛ bɔhyɛ no mu nsɛm wiei koraa no, na odikanfo biara abɔ ne nkurɔfo amanneɛ, na wohwɛ a wɔn nyinaa nyaa adwenkoro no, wɔpenee apam no so.

21Na adikanfo no tuu da sii hɔ a, wobehyia. Nteaseɛnam fi asraafo kuw biara mu bae, na wɔde mpanyin agua sisii mu.

22Yuda de akofo a wɔakɔ amia mu gyinagyinaa mmeae titiriw bi, na sɛ mpofirim ara atamfo no adwene dan a, wɔasiw wɔn ano. Enti wɔyɛɛ nhyiam no.

23Nikanor kyɛe wɔ Yerusalem, nanso wanyɛ biribiara a ɛmfata, mmom nnipa a wɔahyia hɔ no, ɔma wɔkɔe.

24Na ɔmaa Yuda tenaa ne nkyɛn bere nyinaa, na ɔde no ho bɔɔ no ho.

25Nikanor tuu no fo sɛ ɔnware na ɔnwo mma; nti Yuda waree, na ɔtenaa ase bɔɔ bra a ɛfata.

Nikanor ko tia Yuda

26Nanso bere a Alkimus huu sɛ wɔn nnamfofa mu ayɛ den yiye no, ɔfaa apam nhoma a wɔayɛ no de kɔmaa Demetri. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ, Nikanor nyɛ ɔnokwafo wɔ aban no mu, efisɛ wayi Yuda ɔmammɔeni no sɛ onsi n’anan mu.

27Ɔhene no koma bɔɔ no paa, na ne bo fuwii, ɛnam atoro sobo a onipa a ne bra ayɛ no fo yi, de ato no so no, nti ɔkyerɛwee nhoma kɔmaa Nikanor sɛ, apam a wɔyɛe no, n'ani nnye ho koraa, nti ntɛm ara ɔmfa Makabe nkɔ Antiokia sɛ odeduani.

28Bere a Nikanor nsa kaa saa nhoma yi no, ɛhaw no, na odii yaw, sɛ aba sɛ nhyehyɛe no wotwam, wɔ bere a onipa no nyɛɛ bɔne biara.

29Esiane sɛ wotew ɔhene anim atua a ɛnyɛ yie nti, ɔtwɛn bere pa bi a kwan bɛba mu na wafa nyansa kwan so ayɛ eyi.

30Nanso Makabe huu sɛ Nikanor ayɛ dennennen wɔ ne nneyɛe mu no, na ɔne no hyiam abufuw so, nso na anka ɔnte saa no, ɛma ohui sɛ ɛnyɛ adwene pa bi na okurae. Nti ɔkaa n'asraafo boaa ano, na ɔbɔɔ ne ho aguaa fii, Nikanor ho.

31 1 Mak 7.29, 30 Bere a Nikanor huu sɛ Makabe nam nyansa kwan so abu no kwasea no, ɔkɔɔ asɔrefi kɛse kronkron no mu, bere a asɔfo no rebɔ afɔre no, na sɛnea wɔyɛ no daa no, ɔkɔmaa wɔn mmara sɛ wonyi onipa no mma no.

32Na wɔkaa ntam dii nsew sɛ wonnim beae a onipa a ɔrehwehwɛ no no wɔ no,

33ɔteɛɛ ne nsa nifa wɔ kronkronbea no so, kaa saa ntam yi: Sɛ moammfa Yuda anhyɛ me nsa sɛ odeduani a, medwiriw Onyankopɔn fi yi agu fam dɛfɛɛ na mebubu afɔremuka no na masi abosonnan fɛfɛ ama Dionisu.

34Ɔkaa saa no, ofii hɔ kɔe. Na asɔfo no maa wɔn nsa so kyerɛɛ ɔsoro na wɔfrɛɛ ɔman no Banbɔfo a, ogye wɔn daa no sɛ:

35Ao! Awurade a woyɛ amansan de, ɛwom wonhia hwee de, nanso ɛsɔ w'ani sɛ w'asɔrefi bɛtena yɛn mu;

36Nti afei Ao! Ɔkronkroni, Awurade a wo ho tew, ma wo fi yi a ɛnkyɛe biara wɔtew ho yi, ho ntew daa.

Rasi wu ma ne man

37Yerusalem panyin bi a wɔfrɛ no Rasi. Ɔno na wɔbɔɔ ne din kyerɛɛ Nikanor sɛ ɔyɛ onipa a ɔdɔ ne nkurɔfo. Wɔka ne ho asɛmpa. Na n’ayamye nti, Yudafo no frɛ no agya.

38Mmere bi a atwam no, a wɔne Amanaman mufo nnii afra no, wɔbɔɔ no sobo sɛ: Yudasom wɔ ne mu dodo. Na ɔde ne honam ne ne kra nyinaa ama ɔsom no.

39Nikanor pɛɛ sɛ ɔkyerɛ kyi a okyi Yudafo nti, ɔsomaa n'asraafo bɛboro ahanum sɛ wɔnkɔkyere no.

40N'adwene ne sɛ: Sɛ ɔkyere no a, na wapira Yudafo no.

41Ate kakra na wɔagye abantenten no, na wɔde ahoɔden rebue ɔpon a ɛkɔ asɛnniibea hɔ no, wɔhyɛɛ sɛ wɔmfa ogya mmra na wɔnhyɛw apon no nyinaa. Wotwaa ho hyiae no, Rasi ankasa twee ne nkrante de kum ne ho.

42ɔpɛe sɛ obewu adehye wu, sen sɛ ɔbɔkɔ akodi adebɔneyɛfo nsam, na wɔayɛ no ayakayakade a ɛmfata ɔdehye.

43Nanso ɔko no mu aperepere no nti, dade no ankɔwɔw beae a obewu prɛko, enti bere a nnipa dodow no repia wɔn ho ahyɛn ɔpon no mu no, Rasi de akokoduru tuu mmirika kɔforoo ɔfasu no, na emu ara no, ɔtow no ho, hyɛɛ akɔmfo wɔ nnipa dodow no mu.

44Na wɔreyɛ ntɛm apini nkyirikyiri no, ɔkwan bɛdaa hɔ, na ɔkɔhwee petee mu.

45Na nkwa da so wɔ ne mu no, ɔde abufuw sɔree. Ɛwom sɛ na mogya retu no de, na n'apira kuru yɛ kɛse de, nanso otuu mmirika faa nnipa no mu, kogyinaa ɔbotan kuronkuron bi so.

46Ne mogya asa wɔ ne mu no, otuu ne nsono fii ne mu bae, de kuraa ne nsa abien mu de kyerɛɛ nkurɔfokuw no. Afei ɔbɔɔ mpae frɛɛ Awurade a nkwa ne honhom yɛ ne dea no sɛ: Ɔsan mfa ne nkwa mma no bio. Saa kwan yi so na ɔnam de hyiaa ne wu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help