Yeremia 2 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Onyankopɔn bɔ Israel ho ban

1Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2Kɔ na kɔpae mu gu Yerusalem asom sɛ: Sɛ AWURADE se ni:

Mekae wo mmabaabere mu adɔe,

w’ayeforobere mu dɔ no,

m’akyi a wudii wɔ sare so,

wɔ asase a wonnua so ade no so,

3Israel yɛ kronkron ma AWURADE,

ɛyɛ ne nnɔbae mu aduankan;

wɔn a wodii nyinaa dii fɔ;

adebɔne baa wɔn so,

AWURADE asɛm ni.

4Muntie AWURADE asɛm, Yakob fi ne Israel fi mmusua nyinaa.

5Mika 6.3-5 Sɛ AWURADE se ni:

Bɔne bɛn na mo agyanom hui wɔ me ho

a enti wofii me ho kɔɔ akyirikyiri

na wokodii ahuhude akyi na wɔadannan hunu yi?

6Na wɔanka sɛ: AWURADE wɔ he?

Nea oyii yɛn fii Misraim asase so no,

na ɔma yɛfaa sare so,

na ɔma yɛfaa anwea ne abon asase so,

keseeyɛ ne sum kabii asase so,

asase a obi mfa so

na onipa bi nte hɔ so no!

7Na mede mo mebaa asasebere so,

sɛ munni ɛso aba ne ɛso nnepa;

nanso mobae no, na mubeguu m’asase ho fi,

na mode m’agyapade yɛɛ akyide.

8Asɔfo no anka sɛ: Ɛhe na AWURADE wɔ?

Na mmarakyerɛfo no anhu me,

na ahwɛfo no afom me,

na adiyifo no nam Baal so hyɛɛ nkɔm,

na wodii nneɛma a ɛho nni mfaso akyi.

9Enti me ne mo da so ham,

AWURADE asɛm ni,

na me ne mo mma mma bɛham.

10Na muntwam nkɔ Kitifo mpoano nkɔhwɛ,

anaa monsoma nkɔ Kedar nkopeepee mu yiye,

na monhwɛ sɛ ade a ɛte sɛ eyi aba pɛn anaa?

11 Rom 1.23 So ɔman bi asakra wɔn anyame?

Nso wɔn mpo de, wɔnyɛ anyame.

Na me man de n’anuonyam

asesa nea ɛho nni mfaso.

12Momma eyi nyɛ mo nwonwa, ɔsoro,

ahodwiriw ne nketenkete nkita mo,

AWURADE asɛm ni.

13 Yer 17.13; Nnw 36.9 Na bɔne abien na me man ayɛ,

wɔagyaw me

a meyɛ nkwa nsuti no

sɛ wɔkɔbɔre mmura a apaepae

a entumi nnyina nsu.

14So Israel yɛ akoa? Israel yɛ ofienipa?

Ɛdɛn nti na wadan afow ade yi?

15Gyataforo bobom na wɔpo so wɔ no so;

na wɔayɛ n’asase amamfo,

wɔahyehyew ne nkurow, na obi nte mu.

16 Yer 44.1 Memfis ne Tahpanhes mma

nso asɛe w’ahenkyɛw.

17 Hos 13.9 So ɛnyɛ ɛno na ɛyɛɛ wo saa,

sɛ wugyaw AWURADE wo Nyankopɔn,

bere a ɔde wo nam ɔkwan no so?

18Na afei dɛn na wubenya Misraim kɔ mu a

enti worekɔ akɔnom Nil mu nsu yi?

Anaa dɛn na wubenya afi Asaria kɔ mu a

enti worekɔ akɔnom Eufrate mu nsu yi?

19Wo bɔne bɛtwe w’aso,

na wo nsanakyiri atwiw w’anim,

na hu na hwɛ ogyaw a wugyaw

AWURADE wo Nyankopɔn,

ne me ho hu a wunni no mu bɔne ne awerɛhow,

AWURADE, asafo AWURADE asɛm ni.

Abosonsom ne ahohwibɔ

20 Yer 3.6; Yes 57.5; Hes 6.13 Na wufi teteete

na wububuu wo kɔndua tetew wo nkyehama mu,

na wokae sɛ: Merensom.

Efisɛ nkoko a ɛkorɔn nyinaa so

ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase

na woda bɔ aguaman.

21 Yes 5.1-4 Na me de, matɛw wo bobe pa

ma wufi nea eye nko ara mu,

na ɛyɛɛ dɛn na woadan me

amannɔne bobe nhama yi?

22Ɛwom sɛ wode gyakisi guare,

na wofa samina ma ɛdɔɔso de,

w’amumɔyɛ yɛ m’anim nkekae ara,

AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.

23Ɛyɛɛ dɛn na woka sɛ:

Me ho nguu fi ɛ,

Baalim akyi nso minnii ɛ?

Hwɛ wo kwan obon no mu, hu nea woayɛ.

Yomabere a wagyigya a ɔkɔntɔnkɔntɔn ne kwan,

24ha mu afurum a sare so akokwaw no a

ne kra akɔnnɔ mu osɔw mframa no,

hena na obesianka ne yem?

Wɔn a wɔhwehwɛ no nyinaa remmrɛ,

ne sram mu na wohu no.

25Hwɛ wo nan yiye,

na ɛho anna hɔ, ne wo menewa nso,

na osukɔm anne wo. Na wo de, wokae sɛ:

Ɔkwa! Dabi! Na mepɛ ananafo,

na wɔn akyi na medi.

26Sɛ wɔkyere owifo a, n’ani wu no,

saa na Israel fi ani awu,

wɔn, wɔn ahene, wɔn asafohene

ne wɔn asɔfo ne wɔn adiyifo

27a wɔka kyerɛ dua sɛ: M’agya ne wo!

Ne ɔbo nso sɛ: Wo na wowoo me! No;

efisɛ wɔadannan wɔn akyi akyerɛ me,

na ɛnyɛ wɔn anim;

na wɔn amanehunu bere mu de,

wɔka sɛ: Sɔre na gye yɛn.

28 Ate 10.14; Yer 11.13 Na ɛhe na w’anyame

a woyɛ fae no wɔ?

Ma wɔnsɔre, sɛ wobegye wo

w’amanehunu bere mu anaa?

Na sɛ wo nkurow dodow te no,

saa ara na w’anyame nso dodow te, o Yuda!

29Ɛdɛn nti na mo ne me ham ara?

Mo nyinaa moafomfom me,

AWURADE asɛm ni.

30 Yes 1.5 Teta ara kwa na mebobɔɔ mo mma ade;

wɔannye nteɛso.

Mo afoa akunkum mo adiyifo

sɛ gyata a ɔsɛe ade.

31Mo nnɛ mma, monhwɛ AWURADE asɛm.

So madan Israel sare so

anaa asase a aduru sum kabii?

Ɛdɛn nti na me man ka sɛ: Yɛato yɛn ho sraha,

yɛremma wo nkyɛn bio?

32So ababaa werɛ befi n’ahyehyɛde,

ayeforo werɛ befi n’abɔso?

Nanso me man de, wɔn werɛ afi me,

nna a wontumi nkan.

33Hwɛ sɛnea wusiesie wo kwan de pɛ adɔfo!

Ɛno nti nso mmea bɔne mpo woakyerɛ wɔn w’akwan.

34Nso w’atade mmuano na wohu ahiafo

a wodi bem no mogya;

nso woanhu sɛ wobubu adan kɔ mu.

Nanso eyinom nyinaa akyi no,

35 Yes 43.26 woka sɛ: Midi bem.

Ampa, n’abufuw adan afi me so.

Hwɛ, me ne wo bedi, nea woka sɛ:

Menyɛɛ bɔne ɛ, no nti.

36Hwɛ sɛnea wonennam kwa dannan wo kwan!

Misraim ho nso w’ani bewu,

sɛnea w’ani wui Asaria ho no.

37Ɛhɔ nso na wubefi aba

a wode wo nsa agu wo ti,

efisɛ AWURADE apa wɔn a wode wo ho to wɔn so no,

na worenni yiye wɔn nkyɛn.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help