1Onipa a ɔbea awo no,
ne nna yɛ tiaa bi,
na ɔhaw mee no;
2 Nnw 90.5 opue sɛ nhwiren, na wotwa;
oguan sɛ sunsuma, na onnyina.
3Na so oyi so na woabue w’ani,
na wode me rekɔ atemmu mu w’anim?
4 Nnw 14.3 Hena na obenya ɔhotefo,
wɔn a wɔn ho akum no mu?
Obiara nni hɔ.
5 Nnw 31.15; 39.4 Sɛ wɔahyɛ ne nna ato hɔ,
na n’asram dodow wɔ wo tirim,
na woatwa ɔhye a ɔrentwa ho ama no a,
6 Hiob 7.1-2 ɛnne yi w’ani fi no so
na ɔnhome nkosi sɛ obewie ne da sɛ ɔpaani.
7Na dua po, anidaso wɔ hɔ ma no,
sɛ wotwa a, ɛbɛfefɛw bio,
na ne nnubaa remmɔ no:
8Sɛ ne ntini kyenkyen ɛfam,
na ne nsim wu dɔte mu a,
9nsu hua nti ɛfefɛw,
na eyiyi abaa sɛ dua a wɔatɛw;
10na onipa de, owu,
na ɔbea hɔ, na onipa gyaa mu, na ɔwɔ he?
11Nsu fi po mu dɔ mpumpunase,
na asu nso mem na ɛyow:
12 Hiob 7.10; 19.25 Saa ara na onipa kɔda hɔ, na ɔnsɔre.
Ɔsoro nnya ntwaam yi, wɔrennyan,
na wɔrenwosow wɔn mfi wɔn nna mu.
13 Yes 26.20; Nnw 27.5; 31.20 Oo, sɛ wode me sie asaman ɛ,
sɛ wode me hintaw kosi sɛ w’abufuw bɛsan akɔ ɛ,
sɛ wohyɛ me da na wokae me ɛ!
14 Hiob 7.1 So onipa wu a, ɔbɛtena ase bio anaa?
Anka m’akodi nna nyinaa mɛtwɛn akosi sɛ me sakra bɛba.
15Anka wobɛfrɛ, na me nso magye wo so,
anka w’ani begyina wo nsa ano adwuma no.
16Nanso afei de, wokan m’anammɔn,
na wunyi w’ani mfi me bɔne so.
17 Hos 13.12 Wɔasɔ me mmarato ano de ahyɛ kotoku mu,
na woakyekye me bɔne ano.
18Ampa ara bepɔw po hwe ase yera,
na ɔbotan nso twiw fi n’afa;
19 Rom 5.5 abo nso, nsu fi mu,
ne yiri pra fam dɔte kɔ,
na ɔdesani anidaso, woma ɛyera.
20Wutintim no so ma otwam kɔ,
wosakra n’anim na wusum no kɔ;
21ne mma nya anuonyam mpo a, onnim,
na sɛ wɔbrɛ wɔn ase nso a, onhu mma wɔn.
22N’ankasa ne honam yaw nka na ɔte,
na ne kra di n’ankasa ne ho abooboo.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
