2 Ahene 17 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Hosea yɛ Israel hene a odi akyiri

1 2 Ah 15.30 Yuda hene Ahas afe a ɛto so dumien mu na Ela ba Hosea bedii Israel so hene Samaria mfe akron.

2Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, nanso ɛnte sɛ Israel ahene a wodii n’anim no.

32 Ah 18.9-12 Ɔno so na Asaria hene Salmaneser bae, na Hosea yɛɛ no akoa, na ɔmaa no ayɛyɛde.

4Hos 12.9 Na Asaria hene hui sɛ Hosea apam ne tiri so na wasoma abɔfo akɔ Misraim hene So nkyɛn, efisɛ wamfa ayɛyɛde ankɔma Asaria hene sɛ ɔyɛ daa afe no; ɛnna Asaria hene bɛkyeree no kɔtoo nneduadan mu.

5Na Asaria hene tu baa asase no nyinaa so, na ɔbaa Samaria bɛkaa no hyɛɛ mu mfe abiɛsa.

6Hosea afe a ɛto so akron mu na Asaria hene faa Samaria, na otuu Israel kɔɔ Asiria, na ɔde wɔn koduaa Hala ne Habor, Gosan asubɔnten ho, ne Media nkurow mu.

Asaria tukɔ

7Na ɛbaa saa, efisɛ Israelfo ayɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn a oyii wɔn fii Misraim asase so Misraim hene Farao nsam bae no bɔne, na wɔakɔsom anyame foforo,

82 Ah 16.3 na wɔanantew amanaman a AWURADE tuu wɔn fii Israelfo anim no ahyɛde ne Israel ahene de a wɔhyehyɛe no mu.

9Na Israelfo no nam ase dii nsɛm a ɛmfata ne AWURADE wɔn Nyankopɔn dii asi, na wosisii sorɔnsorɔmmea, wɔn nkurow nyinaa mu, efi awɛmfo abantenten so kosi kurow a afasu atwa ho ahyia so,

102 Ah 16.4; 1 Ah 14.23 na wosisii adum ne Asera nnua, nkoko a ɛkorɔn nyinaa so ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase maa wɔn;

112 Ah 17.8 na ɛhɔ na wɔhyew nnuhuam, sorɔnsorɔmmea nyinaa, sɛ amanaman a AWURADE tutuu wɔn fii wɔn anim no, na wodii nsɛmmɔne de huruu AWURADE bo.

12Eks 20.2-3; 23.13 Na wɔsonsom ahonihunu a AWURADE aka wɔn ɛho asɛm sɛ: Munnni saa asɛm yi, no.

13Na AWURADE nam n’adiyifo nyinaa ne adehufo nyinaa so dii Israel ne Yuda adanse sɛ: Monsan mfi mo akwammɔne no so, na munni me mmara nsɛm ne m’ahyɛde so, sɛ mmara a mehyɛɛ mo agyanom a menam me nkoa adiyifo no so mema wɔde brɛɛ mo no nyinaa.

14Nanso wɔantie, na wosinsen wɔn kɔn sɛ wɔn agyanom a wɔannye AWURADE wɔn Nyankopɔn anni no.

15Eks 23.24 Na wɔpoo n’ahyɛde ne n’apam a ɔne wɔn agyanom pamee ne n’adanse a odii wɔn no, na wokodii ahuhude akyi dii ahuhusɛm, na wokodii amanaman a wɔatwa wɔn ho ahyia a AWURADE hyɛɛ wɔn sɛ wɔnnyɛ sɛ wɔn no akyi.

161 Ah 12.28; 16.33 Na wogyaw AWURADE wɔn Nyankopɔn mmara nsɛm nyinaa, na wɔyɛɛ ahoni a wɔagu, nantwi mma abien, na wɔyɛɛ Asera nnua, na wɔsɔree ɔsoro asafo nyinaa, na wɔsom Baal.

172 Ah 16.3 Na wɔmomaa wɔn mmammarima ne wɔn mmabea fofaa ogya mu, na wɔhyehyɛɛ nkɔm bisabisaa ade, na wɔde wɔn ho mae sɛ wɔbɛyɛ AWURADE ani so bɔne de ahuru ne bo.

18Enti AWURADE faa Israel abufuw sɛ, na oyii wɔn fii n’anim, wannyaw obi sɛ Yuda abusuakuw nko.

19Yuda nso anni AWURADE wɔn Nyankopɔn mmara nsɛm so, na wɔnantew Israel ahyɛde a wɔyɛe no mu.

20Enti na AWURADE poo Israel asefo nyinaa, na ɔbrɛɛ wɔn ase, na ɔde wɔn hyɛɛ afowfo nsa kosii sɛ ɔtow wɔn fii n’anim gui.

21 1 Ah 12.20 Na Israel tew fii Dawid fi ho, na wɔde Nebat ba Yeroboam sii hene, na Yeroboam twee Israel fii AWURADE akyidi ho ma wɔyɛɛ bɔne kɛse.

22Na Israelfo kɔnantew Yeroboam bɔne a ɔyɛe no nyinaa mu; wɔamfi ho,

23Deut 28.63-64 de kosii sɛ AWURADE yii Israel fii n’anim, sɛnea ɔnam ne nkoa adiyifo no nyinaa so kae no. Ɛno na wotuu Israel fii n’asase so kɔɔ Asaria de besi nnɛ.

Samaria asefi

24Na Asaria hene kɔfaa nnipa fii Babel ne Kuta ne Awa ne Hamat ne Sefarwaim de wɔn beduaa Samaria nkurow mu sii Israelfo no ananmu, na wodii Samaria so na wɔtenaa ne nkurow mu.

25Na wɔn hɔ tena mfiase mu no na wonsuro AWURADE; na AWURADE somaa agyata baa wɔn mu a wokunkum wɔn mu binom.

26Na wɔkɔka kyerɛɛ Asaria hene sɛ: Amanaman a woatutu wɔn de wɔn abedua Samaria nkurow mu yi, wonnim asase no so Nyankopɔn no atemmude, enti wasoma agyata aba wɔn mu, na hwɛ, wɔrekunkum wɔn, esiane sɛ wonnim asase no so Nyankopɔn no atemmude.

27Ɛnna Asaria hene no hyɛe sɛ: Momma asɔfo a moatu wɔn hɔ no mu biako nkɔ hɔ, na wɔnkɔ nkɔtena hɔ, na ɔnkyerɛkyerɛ wɔn asase no so Nyankopɔn no atemmude.

28Na asɔfo a wotuu wɔn fii Samaria no mu biako ba bɛtenaa Betel, na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛnea wonsuro AWURADE.

29Nanso amanaman no yeyɛɛ wɔn anyame, na wɔde wɔn sisii sorɔnsorɔmmea adan a Samariafo yeyɛe no mu, ɔman biara, wɔn nkurow a wɔte mu no mu.

30Na Babelfo no yɛɛ Sukot-benot, na Kutfo no yɛɛ Nergal, na Hamatfo no yɛɛ Asima,

312 Ah 17.17 na Awifo no yɛɛ Nibhas ne Tartak, na Sefarwifo de ogya hyehyew wɔn mma maa Adramelek ne Anamelek, Sefarwaim anyame no.

32Na wosuroo AWURADE nso, na wɔde wɔn ara mu nnipa horow sisii sorɔnsorɔmmea asɔfo, na wɔbobɔɔ afɔre maa wɔn, sorɔnsorɔmmea afi no mu.

33Wosuroo AWURADE na wɔsonsom wɔn ankasa anyame, sɛ amanaman a wotuu wɔn fii hɔ bae no amanne te.

34Ɛde besi nnɛ, wɔyɛ wɔn kan nneyɛe no ara.

Wonsuro AWURADE, na nso wonni ahyɛde ne atemmude ne mmara ne ɛmom a AWURADE hyɛɛ Yakob a ɔtoo no din Israel no mma no so.

35Eks 23.24 Wɔn na AWURADE ne wɔn pamee, na ɔhyɛɛ wɔn sɛ: Munnsuro anyame foforo na monnsɔre wɔn na monnsom wɔn, na mommmɔ wɔn afɔre,

36na mmom AWURADE a ɔde ahoɔden kɛse ne basa a wateɛ mu koyii mo fii Misraim asase so bae no, ɔno na munsuro no, na ɔno na monsɔre no, na ɔno na mommɔ no afɔre.

37Na ahyɛde ne atemmude ne mmara ne ɛmom a ɔkyerɛw maa mo no, munni so nyɛ nna nyinaa, na munnsuro anyame foforo.

38Deut 6.12-19 Na apam a me ne mo pamee no, mommma mo werɛ mmfi, na munnsuro anyame foforo,

39na mmom AWURADE mo Nyankopɔn na munsuro no, na ɔno na obeyi mo afi mo atamfo nyinaa nsam.

40Nanso wɔantie, na mmom sɛ wɔn kan atemmude te no ara na wɔyɛe.

41Sɛɛ na amanaman yi suroo AWURADE, na wɔsonsom wɔn ahoni a wɔasinsen no, wɔn mma ne wɔn mma mma nso, sɛnea wɔn agyanom yɛe no, saa ara na wɔn nso wɔyɛ de besi nnɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help