Hesekiel 2 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Odiyifo no frɛ

1Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, sɔre gyina wo nan so, na me ne wo nkasa.

2Na ɔrekasa akyerɛ me no, honhom bi baa me mu, na ɛmaa me so gyinaa m’anan so, na mitiee nea ɔne me kasae no.

3Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, meresoma wo Israelfo nkyɛn, amanaman atuatewfo a wɔatew m’anim atua no nkyɛn; wɔne wɔn agyanom na afom me de besi nnɛ da yi.

4Na mma no yɛ anuɔdenfo a wɔapirim wɔn koma; me na meresoma wo wɔn nkyɛn, na woaka akyerɛ wɔn sɛ: Sɛɛ na AWURADE Nyankopɔn se.

5Hes 3.11, 27 Na sɛ wotie oo, wɔantie oo, efisɛ abusua asowuifo ne wɔn, ɛnyɛ dɛn ara a, wobehu sɛ odiyifo bi aba wɔn mu.

6Na wo, onipa ba, nsuro wɔn, na nsuro wɔn nsɛm nso, na nsasono ne nsɔe wɔ wo ho, na nkekantwɛre ho na wote de, nanso nsuro wɔn nsɛm, na mma wo bo nntu wɔn anim; na wɔyɛ abusua asowuifo.

7Na wotie oo, wɔantie oo, ka me nsɛm kyerɛ wɔn, na wɔyɛ asowuifo.

8Na wo, onipa ba, tie nea mereka makyerɛ wo yi, nyɛ ɔsowuifo sɛ asowuifo fi yi; han w’anom, na di nea mede merema wo.

9Adi 10.8-11 Na mihui, na hwɛ, nsa ateɛ kyerɛ me, na hwɛ, nhoma mmobɔwee wɔ mu.

10Na ɔtrɛw mu, m’anim, na wɔakyerɛw emu ne akyiri, na wɔakyerɛw mu kwadwom ne apinisi ne osu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help