1Eyi na AWURADE Nyankopɔn ma mihui, na hwɛ, ɔrenwene mmoadabi, ɛbere a adom wura fii ase fifii, na hwɛ, ɛyɛ ɔhene wuratwa akyi adom wura.
2Na wobedii asase so ahaban wiei no, mekae sɛ:
O AWURADE Nyankopɔn, fa firi ɛ!
Yakob begyina dɛn, sɛ osua yi?
3AWURADE sakraa n’adwene eyi ho:
Ɛrenyɛ hɔ! AWURADE na ose.
4Eyi na AWURADE Nyankopɔn ma mihui, na hwɛ, AWURADE Nyankopɔn refrɛ ogya abɛtwe aso, na ɛbɛhyew obun haharaa no, na ɛrehyew asase no bi.
5Na mise:
O AWURADE Nyankopɔn, gyae ɛ! Mesrɛ wo
Yakob begyina dɛn
sɛ osua yi?
6AWURADE sakraa n’adwene eyi ho;
eyi nso renyɛ hɔ!
AWURADE Nyankopɔn na ose.
7Sɛɛ na ɔma mihui, na hwɛ, Awurade Nyankopɔn gyina ɔfasu kyerebenn so na kyerebennyɛ hama kura.
8Yes 34.11; Amos 8.2 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Amos, dɛn na wuhu yi? Na mise: Kyerebennyɛ hama. Na Awurade Nyankopɔn se:
Hwɛ, mede kyerebennyɛ hama
misi me man Israel mfinimfini,
merenkɔ so mintwa wɔn ho bio.
9Na Isak sorɔnsorɔmmea no bɛdannan afoafo,
na Israel kronkrommea no ayɛ agowagow,
na mede afoa mɛsɔre mahyɛ Yeroboam fi.
Wɔpam Amos fi Betel10 Yer 38.4 Ɛnna Betel sɔfo Amasia soma kɔɔ Israel hene Yeroboam nkyɛn sɛ: Amos apam wo tiri so, Israel fi mfinimfini, ne nsɛm no nyinaa rensen asase yi so.
11Na sɛ Amos se ni:
Afoa ano na Yeroboam bewu,
na Israel betu afi n’asase so akɔ.
12 1 Sa 9.9 Na Amasia ka kyerɛɛ Amos sɛ: Ɔdehufo, kɔ! Bɔ wo ho aguaa kɔ Yuda asase so, na kodidi hɔ na hyɛ nkɔm wɔ hɔ.
13Na nkɔ so nhyɛ nkɔm Betel bio, efisɛ ɛyɛ ɔhene kronkronbea, na ɛyɛ ahenni fi nso.
14 Amos 1.1 Ɛnna Amos buaa Amasia sɛ: Ɛnyɛ odiyifo ne me na ɛnyɛ odiyifo ba ne me; na meyɛ mmoahwɛfo ne ɔdoma so hwɛfo;
15na AWURADE faa me fii nguan akyidi, na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ na kɔhyɛ nkɔm kyerɛ me man Israel.
16 Amos 7.13; 2.12 Na afei tie AWURADE asɛm:
Wo de, woka sɛ: Nhyɛ nkɔm ntia Israel,
na nsosɔ ngu Isak fi so.
17Enti sɛ AWURADE se ni:
Wo yere bɛdan aguaman kurow no mu,
na wo mmabanin ne wo mmabea bɛtotɔ afoa ano,
na w’asase no, wɔde hama bɛkyɛ mu,
na wo de, wubewu asase a ɛso akum so,
na Israel betu afi n’asase so akɔ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
