Nnwom 107 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

NHOMA A ƐTO SO ANUM(Nnwom 107—150)Wɔn a wɔagye wɔn nkwa no aseda dwom

1 Nnw 106.1 Monna AWURADE ase, na oye,

na n’adɔe wɔ hɔ daa.

2Ma wɔn a AWURADE agye wɔn nka sa,

wɔn a wagye wɔn afi ɔhohiafo nsam,

3na waboaboa wɔn ano afi nsaase so,

afi apuei ne atɔe, afi atifi fam ne anafo fam.

4Wokyinkyinii sare so,

nkyerekyerewa a ɛso nni kwan so,

wɔanhu kurow bi antena mu.

5Ɔkɔm dee wɔn, osukɔm dee wɔn,

wɔn kra tɔɔ piti.

6 Nnw 107.13, 19, 28 Na wosu frɛɛ AWURADE, wɔn ahohia mu,

na ogyee wɔn fii wɔn ahokyere mu,

7na ɔde wɔn faa ɔkwantrenee so

sɛ wɔnkɔ kurow a wobetumi atena mu so.

8 Nnw 107.15, 21, 31 Wɔnkamfo AWURADE, n’adɔe ho,

ne n’anwonwade, nnipa mma mu,

9 Luka 1.53 sɛ wama ɔkra a ne ho ayow amee,

na ɔde adepa ahyɛ ɔkra a ɔkɔm de no ma.

10Wɔn a wɔtenaa sum ne sum kabii mu,

na wɔkyeree wɔn guu amane ne dade mu,

11efisɛ wɔtew Onyankopɔn nsɛm ho atua,

na wɔtew ɔsorosoroni no agyina ahi,

12na ɔde ɔhaw brɛɛ wɔn koma ase,

wɔhwehwee ase a ɔboafo bi nni hɔ.

13 Nnw 107.6 Na wosu frɛɛ AWURADE, wɔn ahohia mu,

na ogyee wɔn fii wɔn ahokyere mu.

14Oyii wɔn fii sum ne sum kabii mu,

na obubuu wɔn mpokyerɛ mu.

15 Nnw 107.8 Wɔnkamfo AWURADE, n’adɔe ho,

ne n’anwonwade, nnipa mma mu,

16sɛ wabubu kɔbere apon,

na watwitwa adaban mu asinasin.

17Agyennyentwi, wɔn mmarato kwan

ne wɔn amumɔyɛ nti wohuu amane.

18Wɔn kra kyi aduan nyinaa,

na wɔbɛn owu abobow ano.

19 Nnw 107.6 Na wosu frɛɛ AWURADE, wɔn ahohia mu,

na ogyee wɔn fii wɔn ahokyere mu.

20Ɔmaa n’asɛm bɛsaa wɔn yare,

na oyii wɔn fii wɔn amoa mu.

21 Nnw 107.8 Wɔnkamfo AWURADE, n’adɔe ho,

ne n’anwonwade, nnipa mma mu,

22 Nnw 50.14 na wɔmmɔ aseda afɔre,

na wɔmfa ahurusi dwom nka ne nneyɛe.

23Wɔn a wosian kɔɔ po so ahyɛn mu

na wokodii nsu akɛse mu dwuma no,

24wɔn na wohuu AWURADE nneyɛe,

ne n’anwonwade ebun mu,

25na ɔka maa ahum kɛse tui,

na ɛmaa n’asorɔkye so.

26Wɔforo kɔɔ soro,

na wosian kɔɔ bun donkudonku mu,

ahohia nti wɔn kra hodwowee.

27Wokyim kɔ bae tɔɔ ntintan sɛ ɔsabofo,

na wɔn nyansa nyinaa sae wɔn tirim.

28 Nnw 107.6 Na wosu frɛɛ AWURADE, wɔn ahohia mu,

na ogyee wɔn fii wɔn ahokyere mu.

29Ɔmaa ahum no yɛɛ komm,

na asorɔkye no yɛɛ konii.

30Na wɔn ani gyei sɛ ano adwo komm,

na ɔde wɔn kɔɔ wɔn agyinae a wɔhwehwɛ no:

31 Nnw 107.8 Wɔnkamfo AWURADE, n’adɔe ho,

ne n’anwonwade nnipa mma mu,

32na wɔmma no so, ɔman ahyiae mu,

na wonyi no ayɛ, mpanyimfo guabɔ mu.

33Ɔdan asuten ma ɛyɛ sare,

ne nsuaniwa ma ɛyɛ nkyerekyerewa.

34Asase a ɛba aduan dan asase kesee,

wɔn a wɔte so no bɔneyɛ nti.

35Ɔdan sare ma ɛyɛ ɔtare,

ne nkyerekyerewa ma ɛyɛ nsu aniwa,

36na ɔmaa wɔn a ɔkɔm de wɔn kɔtenaa hɔ,

na wɔkyekyee kurow tenaa mu,

37na wɔyɛɛ mfuw, na wɔtetɛw bobe nturo,

na wonyaa nnɔbae pii.

38Na ohyiraa wɔn maa wɔn ase fɛee bebree,

na wamma wɔn afieboa so anhuan.

39Afei wɔn so huanee, na wɔbrɛɛ wɔn ase,

efi nhyɛso, ɔhaw ne awerɛhowhyɛ.

40Ɔde animtiaabu gu mmapɔmma so,

na ɔma wokyini asase fo a ɔkwan nni hɔ so.

41Na ɔmaa ohiani so fii amanehunu mu,

na ɔyɛɛ wɔn mmusua sɛ nguankuw.

42 Hiob 22.19-20 Treneefo behu na wɔn ani agye,

na amumɔyɛ nyinaa bemua n’ano.

43Obiara a ɔyɛ onyansafo no, ma ommu eyinom,

na ma wonnya AWURADE adɔe mu ahuye.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help