1Bere a Filipo ba Alesksanda, Masidoniani a ofi Kitim, dii Persiafo na Medefo hene Dario so nkonim no, ɔbɛtenaa agua so sɛ ɔhene. (Ansa na no, na wadi hene wɔ Helafo asase so).
2Odii ako pii, gyee nkurow ahorow, na okum asase no so ahemfo.
3Ɔretoa so akodu asase no awiei no, odii aman pii so nkonim, na ɔfaa wɔn agyapade. Bere a odii nkonim wiei no, ɔmaa ne ho so, na n'ani traa ne ntɔn.
4Ɔhyehyɛɛ asraafo dɔm a wɔn ho yɛ hu yiye, de wɔn dii nkurow, aman ne ahemfo pii so, hyɛɛ wɔn ma wotuaa tow maa no.
5N'ahenni mfe a ɛto so dumien akyi no, ɔyaree na ohuu sɛ obewu no,
6Ɔfrɛfrɛɛ n'asahene ne n'animdefo a, ɔne wɔn bɔɔ bra fi wɔn mmerantebere mu no, na ɔkyekyɛɛ n'ahemman maa wɔn.
7Enti Alesksanda dii ahengua no so mfe dumien, na owui.
8Ne wu akyi no, n'asahene no dii ade.
9Na obiara wɔ n'ankasa mpasua so. Saa ahemfo yi asefo dii ade mfe pii, na wɔde ɔhaw ne yaw pii baa wiase.
Antioku Epifane ne Yudafo atuatewfo bi(2 Makabe 4.7-17)10 2 Mak 4.7 Antioku Epifane yɛ ɔhene tirimmɔdenfo. N'agya ne Ɔhene Antioku a ɔto so abiɛsa a odii hene wɔ Siria. Epifane yɛ Alesksanda asahene no mu baako, na ansa na obedi hene wɔ Siria afe 137 mu no, na ɔwɔ ɔkyere mu wɔ Roma.
11Saa bere no, na asowuifo bi wɔ Israel asase so a, wɔmfa mmara nyɛ hwee, na wɔn suban ayɛ ɔkyerɛ bɔne ama nnipa no mu pii nso. Wɔn na wɔkyerɛ sɛ: Momma yɛne amanaman mufo no nyɛ apam, na yɛmpɛ sɛ yɛne wɔn tena nti na ɛde ɔhaw pii abrɛ yɛn yi.
12Saa adwene yi na nnipa pii gye too mu,
13na wɔn mu binom de fɛw ne ahokeka kɔɔ ɔhene hɔ kɔsrɛɛ no sɛ, wobedi amanaman mufo no amammerɛ so.
14Nti wosii agodibea wɔ Yerusalem, sɛnea ɛte wɔ Helafo nkurow so no.
15Wɔyɛɛ nsɛnkyerɛnne de kataa wɔn twetiatwa so, gyaw apam kronkron no. Wɔde wɔn ho bɔɔ amanaman mufo ho, na wɔyɛɛ bɔne ahorow pii.
Antioku tu Misraimfo so sa16Bere a Antioku huu sɛ n'ahenni atim no, ɔbɔɔ ne tirim sɛ obedi Misraim asase so hene aka Siria ho.
17Enti ɔde asraafo a wɔyɛ den, kɔtoaa Misraim. Ɛyɛ hyɛn mu asraafo, nteaseɛnam ne asono, ne apɔnkɔso tefo pii.
18Ɔko no hyehyɛɛ so ara pɛ na Misraim hene Polemi guanee, na wokum n'asraafo no mu pii.
19Antioku tumi gyee, Misraim nkurow a wɔabɔ ho ban no, na ɔfow asase no so nneɛma.
Antioku hyɛ Yudafo no so20Afe 143 mu a, wadi Misraimfo so awie no, Antioku de asraafo dɔm kɛse kɔtoaa Israel ne n'ahenkurow Yerusalem.
21Ɔde ahantan bɔ wuraa Asɔredan no mu, faa sika afɔremuka no, kaneadua no, ne nneɛma pii.
22Ɔfaa Awurade pon a wotwitwa brodo wɔ so no, ne Awurade nkuruwa, nsanka ne sika ayowa, kronkronbea hɔ ntama, ne ahenkyɛw no. Na ɔwaewae sika kɔkɔɔ a ɛwɔ Asɔredan no anim no.
23Ɔsoaa dwetɛ ne sika kɔkɔɔ, ne nea ɛsom bo biara a ne nsa soo mu, ne akorade biara a ohui.
24de kɔɔ n'asase so.
Ohwiee mogya pii gui de hoahoaa ne ho.
25Na Israel dii awerɛhow wɔ mmaa nyinaa.
26Akannifo ne adikanfo de awerɛhow guu ahome
mmabaa ne mmerante yɛɛ mmerɛw
mmabaa ahoɔfɛ tu yerae
27Ayeforo kunu biara too kwadwom
na nea ɔne ayeforo wɔ hɔ biara sui.
28Animguase kaa ɔman no nyinaa
na ne manfo nti asase no ho popoe.
Yerusalem wɔ ahokyere mu29Mfe abien akyi no, Antioku somaa asraafo dɔm fii Misia, ne towgyefo baa Yuda nkurow so.
30Asraafo mpanyimfo no, de nnaadaa kaa abodwoesɛm kyerɛɛ wɔn, ma wogye no dii, nanso mpofirim no, wɔtow hyɛɛ Yuda nkurow no so, yɛɛ wɔn pasaa, kunkum nnipa pii.
31Ɔfow nkurow no mu nneɛma, de gya too mu, na obubuu adan ne afasu pii.
32Wɔfaa mmea ne mmofra pii nnommum, na wogyee wɔn mmoa nso.
33Afei wɔtow Dawid kurow no ho afasu dennen, ne awɛmfo aban, de yɛɛ wɔn abankɛse.
34Na wɔde atuatewfo ne abɔnefo pii bɛtenaa hɔ, de wɔn ho too wɔn so.
35wɔhyehyɛɛ akode, nnuan, ne asade biara a wonyaa no Yerusalem hɔ no, ma ɛyɛɛ ɔhaw kɛse.
36Aban no yɛ ahunahuna ma kronkronbea hɔ.
na ɛyɛ akyide ma Israelfo nna nyinaa.
37Wohwiee mogya a edi bem gui wɔ kronkronbea hɔ nyinaa,
na mpo woguu kronkronbea ho fi
38Wɔn nti Yerusalemfo aguan,
na abɛdan ahɔho tenabea
na ne mma adan ahɔho
na ne mma agyaw no hɔ kɔ.
39Ne kronkronbea hɔ ada ntuw sɛ sare so
N'anigye adan awerɛhow,
ne homedadi ayɛ basaa
n'anuonyam asɛe.
40N'aniwu ayɛ kɛse sɛ ne kan anuonyam
n'ahokyerɛ adan ayɛ osu.
Amanaman mufo som41Afei ɔhene Antioku kyerɛw kɔmaa ahemman no mufo nyinaa sɛ, ɛsɛ sɛ wɔyɛ nnipa koro.
42na obiara nyaw nankasa amammerɛ mu.
43Amanaman mufo no nyinaa penee ɔhene ahyɛde no so, na mpo Israelfo pii de anigye soo aman mufo som no mu. Wɔbɔɔ afɔre maa abosom, na woguu homeda no ho fi.
44Na ɔhene somaa abɔfo a wokura nhoma kɔɔ Yerusalem ne Yuda nkurow so sɛ: Wonni amammerɛ foforo a, enni wɔn asase no so.
45sɛ wonnni ho kwan sɛ, wɔbɔ ɔhyew afɔre ne nsa afɔre wɔ kronkronbea hɔ, na wɔn homeda ne afahyɛ ahorow nso woguu ho fi.
46Kronkronbea no ne asɔfo no nso woguu wɔn ho fi.
47wosisii afɔremuka, abosompɔw ne pusudan de maa wɔn abosom. Na wɔde mprako ne mmoa a wɔn ho ntew bɔɔ afɔre.
48Wɔammma ho kwan amma wɔantwa wɔn mma twetia, na wɔhyɛɛ sɛ wɔnyɛ nea ɛmfata.
49Nea ɛbɛyɛ a wɔn werɛ befi mmara a Awurade nam Mose so de maa wɔn no.
50Na nea obebu ɔhene mmara no so no, wobekum no.
51Ɔkyerɛw saa nsɛm yi faa ahemman no baabiara ho, paw nnipa no so ahwɛfo, hyɛɛ Yuda kurow biara sɛ ɔmmɔ afɔre mma abosom.
52Yudafo no pii penee so, gyaw Awurade mmara no, de wɔn nneyɛe guu asase no ho fi.
53Na wɔn suban maa nokware Israelfo nyinaa bɔɔ wɔn ho aguaa wɔ baabiara a wɔwɔ.
54Afei ɔsram Kislew da a ɛto so dunum, afe 145 mu no, ɔhene Antioku yɛɛ: Akyide bi wɔ kronkronbea hɔ afɔremuka no so. Osisii abosom afɔremuka wɔ Yudea nkurow nyinaa so.
55Abosom afɔrebɔ kɔɔ so wɔ afi mu ne mmɔnten so.
56Mmara nhoma biara a wohui no, wɔtetew mu hyew no.
57Na ɔhene ma wokum obiara a, wohui sɛ odi Mose mmara no so, anaa okura nhoma kronkron no bi.
58Ɔsram biara no, aban mpanyimfo yi de wɔn tumi no, ko tia Israelfo a wɔwɔ ɔman no mu no.
59Ɔsram no da a ɛto so aduonu anum no, amanaman mufo yi, kɔbɔɔ wɔn bosom afɔre wɔ kronkronbea no atifi hɔ pɛɛ.
60Na ɔhene ma wokunkum ɛnanom a wɔma wotwitwaa wɔn mma twetia no.
61Wɔde wɔn mma no sensɛn wɔn kɔn mu, na wokunkum abusuafo a wɔmaa ho kwan ma wotwitwaa wɔn adehye twetia no.
62Nanso Israelfo pii gyinaa pintinn, na wɔkae wɔn komam sɛ: Aduan a ɛho ntew de ebi renka wɔn ano da.
63Sɛ wɔbɛfom apam kronkron no so, adi aduan a ɛho ntew de, wobewuwu mmom. Enti nnipa pii wuwui saa kwan no so.
64Na Onyankopɔn abufuw maa Israelfo no huu amane pii.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.