Atemmufo 16 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Samson soa Gasa apon kɔ

1Na Samson siim kɔɔ Gasa, na okohuu ɔbea aguaman bi hɔ, na ɔkɔɔ ne nkyɛn.

2Na wɔka kyerɛɛ Gasafo sɛ: Samson aba ha, na wotwaa ne ho hyiae, na wɔtɛw no anadwo no kurow no pon ano, na wɔtaree dinn anadwo no nyinaa kae sɛ: Ade kye anɔpa a, yebekum no.

3Na Samson dae kosii ɔdasu mu, na ɔsɔree ɔdasu no mu, na osoo kurow no apon ne apongua abien no mu, na otuu ɛne akyiri adaban no nyinaa, na ɔde bɔɔ akɔnkɔn soa de kɔɔ bepɔw a ɛkyerɛ Hebron anim no atifi.

Delila

4Na ɛno akyi no, ɔdɔɔ ɔbea bi Sorek subon mu a ne din de Delila.

5Ate 14.15 Na Filistifo asafohene baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Daadaa no na hwɛ dekode a n’ahoɔden kɛse no wɔ mu, ne dekode a yɛde betumi no na yɛakyere no abrɛ no ase, na yɛn mu biara bɛma wo nnwetɛbona apem ne ɔha.

6Na Delila ka kyerɛɛ Samson sɛ: Ka kyerɛ me ɛ, dɛn mu na w’ahoɔden kɛse no wɔ, na ɛdɛn na wɔde bɛkyere wo abrɛ wo ase?

7Na Samson ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ wɔde nhama momono ason a ɛnwoe kyere me a, ɛnne megurow, na mayɛ sɛ onipa biara.

8Ɛnna Filistifo asafohene no de nhamamono ason a ɛnwoe brɛɛ no, na ɔde kyekyeree no.

9Ate 15.14 Nso na atɛwfo hyɛ pia mu. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Filistifo gu wo so, Samson! Na ɔtetew nhama no mu sɛnea ogya ka mfiriwa a, ɛtetew no. Na wɔanhu n’ahoɔden no ase.

10Ɛnna Delila ka kyerɛɛ Samson sɛ: Hwɛ, woasisi me, na woatwa me nkontompo. Afei mesrɛ wo, kyerɛ me nea wobetumi de akyere wo ɛ!

11Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ wɔde ntampehama foforo a wɔmfa nyɛɛ adwuma da kyere me a, ɛnna megurow mayɛ sɛ onipa biara.

12Na Delila faa ntampehama foforo de kyekyeree no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Filistifo gu wo so, Samson! Nso na atɛwfo no hyɛ pia mu. Na ɔtetew fii ne basa no sɛ asaawa.

13Na Delila ka kyerɛɛ Samson sɛ: Woasisi me de abedu sesɛɛ yi, na woatwa me nkontompo. Kyerɛ me nea wobetumi de akyere wo. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ wode me ti nwi atɔw ason no de fra ntamabamma nwene a,

14Na ɔde akoroteaa bɔɔ mu, na ɔkae sɛ: Filistifo gu wo so, Samson! Na onyan fii ne nna no mu, na otuu nea wanwene no mu akoroteaa no ne annwene no.

15Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na wubetumi aka sɛ: Medɔ wo, na wo koma nni me ho yi? Mprɛnsa ni a woasisi me, na wonkyerɛɛ me dekode a w’ahoɔden kɛse yi wɔ mu.

16Ate 14.17 Na ɔde ne nsɛm guan ne ho daa nyinaa yeraw ne ho na ne kra home tew no kɔɔ owu mu no,

17Ate 13.5 ɛnna oyii ne koma mu nyinaa ka kyerɛɛ no sɛ: Oyiwan nkaa me ti da, efisɛ Onyankopɔn hotuafo ne me fi me na yam; sɛ woyi me ti a, na m’ahoɔden befi me ho, na magurow mayɛ sɛ onipa biara.

18Na Delila huu sɛ waka no ne komam asɛm nyinaa no, ɔsoma kɔfrɛfrɛɛ Filistifo asafohene no sɛ: Mommra pɛnkoro yi, na waka me ne komam asɛm nyinaa. Na Filistifo asafohene no baa ne nkyɛn, na wokurakura sika no wɔn nsam.

19Na ɔdedaa no ne nankoroma so, na ɔfrɛɛ ɔbarima bi ma obeyii ne ti nwi mmɛsa ason no, na ofii ase brɛɛ no ase, na n’ahoɔden no fii ne ho kɔe.

201 Sa 16.14 Na ɔkae sɛ: Filistifo gu wo so, Samson! Na onyan fii ne nna no mu, na ose: Mefi adi sɛ kan no, na mahwanyan me ho. Nso na onnim sɛ AWURADE afi no ho.

21Na Filistifo no kyeree no tutuu n’aniwa, na wɔde no kɔɔ Gasa, na wɔde kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no, na ɔyam awi apokyerɛfo fi.

22Na ne ti nwi fii ase fuwii, ne yi no akyi.

Samson adeyɛ a etwa to ne ne wu

23 1 Sa 5.2 Na Filistifo asafohene no hyiae sɛ wɔbɛbɔ afɔre kɛse ama wɔn nyame Dagon na wɔagye wɔn ani; na wose: Yɛn nyame de yɛn tamfo Samson ahyɛ yɛn nsa.

24Na ɔman no huu no no, woyii wɔn nyame no ayɛ, na wɔkae sɛ: Yɛn nyame de yɛn tamfo ne yɛn asase sɛefo a wakunkum yɛn mu pii no ahyɛ yɛn nsa.

25Na bere a wɔn ani agye no, wɔkae sɛ: Momfrɛ Samson na ommegoru nkyerɛ yɛn. Na wɔkɔfrɛɛ Samson fii apokyerɛfo fi bae, na ogoruu wɔn anim, na wɔde no gyinaa adum no ntam.

26Na Samson ka kyerɛɛ abofra a okura ne nsa no sɛ: Gyaa me na minsuso adum abien a ɔdan no si so no mu, na mintweri.

27Nso mmarima ne mmea ayɛ ofie hɔ ma, na Filistifo asafohene nyinaa nso wɔ hɔ, na mmarima ne mmea bɛyɛ mpensa wɔ ɔdan no atifi rehwɛ Samson agoru no.

28Na Samson frɛɛ AWURADE sɛ: Awurade Nyankopɔn, afei kae me, na hyɛ me den prɛko pɛ yi nko ara, Onyankopɔn, na minni m’aniwa abien yi so were prɛko Filistifo so.

29Na Samson susoo mfinimfini adum abien a ɔdan no si so na ɛso no no mu, na ɔde ne nifa soo biako mu na ɔde benkum soo biako mu.

30Na Samson kae sɛ: Ma me ne Filistifo no nwuwu! Na ɔde n’ahoɔden nyinaa kuntunii, na ofi no buruw guu asafohene no ne ɔman a wɔwɔ mu no nyinaa so. Na awufo a ɔma wowui ne wu mu dɔɔso sen wɔn a ɔma wowui ne nkwa bere mu.

31Ate 13.25; 15.20 Ɛnna ne nuanom ne n’agya fi nyinaa sian kɔe kɔfaa no de no foro bae besiee no Sora ne Estaol ntam wɔ n’agya Manoa asiei. Na Samson dii Israel anim mfirihyia aduonu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help