1 Korintofo 3 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Mpaepaemu a ɛwɔ Korinto Asafo no mu

1 Yoh 16.12 Na me nso, anuanom, mantumi ne mo ankasa sɛ honhom mufo, na mmom sɛ ɔhonam mufo, sɛ Kristo mu nkokoaa.

21 Pe 2.2; Heb 5.12-13 Nufu na mede memaa mo numii, na ɛnyɛ aduan; efisɛ na muntumi nnye, na mprempren ara mpo muntumi.

31 Ko 1.10-11; 11.18Na moda so ara yɛ ɔhonam mufo. Na bere a ahoɔyaw ne mpaepaemu wɔ mo mu yi, monyɛ ɔhonam mufo, na monnantew nnipa mu anaa?

41 Ko 1.12 Na sɛ obi se: Me de, mewɔ Paulo afa, anaasɛ me de mewɔ Apolo afa a, na monyɛ ɔhonam mufo anaa?

5 Aso 18.24; 18.27 Na Apolo ne hena? Paulo ne hena? Wɔyɛ asomfo a monam wɔn so agye adi, na wɔn mu biara wɔ nea Awurade de ama no.

6Aso 18.4; 18.11 Me de, miduae, Apolo guguu so nsu, na Onyankopɔn na ɔmaa no nyinii.

7Enti ɛnyɛ nea odua, na ɛnyɛ nea ogugu so nsu na ɔyɛ biribi, na mmom Onyankopɔn a ɔmaa no nyinii.

81 Ko 4.5 Na nea odua ne nea ogugu so nsu yɛ biako, na wɔn mu biara benya n’akatua sɛnea n’ankasa n’adwuma te.

9Mat 13.3-9; Efe 2.20 Na yɛyɛ Onyankopɔn adwumayɛfo; a yɛne no bom yɛ adwuma, moyɛ Onyankopɔn afuw, Onyankopɔn dan.

10 1 Ko 15.10 Onyankopɔn adom a ɔde adom me no so na menam meto fapem sɛ ɔdansifo nyansafo, na obi to so; na obiara a ɔto so no nhwɛ sɛnea ɔto so fa.

111 Pe 2.4-6 Na fapem foforo de, obiara rentumi nto nka nea ɛhyɛ hɔ dedaw a ɛne Yesu Kristo no ho.

12Nanso sɛ obi de sika kɔkɔɔ, dwetɛ, abohene, nnua, sare, burodua to fapem yi so a,

131 Ko 4.5 obiara adwuma bɛda adi, na ɛda no beyi no adi, efisɛ ogya mu na ɛbɛda adi, na sɛnea obiara adwuma te no, ogya no bɛsɔ ahwɛ;

14sɛ obi adwuma a wato asi so gyina a, obenya akatua.

15Sɛ obi adwuma hyew a, ɔbɛhwere ade; n’ankasa de, wobegye no nkwa, nanso ɛte sɛ ɛnam ogya mu.

16 1 Ko 6.19; 2 Ko 6.16 Munnim sɛ moyɛ Onyankopɔn asɔredan na Onyankopɔn honhom te mo mu anaa?

17Sɛ obi sɛe Onyankopɔn asɔredan a, ɔsɛe na Onyankopɔn bɛsɛe no; efisɛ Onyankopɔn asɔredan ho tew, na ɛne mo ara.

18 Adi 3.17-18 Obiara nnnaadaa ne ho. Sɛ obi susuw sɛ ɔyɛ onyansafo mo mu wiase a, ma ɔnyɛ ɔkwasea, na wayɛ onyansafo.

19Hiob 5.12-13 Na wiase nyansa yɛ nkwaseasɛm Onyankopɔn anim; efisɛ wɔakyerɛw sɛ: Ɔkyere anyansafo wɔn anifere mu.

20Nnw 94.11 Na bio: Awurade nim anyansafo nsusuwii sɛ ɛyɛ nsusuwii hunu.

21Enti obiara nnhoahoa ne ho nnipa fam; na nneɛma nyinaa yɛ mo de,

22Paulo oo, Apolo oo, Kefa oo, wiase oo, nkwa oo, owu oo, ɛnnɛ de oo, daakye oo, nneɛma nyinaa yɛ mo dea,

231 Ko 11.3 na moyɛ Kristo dea, na Kristo yɛ Onyankopɔn dea.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help