1
17Na Anania kɔe kɔhyɛn dan no mu, na ɔde ne nsa koguu no so kae sɛ: Onua Saulo, Awurade Yesu a oyii ne ho kyerɛɛ wo ɔkwan a wonam so reba no mu no na asoma me sɛ: Hu ade, na Honhom Kronkron nhyɛ wo ma.
18Na ntɛm ara na biribi a ɛte sɛ abon fii n’ani so guu fam, na amonom hɔ ara ohuu ade, na ɔsɔre ma wɔbɔɔ no asu.
19Na odidii no, ne ho yɛɛ no den. Na odii asuafo a wɔwɔ Damasko no nkyɛn nna kakra.
Saulo ka asɛm wɔ Damasko20Na ntɛm ara na ɔkaa Yesu ho asɛm hyia adan mu sɛ ɔne Nyankopɔn ba no.
21 Ɔbea yi na nnwuma pa ne mmɔborohunu ade a ɔyɛe no ayɛ no ma.
37Na ɛbae sɛ nna no mu no, ɔyaree, na owui; na woguaree no de no kɔtoo abansoro dan mu.
38Nso Lida bɛn Yopa nti, asuafo no tee sɛ Petro wɔ hɔ no, wɔsomaa nnipa baanu kɔɔ ne nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ ɔnntwentwɛn ne nan ase, na ɔmmra wɔn nkyɛn.
39Na Petro sɔre ne wɔn kɔe. Na oduu hɔ no, wɔde no kɔɔ abansoro dan no mu, na akunafo no nyinaa begyinaa ne ho a wɔresu, na wɔde ntade ne ntama a Dorka ne wɔn wɔ hɔ no ɔyɛe no kyerɛe.
40Mar 5.41 Na Petro pam wɔn nyinaa fii adi no, ɔkotow ne nan anim bɔɔ mpae, na ɔdan n’ani kyerɛɛ amu no, na ose: Tabita, sɔre! Na ɔtew n’ani, na ohuu Petro no, ɔsɔre tenaa ase.
41Aso 9.32 Na ɔteɛɛ ne nsa de maa no so; na ɔfrɛɛ ahotefo ne akunafo no de no anikan kyerɛɛ wɔn.
42Na wɔtee no Yopa nyinaa, na nnipa bebree gyee Awurade dii.
43Aso 10.6 Na ɛbae sɛ ɔtenaa Yopa kyɛe kakra, Simon, nhomahyɛfo bi, nkyɛn.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
