1Na Yuda tee Romafo ho asɛm bi sɛ, wɔn ho yɛ den, na wɔne nnipa yɛ nkabom a wɔtena asomdwoem, na woba wɔn nkyɛn a wɔne wo fa nnamfo.
2Wɔn ho yɛ den, na wɔyɛ akofo nso, wodii mmaninsɛm wɔ Gaufo no mu no. Wodii wɔn so nkonim, na ɔhyɛɛ wɔn tuaa tow maa no.
3Spain nso wɔko gyee dwetɛ ne sika amena a ɛwɔ hɔ no nso.
4Ɛwom sɛ ɛhɔnom mmɛn wɔn de, nanso wɔnam ntɔboase ne nhyehyɛe pa so gyee. Wodii ahene a ɛne wɔn dii asi wɔ asase so nyinaa so nkonim, de ɔyaw kɛse too wɔn so, na afe biara wotua tow ma no.
5Wodii Filipo ne Makedonia hene Perse ne afoforo a wɔsɔre tiaa no nyinaa so nkonim.
6Wodii Ɔhene kunini, Antioku a ɔde asono ɔha aduonu ne anammɔn mu asraafo ne nteaseɛnam pii so nkonim.
7Wɔkyeree no animono, na wɔhyɛɛ sɛ ahemfo a ebedi n'akyi adi ade nyinaa, ntua tow kɛse, na wɔmma ɔko mma, na wɔmfa mpasua a eye no bi mma Yudafo no.
8Wogyee India, Media, ne Lidia fii ne nsam de maa ɔhene Eumene.
9Helafo no pɛe sɛ wɔsɛe wɔn
10nanso eyi daa adi, ma wɔsomaa asahene ne wɔn kɔkoe. Wɔn mu pii pirapirae, na afoforo nso wuwui, na Romafo no faa mmea ne mmofra nnommum. Wɔfow wɔn nneɛma, dii asase no so, bubuu wɔn abandennen, na wɔfaa wɔn nnommum besi nnɛ.
11Wɔsɛesɛe ahemman ne supɔw a aka no, na wɔde dodow biara a wosiw wɔn kwan no yɛɛ nkoa anaa wɔsɛe wɔn.
12Nanso wɔn nnamfo, ne afoforo a, wɔde wɔn ho too wɔn so, sɛ wɔmmɔ wɔn ho ban no de, wɔne wɔn tenaa komm. Wodii ahene a wɔwɔ akyirikyiri ne mɛkyɛn nyinaa so nkonim, na obiara a ɔtee wɔn nka no bɔɔ hu.
13Wosii nnipa bi hene, na afoforo nso wotuu wɔn agua so, na wiase tumi nyinaa hyɛ wɔn nsa.
14Eyinom nyinaa akyi no, obiako mpo amma ne ho so anhyɛ ahenkyɛw anaasɛ obefura tankɔkɔɔ.
15Mmom wosii mmarahyɛ bagua atenae, na daa ne daa, nnipa ahasa ne aduonu hyia dwene nnipa ho, nea ɛbɛyɛ a, wɔbɛhwɛ wɔn yiye.
16Afe biara wɔde obiako di wɔn kan, ma ɔhwɛ wɔn nsaase no, wotie no, na nitan ne ahoɔyaw nni wɔn mu.
Wɔne Romafo yɛ apam17Enti Yuda paw Eupolemu a ɔyɛ Yohane ba, na ɔyɛ Ako nena ne Eliesa ba Yason, na ɔsomaa wɔn Roma sɛ wɔne wɔn nkɔyɛ nnamfofa apam.
18Na wonnye wɔn mfi Helafo konnua no ase, efisɛ wohui sɛ, Israel ahemman no rekɔ wɔn nkoasom mu dodo.
19Wotwaa kwan tenten, nam ɔhaw pii mu koduu Roma. Wɔhyɛn wɔn mmarahyɛ abangua no mu, de wɔn amanneɛ yi too gua sɛ:
20Yuda a wɔfrɛ no Makabe, ne ne nuanom ne Yudafo nyinaa na asoma yɛn mo nkyɛn, pɛ sɛ wɔne mo di nkitaho na motena asomdwoe mu, nea ɛbɛyɛ a mode wɔn bɛka mo ho, na moayɛ nnamfo.
21Romafo no gyee wɔn asɛm no too mu.
22Nea edii hɔ ne sɛ: Wokurukyerɛw nhoma no ho mmuae wɔ kɔbere mfrafrae apon so, soma kɔɔ Yerusalem, sɛ ɛntena hɔ daa sɛ, wɔn ayɔnkofa apam no ho nkae ade.
23Ɛne sɛ Romafo ne Yudafo nni yiye wɔ asase ne po so daadaa, na atamfo ne nkrante nkɔ akyiri.
24Nanso sɛ obi di kan de ɔko bɛka Romafo anaa wɔn nnamfo bi wɔ baabiara a,
25Yudafo de koma pa bɛboa sɛnea asɛm no te.
26Sɛ atamfo bi bɛtoa Romafo no a, mma Yudafo no mfa aduan, akode sika, anaa ahyɛn mmmoa wɔn, sɛnea wɔpenee so wɔ Roma no. Na Yudafo no bɛyɛ wɔn asɛde a wonnye hwee.
27Saa ara na sɛ ɔko ba Yudafo no so a, Romafo no de ɔpɛpa bɛba abɛboa, sɛnea bere no bɛkyerɛ.
28Wɔn atamfo no de, wɔmmma wɔn aduan, akode, sika anaa ahyɛn biara, sɛnea wɔpenee so wɔ Roma no. Romafo no bedi wɔn bɔhyɛ so nokwarem.
29Eyi ne nhyehyɛe a Romafo ne Yudafo no yɛe.
30Nanso sɛ daakye afanu no pene sɛ wɔde biribi bɛka ho anaasɛ wobeyi biribi afi mu a, na efi wɔn, na nea wɔde bɛka ho anaa wobeyi afi mu no ye.
31Afei ɛfa bɔne a ɔhene Demetri reyɛ Yudafo no, yɛakyerɛw akobisa no sɛ: Dɛn nti na wohaw yɛn nnamfo Yudafo no pii saa.
32Sɛ wɔbɛbɔ yɛn amanneɛ bio a yɛbɛboa wɔn ne wo ako wɔ asase ne po so.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.