Yosua 16 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Yosef ne Efraim asase no ahyɛde

1Na nea ntonto no yi maa Yosef mma no fi Yeriko Yordan ano, Yeriko asu no apuei, sare a efi Yeriko foro kɔ Betel bepɔw so no;

2na efi Betel de kɔ Lus, na etwam kɔ Arkifo hye so wɔ Atarot,

3na esian kɔ atɔe, Yafletifo hye ho de kosi anafo Bet-horon hye so, na ɛde kɔ Geser, na ɛkɔpem mpoano.

4Na Yosef mma Manase ne Efraim nyaa wɔn agyapade.

5Na Efraimfo hye, sɛ wɔn mmusua te, ni: Wɔn agyapade hye ne Atarot-adar apuei de kosi atifi wɔ Bet-horon;

6na ɔhye no fi kɔ atɔe wɔ Mikmetat, benkum fam, na ɛkɔntɔn kɔ apuei wɔ Taanat-silo, na etwa ho kɔ Yanoa apuei,

7na efi Yanoa sian kɔ Atarot ne Naarat, na ɛka Yeriko, na ɛkɔpem Yordan ano.

8Ɔhye no fi Tapua kɔ atɔe kosi Kana subon mu, na ɛkɔpem mpoano. Eyi ne Efraimfo abusuakuw no agyapade sɛ wɔn mmusua te;

9Yos 17.9 ne nkurow a woyiyi maa Efraimfo wɔ Manasefo agyapade mu no, nkurow no nyinaa ne ɛho nkuraa.

101 Ah 9.16 Nanso wɔantu Kanaanfo a wɔte Geser no, na Kanaanfo no atena Efraim mu ayɛ nkoa de abesi nnɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help