1Na Esra rebɔ mpae na ɔde osu ne fam da repae mu ka wɔ Onyankopɔn fi no anim no, Israel mu asafo kɛse pa ara a, mmarima, mmea ne mmofra boaboaa wɔn ho ano baa ne nkyɛn; na ɔman no suu osu kɛse.
2Ɛnna Yehiel ba Sekania a ofi Elam mma mu gyee so ka kyerɛɛ Esra sɛ: Yɛn de, yɛafom yɛn Nyankopɔn, sɛ yɛahyiahyia mmea ananafo afi asase so aman mu, nanso afei eyi ho anidaso da so wɔ hɔ ma Israel.
3Enti momma yɛne yɛn Nyankopɔn mpam sɛ yebeyi yɛn yerenom no nyinaa ne mma a wɔawowo wɔn no, me wura ne wɔn a yɛn Nyankopɔn mmara asɛm no ma wɔn ho popo no afotu no nti; na wɔnyɛ no sɛ mmara no te.
4Sɔre, na wo so na asɛm yi da, na yɛn de, yedi w’akyi; ma wo ho nyɛ den, na yɛ!
5Ɛnna Esra sɔree, na ɔmaa asɔfo mpanyin ne Lewifo ne Israel nyinaa kekaa ntam sɛ wobedi asɛm yi so. Na wɔkekaa ntam no.
6Na Esra sɔre fii Onyankopɔn fi no anim, na ɔkɔɔ Eliasib ba Yohanan pia mu. Na ɔkɔɔ hɔ no, wannidi, na nsu nso wannom, efisɛ odii atukɔfo no mfomso ho nkɔmmɔ.
7Na wɔpae kyinii Yuda ne Yerusalem kyerɛɛ atukɔfo no nyinaa sɛ wɔmmoaboa wɔn ho ano mmehyia Yerusalem,
8na obiara a ɔremma nnansa mu sɛ mmapɔmma ne mpanyimfo afotu no te no, wɔbɛsɛe n’afide nyinaa pasaa, na ɔno nso wobetu no afi atukɔfo bagua no mu.
9Ɛnna Yuda ne Benyamin mmarima nyinaa boaboaa wɔn ho ano behyiaa Yerusalem nnansa mu, ɛyɛ ɔsram a ɛto so akron no da a ɛto so aduonu. Na ɔman no nyinaa tenatenaa Onyankopɔn fi no anim mprae no so, na asɛm no ne osu kɛse bi nti wɔn ho popoe.
10Na ɔsɔfo Esra sɔre gyina ka kyerɛɛ wɔn se: Mo de, moafom sɛ moahyiahyia mmea ananafo, na mode abɛka Israel asodi no ho.
11Na afei mompae mu nka nkyerɛ AWURADE mo agyanom Nyankopɔn, na monyɛ nea ɔpɛ no, na montew mo ho mfi asase so aman ne mmea ananafo no ho.
12Ɛnna bagua no nyinaa gyee so de nne kɛse kae sɛ: Ɛte sa, ɛsɛ sɛ yɛyɛ sɛnea woaka no.
13Nso ɔman no dɔɔso, na osutɔ bere yi nso yɛrentumi nnyina abɔnten so, na adwuma no nso nyɛ da koro anaa nnanu adwuma; na yɛama yɛn mmarato adɔɔso asɛm yi mu.
14Enti ma yenyi yɛn mmapɔmma mma bagua no nyinaa, na wɔn a wɔwɔ yɛn nkurow mu a wɔahyiahyia mmea ananafo nyinaa mmra bere a wɔahyehyɛ mu, na kurow biara mu mpanyimfo ne emu atemmufo nka wɔn ho nkosi sɛ wobesianka yɛn Nyankopɔn abufuw a adɔ, asɛm yi ho, no afi yɛn so.
15Nso Asahel ba Yonatan ne Tikwa ba Yahasia sɔre gyinae eyi ho, na Mesulam ne Sabetai, Lewini no boaa wɔn.
16Na atukɔfo no yɛɛ sa. Na woyii ɔsɔfo Esra ne mmarima a wɔyɛ agyanom atitiriw wɔn mpanyimfi so, na wɔbobɔɔ wɔn nyinaa din. Na wɔtenatenaa ase ɔsram a ɛto so du no da a edi kan no sɛ wɔrehwehwɛ asɛm no mu.
17Na wɔne mmarima a wɔahyiahyia mmea ananafo nyinaa wiee asɛm no ɔsram a edi kan no da a edi kan no mu.
18 Esra 3.2; 9.2 Na wohuu asɔfo mma mu wɔn a wɔahyiahyia mmea ananafo: Yosadak ba Yesua ne ne nuanom mu: Maaseia ne Eliesa ne Yarib ne Gedalia.
19Na wɔhyɛɛ bɔ sɛ wobeyi wɔn yerenom no, na wɔde odwennini bɔɔ wɔn asodi no ho afɔre;
20ne Imer mma mu: Hanani ne Sebadia;
21ne Harim mma mu: Maaseia ne Elia ne Semaia ne Yehiel ne Usia;
22ne Pashur mma mu: Eliehoenai, Maaseia, Ismael, Netanel, Yosabad ne Elasa.
23Na Lewifo mu: Yosabad ne Simei ne Kelaia ɔne Kelita Petahia, Yuda ne Eliesa;
24ne nnwontofo mu: Eliasib; ne aponanohwɛfo mu: Salum ne Telem ne Uri.
25Na Israel mu: Paros mma mu: Ramia, Yisia, Malkiya, Miamin, Eleasar, Malkiya ne Benaia;
26ne Elam mma mu: Matania, Sakaria, Yehiel, Abdi, Yeremot ne Elia;
27ne Satu mma mu: Eliehoenai, Eliasib, Matania, Yeremot, Sabad ne Asisa;
28ne Bebai mma mu: Yohanan, Hanania, Sabai, Atlai;
29ne Bani mma mu: Mesulam, Maluk, Adaia, Yasub, Seal, Yeremot;
30ne Pahat-moab mma mu: Adna, Kelal, Benaia, Maaseia, Matania, Besalel, Binui, Manase;
31ne Harim mma: Eliesa, Yissia, Malkiya, Semaia, Simeon,
32Benyamin, Maluk, Semaria.
33Hasum mma mu: Matenai, Matata, Sabad, Elifelet, Yeremai, Manase, Simei.
34Bani mma mu: Maadai, Amram, Uel,
35Benaia, Bedeia, Keluhi,
36Wania, Meremot, Eliasib,
37Matania, Matenai, Yaasau,
38Bani, Binui, Simei,
39Selemia, Natan, Adaia,
40Maknadebai, Sasai, Sarai,
41Asarel, Selemia, Semaria,
42Salum, Amaria, Yosef.
43Nebo mma mu: Yeiel, Matitia, Sabad, Sebina, Yadau, Yoel, Benaia.
44Eyinom nyinaa awareware mmea ananafo, na mmea bi wɔ wɔn mu a wɔawowo mma.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.