1Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:
2Onipa ba, to Israel fi aborɔme ka mfatohosɛm kyerɛ wɔn sɛ:
3Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni:
Ɔkɔre kɛse bi, ne ntaban akɛseakɛse, ne ntakra atenten-atenten,
ntakra nworannworan ayɛ ne ho ma,
ɔbaa Lebanon
bebuu kyeneduru nkoa;
4 Hes 16.29 ne nkɔnmu mu baa na ɔpanee,
na ɔde kɔɔ aguadi asase bi so,
na ɔkɔtɛwee aguadifo kurow bi mu.
5Na ɔfaa asase no so aba bi
de koduaa afuw pa bi mu,
ɔde sii nsu bebree ano,
ɔtɛw no sɛ asukɔn so dua.
6 Hes 19.10 Na efifii yɛɛ obobe a ɛdannan
a ehuhua fam
ma n’abaa teɛteɛ baa ne ho
na ne ntini wɔ n’ase;
na ɛyɛɛ obobe na eyiyii abaa
na ɛfefɛw ahaban.
7Nso ɔkɔre kɛse bi wɔ hɔ,
ne ntaban akɛseakɛse, na ne ntakra bebree;
na hwɛ, saa bobe no fi n’akofi a wɔtɛwee wɔ mu no mu tentenee
ne ntini kɔɔ ne fam,
na oyiyii n’abaa kɔɔ no so,
sɛ ɔmma no nsu.
Efi beae a wɔtɛwee no
8Wotutu kɔtɛwee wɔ beae foforo
wɔ afuw pa so ne nsu bebree ho
sɛ enyiyi abaa
na ɛnsow aba
na ɛnyɛ bobe fɛfɛ.
9Ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni:
So ɛbɛyɛ yiye?
So ɔrentutu ne ntini
na n’aba, entwintwam?
Ahaban a ɛfefɛwee no nyinaa betwintwam,
na ɛnyɛ basa kɛse anaa dɔm bebree na ehia
sɛ wɔde beso ne ntini mu atu no.
10Na hwɛ, wɔatɛw no yi, so ɛbɛkye ade?
So bere a apuei mframa bɛka no no,
ɛnyɛ okisa na ebekisa?
Wɔ akofi a efifii so no so ara na ebetwintwam.
11Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:
122 Ah 24.10, 15 Ka kyerɛ asowui fifo no sɛ: So munhu dekode a eyi yɛ? Ka sɛ: Hwɛ, Babel hene baa Yerusalem, na ɔbɛfaa emu hene ne emu asafohene, na ɔde wɔn kɔɔ ne nkyɛn Babel.
132 Ah 24.17 Na ɔfaa ahenni asefo no mu bi, na ɔne no pamee, na ɔma ɔkaa no ntam, na asase no so atumfo no de, ɔfaa wɔn kɔe,
14sɛ ɛnyɛ ahenni a wɔabrɛ no ase, na amma ne ho so, na onni apam no so na ennyina.
15Nanso ɔtew n’anim atua somaa n’abɔfo kɔɔ Misraim, sɛ wɔmma no apɔnkɔ ne dɔm bebree. So ebesi no yiye? So nea ɔyɛ eyinom befi mu afi? So obetwiw afa apam no so na asi no yiye?
16Sɛ mete ase yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, ampa ara, ɔhene a osii no hene a wammu ne nsew na wabu n’apam so no tenabea, ne nkyɛn hɔ wɔ Babel, na obewu.
17Na ɛnyɛ dɔm kɛse ne asafo bebree na Farao de bedi ama no, ɔsa mu a wɔbɛto mpempe na wɔasisi aban atenten de atwa akra pii agu no.
18Efisɛ wammu ntam no, na obuu apam no so; na hwɛ, wadi nsew, nanso wayɛ eyinom nyinaa; ɔremfi mu mfi.
19Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Sɛ mete ase yi, ampa ara, me ntam a wammu ne m’apam a wabu so no na mede mebua n’atifi;
20Hes 12.13 na mede m’asawu mɛtrɛw no so, na wɔayi no m’afiri mu, na mede no makɔ Babel, na ɔfom a ɔfom me no, me ne no bedi wɔ hɔ;
21na n’aguanfo a wɔwɔ n’asafo nyinaa mu nyinaa, nkrante ano na wɔbɛtotɔ, na wɔn a wɔaka no, wɔbɛbɔ wɔn apete mframa nyinaa mu, na moahu sɛ me, AWURADE, na maka.
Awiei no wɔbɛma Israel so22 Yes 11.1; 53.2 Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni:
Me nso mebu kyeneduru
a ɛkorɔn no nkoa mu bi
makɔtɛw, efi ne mfefɛwee mu ti bɛtɛbɛtɛ no bi.
Na mɛpan makodua bepɔw a ɛkorɔn na ɛware bi so;
23 Hes 20.40; Dan 4.12; Mat 13.32 Israel bepɔw sorɔnsorɔn so
na medua, na ebeyiyi abaa asow aba,
na ayɛ kyeneduru kunini,
na nnomaa nyinaa, ntakraboa nyinaa abesisi ase;
n’abaa nwini mu na wobesisi,
24 Hes 21.26 na wuram nnua nyinaa ahu
sɛ me, AWURADE,
na mabrɛ dua bantenn no ase,
na mama dua a ehuhua fam akorɔn,
mama dumono aguan na mama duwui afefɛw.
Me, AWURADE, na maka, na mayɛ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.