Eksodɔs 26 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Ntamadan no ho nhyehyɛe(Eksodɔs 36.8-38)

1 Eks 36.8-19 Na tenabea no, yɛ no ntama du a ɛyɛ asaawa fitaa a wɔafira ne bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi. Yɛ emu kerubim a ɛyɛ ntamanwene mu adwinni.

2Ntama no biako tenten nyɛ basafa dunan, na ntama no biako tɛtrɛtɛ nyɛ basafa abien; ntama no nyinaa nsusuwii nyɛ biako.

3Wɔmfa ntama no anum ntoatoa so, biako ntoa biako so; na ntama no anum nso ntoatoa so, biako ntoa biako so.

4Na fa bibiri bobɔ ntama biako mmuano so nhentia wɔ ano wɔ ntoae no so. Saa ara na yɛ wɔ ntama a edi akyiri no mmuano so ntoae a ɛto so abien no so.

5Nhentia aduonum na bobɔ wɔ ntama biako ano, na nhentia aduonum nso na bobɔ wɔ ntama a ɛwɔ ntoae a ɛto so abien no so no ano; nhentia no nni mmɔanim.

6Na yɛ sika nkɔtɔkorɔ aduonum, na fa nkɔtɔkorɔ no yɛ ma ntama no biako ntoa biako so, na tenabea no nyɛ biako.

7Na fa mmirekyi nwi yɛ ntama, na fa yɛ tenabea no so ntamadan; yɛ no ntama dubiako.

8Ntama no biako tenten nyɛ basafa dunum, na ntama no biako tɛtrɛtɛ nyɛ basafa abien; ntama dubiako no nsusuwii nyɛ biako.

9Na fa ntama no mu anum toatoa yɛ no biako, na fa asia nso toatoa yɛ no biako, na bukaw ntama a ɛto so asia no ma ɛnkata ntamadan no so wɔ anim.

10Na bobɔ nhentia aduonum wɔ ntama biako a edi akyiri no mmuano so wɔ ntoae no so, ne nhentia aduonum nso wɔ ntoae a ɛto so abien no ntama no mmuano so.

11Na yɛ kɔbere nkɔtɔkoro aduonum, na fa nkɔtɔkorɔ no suso nhentia no mu, na ma ntamadan no ntoa nyɛ biako.

12Na ntamadan no ntama nkae a ɛboro so no, ntama fa no a aka no, nsensɛn tenabea no akyi.

13Na ntamadan no ntama no tenten no mu basafa biako a ɛboro so wɔ nkyɛn ha ne basafa biako a ɛboro so wɔ nkyɛn ha no nsensɛn tenabea no nkyɛn mu ne nkyɛn mu wɔ ha ne ha nkata so.

14Na fa adwennini nhoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ yɛ ntamadan no nkataso, na fa sukraman nhoma yɛ ɛno so nkataso.

15 Eks 36.20-30 Na fa ɔkanto yɛ tenabea no ntaaboo a esisi hɔ.

16Taaboo biako tenten nyɛ basafa anum, na taaboo biara tɛtrɛtɛ nyɛ bɛyɛ anammɔn abien ne fa.

17Nan abien ntuatua taaboo biako ase, na biribi nsuso nan biako ne biako mu; saa na yɛ tenabea no ntaaboo nyinaa ho.

18Na yɛ tenabea no ntaaboo no: Ntaaboo aduonu nni nifa fam nkyerɛ nifa.

19Na yɛ ntaaboo aduonu no ase dwetɛ nnyinaso aduanan, nnyinaso abien abien nhyehyɛ ntaaboo no mmiako mmiako ase mma ne nan abien abien no.

20Na tenabea no nkyɛn biako a edi benkum fam no, ntaaboo aduonu na enni hɔ,

21ne ne dwetɛ nnyinaso aduanan, ntaaboo no mmiako mmiako ase nnyinaso abien abien.

22Na tenabere no akyi fam a ɛkyerɛ atɔe no, yɛ hɔ ntaaboo asia.

23Na yɛ tenabea no akyi twea abien no so ntaaboo abien.

24Na ɛmpam ho mfi fam nkɔ, nanso ɛnyɛ mu nkodu ne hin so wɔ nea kaa a edi kan no tua hɔ; saa na n'abien nyinaa nyɛ, na enni twea abien no so.

25Na ɛnyɛ ntaaboo awotwe ne ne dwetɛ nnyinaso dunsia, taaboo biako ase nnyinaso abien ne taaboo biako no ase nnyinaso abien.

26 Eks 36.31-34 Na fa ɔkanto yɛ mmeamu; anum nyɛ tenabea no nkyɛn biako ntaaboo no de,

27na mmeamu anum nso nyɛ tenabea no nkyɛn biako no ntaaboo no de, na mmeamu anum nso nyɛ tenabea no akyi wɔ atɔe fam ntaaboo no de.

28Na mfinimfini mmeamu a ɛfa ntaaboo no mfinimfini no ntwam mfi ti nkodu ti.

29Na ntaaboo no, fa sika duradua ho, na fa sika yɛ ɛho nkaa no ma ɛnyɛ mmeamu no hyehyɛbea, na fa sika duradura mmeamu no ho nso.

30Eks 25.9 Na si tenabea no sɛnea ne nsusuwso a wɔayi akyerɛ wo bepɔw no so no te no.

31 Eks 36.35-38 Na fa bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa a wɔafira yɛ mmɔhɔɔ; ntamanwene mu adwinni a kerubim wɔ mu na wɔnyɛ no.Mat 27.51

32Na fa sensɛn ɔkanto adum anan a wɔaduradura ho sika ho; ne nkɔtɔkorɔ nyɛ sika, na ensisi dwetɛ nnyinaso anan so.

33Eks 26.6, 11; Heb 9.3-12 Na fa mmɔhɔɔ no sensɛn nsoam no ase, na fa Adanse adaka no besi mmɔhɔɔ no akyi, na mmɔhɔɔ no ntwa kronkronbea ne kronkron mu kronkronbea no mu mma mo.

34Eks 25.21 Na fa mpata agua no si Adanse adaka no so wɔ kronkron mu kronkronbea hɔ.

35Eks 40.22 Na fa ɔpon no si mmɔhɔɔ no anim, na kaneadua no nni ɔpon no ntentenso wɔ tenabea no nkyɛn mu nifa fam, na fa ɔpon no si nkyɛn mu benkum fam.

36Na fa bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa a wɔafira nwene nkyeremu fa yɛ ntamadan no ano nkataano.

37Na fa ɔkanto adum anum yɛ nkataano no, na fa sika duradura ho, na ne nkɔtɔkoro nyɛ sika, na fa kɔbere nnyinaso anum gu ase.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help