1Ɛnna ɔde me fii adi faa atifi fam kwan so kɔɔ ɛho fam abangua no so, na ɔde me kɔɔ adammaa a ɛda afikyikuaa ne ɛhɔ dan no ntentenso a ɛkyerɛ atifi fam no ho,
2Hes 41.13 ne ntwemu ho, esi basafa aduonum, ɔpon ano wɔ atifi fam, na ne trɛw si basafa aduonu anum;
3Hes 41.10; 40.17 ɛda emu fam abangua no basafa du no ntentenso ne ɛho fam abangua no abo nsɛwee no ntentenso; abrannaa kyerɛ abrannaa anim, nsɛmso a ɛto so abiɛsa mu,
4na adammaa no anim na ɔkwan a ne trɛw si basafa anum wɔ, ɛde rekɔ emu fam, basafa aduonum kwan; na apon no ano kyerɛ benkum fam.
5Na soro adammaa no yɛ ntiantia, efisɛ mmrannaa no di mu bi, na ɛntrɛw sɛ ɔdan no mfinimfini ne ase de no,
6efisɛ ɛyɛ asansa, na enni adum sɛ mmangua no adum no, na wɔadwom afi ase de ne mfinimfini de no so, afi fam.
7Na abo ban a ɛwɔ adiwo fam siane adammaa no, ɛho fam abangua no mu kyerɛ adammaa no anim, ne ntwemu basafa dumien ne fa,
8na adammaa a ani kyerɛ ɛho fam abangua no atwemu si basafa dumien ne fa, na hwɛ, asɔredan no anim de na ɛyɛ basafa aduonu anum;
9na adammaa yi pue abo ban no so; ɔkwan a obi fi ɛho fam abangua no so reba mu a ɔfa so no da apuei fam.
10Abangua no fasu trɛw a ɛkyerɛ apuei fam no, afikyikuaa ne ɛho dan ntentenso mu na adammaa wɔ,
11na ɔkwan da anim; ɛte sɛ adammaa a ɛwɔ atifi fam no, ne ntwemu ne ne trɛw saa ara, ne n’adifi akwan nyinaa ne ne nsiesiei; na sɛ n’apon ano te no,
12sɛ nso adammaa a ɛwɔ anafo fam no apon ano tetee ne no, ɔpon ano wɔ ɔkwan no ti, ɛne ɔkwan a ɛda ɛho aban no anim, ɔkwan a wofi apuei fam nam so ba mu no.
13Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Atifi fam adammaa ne anafo fam adammaa a esisi afikyikuaa no anim no ne adammaa kronkron a asɔfo a wɔbɛn AWURADE no bedi akronkronne mu akronkronne hɔ no; ɛhɔ na wɔmfa akronkronne mu kronkronne ngugu, aduan afɔre ne bɔne ho afɔre ne asodi ho afɔre no, na ɛhɔ yɛ kronkron.
14Asɔfo no hyɛn mu a, wommfi kronkronbea hɔ mmfi adi nnkɔ ɛho fam abangua no so, na emu hɔ na wɔmfa wɔn ntade a wɔde som ngu, na ɛyɛ kronkron; wɔnhyehyɛ ntade foforo ansa na wɔabɛn nea ɛyɛ ɔman no de ho.
Asɔrefi no susuw15Na owiee emu fam dan no susuw no, ɔde me fii adi faa ɔponkɛse a ani kyerɛ apuei fam no kwan so, na osusuw hyiae twem,
16ɔde susuw demmire no susuw apuei mframa nnemmire basafa ɔha aduonu anum, susuw demmire no so de twa hyiae;
17osusuw benkum fam nnemmire basafa ahanu aduonum, susuw demmire no so de twa hyiae.
18Osusuw anafo fam nnemmire basafa ahannu aduonum, susuw demmire no so;
19ɔdan kɔɔ atɔe fam kosusuw nnemmire basafa ahannu aduonum, susuw demmire no so;
20mframa anan no so na osusuw no. Ɔfasu twa ho hyia twem; ne ntwemu basafa ahannu aduonum ne ne trɛw ahannu aduonum, sɛ entwa kronkronbea ne anihumafo de ntam.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.