2 Makabe 12 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Nsɛm a esisii wɔ Yopa ne Yamnia

1Bere a wɔyɛɛ saa nhyehyɛɛ yi wiei no, Lisia san kɔɔ ɔhene no nkyɛn, na Yudafo no kɔyɛɛ wɔn kua.

2Nanso, amradofo no bi a wɔwɔ mmeaemmeae hɔ no: Timoteo ne Apoloni, Genaeu mma no, wɔne Hieronimu ne Demofon; wɔn a wɔka wɔn ho ne Nikanor, Kipro amrado no, na wɔmpɛ sɛ wɔma kwan na Yudafo no tena wɔn baabi komm wɔ asomdwoe mu.

3Na Yopafo yɛɛ nneɛma bi a ɛmfa Nyame kwan mu koraa. Wohyiahyiaa Yudafo a wɔne wɔn wowɔ hɔ no, ne wɔn yerenom ne wɔn mma, sɛ wɔnkɔ ahyɛn bi a wɔde aba hɔ no mu; bɛka sɛ wonni Yudafo no adwemmɔne biara.

4Wɔtow eyi ho aba wɔ ahenkurow no mu. Na bere a Yudafo no apene so akɔ mu no, na wɔpɛ sɛ wɔne wɔn tena asomdwoe mu no nti, na wonsusuw bɔne bi. Yopafo yi ne wɔn kɔɔ po no so, na ɛhɔ ara wɔkaa Yudafo no bɛyɛ ahanu guu po no mu.

5Bere a Yuda tee atirimmɔden ade a wɔde ayɛ ne kuromfo no,

6frɛɛ Onyankopɔn, Temmufo trenee no, na otuu awudifo a wokunkum ne nkurɔfo no so sa. Ɔde gya too hyɛngyinabea no mu anadwo, na ɔhyew ahyɛn no, na okunkum wɔn a wɔakohintaw hɔ no.

7Afei esiane sɛ wɔatoto ahenkurow no apon mu nti, ɔsan n’akyi kɔe, n’adwene ne sɛ ɔbɛsan akɔ hɔ bio akokunkum wɔn a wɔte Yopa no nyinaa atu wɔn ase koraa.

8Nanso ɔtee sɛ mmarima a wɔwɔ Yamnia nso rehwehwɛ afa saa kwan yi ara so akunkum Yudafo a wɔne wɔn te hɔ no, de atu wɔn ase koraa.

9Enti ɔkɔɔ Yamniafo no so anadwo na ɔtoo ahyɛngyinabea hɔ ne ahyɛn a wogyinagyina hɔ no nyinaa mu gya, ma wohuu gyaframa no wɔ Yerusalem. Efi hɔ kɔ Yerusalem no bɛyɛ akwansin aduasa.

Yuda akodi wɔ Gilead(1 Makabe 5.9-54)

10Bere a wɔatwa bɛboro ɔkwansin sɛ wɔrekɔtoa Timoteo no, Arabfo mpemnum, ne apɔnkɔso asraafo bɛyɛ ahanum tow hyɛɛ wɔn so.

11Ɔko dennennen yi akyi no, ɛnam, Onyankopɔn mmoa nti, Yuda ne ne dɔm no dii nkonim. Atutenafo a wɔadi nkogu yi, paa Yuda kyɛw sɛ, ɔmma wɔnhyɛ bɔ na wɔntena ase sɛ nnamfo, na wɔkaa ntam sɛ wɔbɛma no anantwi na wɔaboa ne nkurɔfo no wɔ akwan horow so.

12Yuda huu sɛ wɔn ho bɛba mfaso ara yiye wɔ akwan pii so no, ɔpenee so ne wɔn yɛɛ asomdwoe apam no na wosua wiei no, wɔkɔɔ wɔn ntamadan mu.

13Afei ɔkɔtoaa kurow bi a, wɔde afasu apipripi abɔ ho ban papee, na amanfrafo ahorow nyinaa bi ahyɛ mu ma. Ne din de Kapsin.

14Na wɔn a wɔwɔ mu no, esiane sɛ wɔn werɛ hyɛ afasu no den a ɛyɛ mu, ne aduan a wonya no adufode mu nti, woyii ahantan suban bi adi kyerɛɛ Yuda ne ne dɔm no, na wosii wɔn atwetwe na wɔkekaa abususɛm ne nsɛmfi.

15Nanso Yuda ne n'asraafo no, su frɛɛ wiase Hempɔn a, ɔno de onkura akode ne mfiri, nanso otumi dwiriw Yeriko afasu wɔ Yosua bere so no, na afei ɔde abufuw twiw faa afasu no so.

16Wɔde Onyame tumi gyee kurow no, na wokum nnipa a wɔn dodow nni ano, ma ɔtare bi a ɛbɛn hɔ a, ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ akwansin nkyɛmu anan mu biako no, dan mogya nko ara.

Yuda ka Timoteo asraafo hyɛ

17Bere a wofi hɔ akodu sɛ efi hɔ kɔ no yɛ akwansin aduakron anum no, wɔbaa Kara, beae a Yudafo a wɔwɔ hɔ no wɔfrɛ wɔn Toubiani.

18Wɔanhu Timoteo wɔ mantam mu hɔ, efisɛ saa bere no na wafi hɔ a wantumi anyɛ biribiara wɔ hɔ. Mmom beae biako de, ogyaw nnipa bɛboro ɔpedu.

20Nanso Makabe hyehyɛɛ n'asraafo dɔm no, nkyekyɛmu, nkyekyɛmu na oyiyii nnipa a wɔhwɛ wɔn so na ntɛm ara otiw Timoteo a n'asraafo a ɛnam fam yɛ mpem ɔha aduonu, ne n'apɔnkɔsotefo asraafo mpennu ahanum no.

21Bere a Timoteo tee sɛ Yuda reba no, ɔmaa wɔde mmea ne mmofra, ne nnesoa no kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Karnaim; efisɛ ɛyɛ den sɛ saa beae no atamfo begye. Wontumi nkɔ hɔ efisɛ akwan a wɔfa so kɔ hɔ no nyinaa yɛ nteantea bi.

22Nanso bere a Yuda asraafo a wodi kan no yii wɔn ho adi no, ahopopo ne suro kaa atamfo no, na nea ohu ade nyinaa no yii ne ho adi no, wɔbɔ petee. Ebinom fa ha a, na afoforo nso afa hɔ, ma ɛbae sɛ wɔn ara de nkrante kunkum wɔn ho wɔn ho mpɛn pii.

23Na Yuda de n'ahoɔden nyinaa tiw wɔn dennennen na ɔde afoa kunkum nnebɔneyɛfo no; okunkum nnipa a wɔn dodow yɛ mpem aduasa.

24Timoteo ankasa kɔtɔɔ Dosite ne Sosipater asraafo no mu. Otwaa wɔn nkontompo kɛse de srɛɛ wɔn sɛ wɔmma no kwan ma ɔnkɔ, esiane sɛ wakyere wɔn mu bebree awofo, ne ebinom nso nuanom, a wɔrennyae wɔn koraa.

25Na bere a ɔkasae kasae de sii ne bɔhyɛ pi, sɛ ɔnkɔyɛ bɔne biara ntia wɔn no, wogyaa no ma onyaa ne ti didii mu, efisɛ wɔpɛ sɛ wogye wɔn nuanom nkwa ara nti.

Yuda di nkonim bi nso

26Afei Yuda siim kɔtoaa Karnaim ne Atargati anyame fi no, na okunkum nnipa mpem aduonu anum.

27Ɔbɔɔ eyinom gui na ɔsɛe wɔn no akyi no, osiim kɔtoaa Efron nkurow no a wɔabɔ ho ban no. Ɛhɔ yɛ beae, a Lisia ne amanfrafo a wofi amanaman nyinaa mu tetee. Mmerante akwabranfo gyinagyinaa afasu no anim, na wɔde ahoɔden kɛse bɔɔ afasu ho ban; na wɔde akomfiri ne akode ahyɛ hɔ ma.

28Nanso Yudafo no frɛɛ wɔn Ɔhempɔn no, na ɔde ne tumi bɔɔ wɔn atamfo no ahoɔden petee. Wogyee kuropɔn no ma ebedii wɔn nsam. Wokum wɔn a wɔwɔ mu no, wɔbɛyɛ nnipa bɛyɛ mpem aduonu anum.

29Wofii hɔ no, wɔyɛɛ ntɛm kɔɔ Skifopoli, a efi hɔ kɔ Yerusalem yɛ akwansin aduoson anum.

30Nanso esiane sɛ Yudafo a wɔwɔ hɔ no huu adwen pa a Skifopolifo wɔ, wɔ wɔn ho no, ne mmoa a wɔde aboa wɔn wɔ wɔn ahokyere bere mu no nti,

31wɔdaa wɔn ase na wɔkasa kyerɛɛ wɔn sɛ wɔne wɔn nkurɔfo no ntena ase asomdwoem wɔ mmere a ɛreba no nyinaa mu nso. Afei esiane sɛ: Nnawɔtwe afahyɛ nna no abɛn nti, wɔkɔɔ Yerusalem.

Yuda di Gorgia so nkonim

32 Eks 23.16 Wodii Pentekoste afahyɛ no wiei no, wɔyɛɛ ntɛm kɔ toaa Gorgia, Idumea amrado no.

33Na ɔno so de fam asraafo mpensa ne apɔnkɔso asraafo ahanan bae.

34Na wɔde ɔko no bɔɔ anim no, ɛbae sɛ Yudafo kakraa bi pɛ na wɔtotɔe.

35Nanso onipa bi a wɔfrɛ no Dositeus, a ɔka Bakenor mmarima ho no, a ɔte pɔnkɔ so na ɔyɛ onipa hoɔdenfo no, sɔɔ Gorgias mu, ɔsoo n’atade mu na ɔretwe no wɔ ahoɔden so, hwehwɛ sɛ ɔbɛkyere busuyɛni no animono so. Bere no ara mu na Trakian apɔnkɔsotefo no mu biako tuu mmirika taa no na ɔtwaa ne nsa; enti Gorgias nyaa kwan guan kɔduu Marisa.

36Esiane sɛ Edri ne ne dɔm no ako mmere santen na wɔabrɛbrɛ nti, Yuda su frɛɛ Awurade sɛ ɔnkyerɛ wɔn adamfo ne odikanfo wɔ ɔko no mu.

37Sɛnea wɔn agyanom yɛ no, ɔmaa ɔsakɔ nteɛm so, de nnwom, bɔ toaa Gorgia asraafo no, bere a wɔn ani nna so, na wɔbɔ petee.

Wɔbɔ mpae ma wɔn a wɔawuwu wɔ ɔko mu no

38Afei, Yuda boaboaa n’asraafo no ano, na wɔkɔɔ kuropɔn Adulam mu. Esiane sɛ da a ɛto so ason no reyɛ adu nti, wɔtew wɔn ho sɛnea mmara te, na wodii homeda no wɔ hɔ.

39Ade kyee no, esiane sɛ na ehia nti, Yuda ne n'asraafo no kɔe sɛ wɔrekɔtasetase wɔn a atotɔ no amu no aba abesie wɔn, agyanom amusie.

40Deut 7.25 Na wohuu Yamnia bosom ahoni nketenkete sɛ ɛhyehyɛ awufo no ntade mu. Eyi nso yɛ ade a wɔabra Yudafo no sɛ mma wɔnnhyɛ. Na ɛdaa adi pefee sɛ, eyi nti na saa mmarima yi totɔe.

41Nti wɔn nyinaa hyiraa Awurade wɔ n’akwan ho, sɛ ɔyɛ ɔtemmufo trenee a ɔde nea ahintaw to gua;

42na afei wɔde mpaebɔ koto srɛɛ sɛ bɔne a wɔayɛ no, wɔmfa ne nyinaa nkyɛ wɔn. Na onimdefo Yuda tuu nnipa no fo sɛ wonyae bɔne yɛ, na wɔn ankasa de wɔn ani ahu nea asi, esiane bɔne a wɔn atotɔ no yɛe nti.

43Ogyigyee tow nso fii nkorowankorowa biara hɔ ma onyaa sika drakma mpem abien, na ɔde somae ma wɔde kɔɔ Yerusalem na wɔde abɔ bɔne ho afɔre. Eyi a ɔyɛe no, ye papa, na ɛsɔ ani nso, ɛnam owusɔre nti.

44Na sɛ onni anidaso, sɛ owusɔre wɔ hɔ a, anka ɛbɛyɛ ade hunu ne nkwaseasɛm sɛ ɔbɛbɔ mpae ama awufo no.

45Esiane sɛ ɔwɔ anidaso, sɛ akatua pa bi a wɔahyehyɛ ama wɔn a, wowu wɔ nyamesom pa mu nti, na ɛyɛ adwene kronkron na ɛho tew. Saa nti, ɔyɛɛ mpatade maa awufo no sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya bɔne fakyɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help