Hesekiel 13 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Atoro adiyifo ho atemmusɛm

1Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2Onipa ba, hyɛ Israel adiyifo a wɔhyɛ nkɔm no ho nkɔm, na ka kyerɛ wɔn a wofi wɔn ara komam hyɛ nkɔm no sɛ: Muntie AWURADE asɛm.

3Yer 23.21, 31 Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Wonnue, adiyifo nkwasea a wodi wɔn honhom akyi na wonhu hwee no.

4Israel, w’adiyifo ayɛ sɛ akurofo mu sakraman.

5Hes 22.30 Mommforoo nnkogyinaa ntokuru no mu, na munntwaa Israel fi ho ban, sɛ ebegyina akono, AWURADE da no.

6Hes 22.28; Yer 23.32 Ahuhude ne atoro nkɔmhyɛ na wɔn a wɔka sɛ: AWURADE asɛm ni, no hu, nso na AWURADE nsomaa wɔn ɛ, nanso wɔtwɛn sɛ ɔbɛma wɔn asɛm no aba mu.

7So ɛnyɛ ahuhude na muhu na atoro nkɔm na mohyɛ, sɛ moka sɛ: AWURADE asɛm ni, wɔ bere a menkasae ɛ?

8Ɛno nti, sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Sɛ moka ahuhusɛm na muhu atoro anisoade yi nti, hwɛ, me ne mo anya, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.

9Hes 14.9 Na me nsa bɛba adiyifo a wohu ahuhude na wɔhyɛ nkɔntoro no so: Wɔrentena me man bagua no mu, na wɔrenkyerɛw wɔn din Israel fi din kyerɛw no mu, na wɔremma Israel asase so, na moahu sɛ mene AWURADE Nyankopɔn.

10Yer 6.14 Efisɛ esiane sɛ wosisi me man ka sɛ: Asomdwoe, nanso asomdwoe nni hɔ, na ɔman no to fasu bi, na hwɛ, wɔn de, wɔde hyirew sra ho nti,

11ka kyerɛ wɔn a wɔde hyirew sra ho no sɛ: Ɛbɛhwe ase! Osu a ɛsram so bɛba na amparuwbo bɛtotɔ, na kyinhyia mframa bɛbɔ.

12Na hwɛ, ɔfasu no bɛhwe ase. So wɔrenka nkyerɛ mo sɛ: Ɛhe na ɔsra a mosraa ho no wɔ?

13Ɛno nti, sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Mɛma kyinhyia mframa abɔ m’abufuhyew mu, na osu a ɛsram so aba m’abufuw mu, na amparuwbo aba anibere mu abewie.

14Na medwiriw fasu a mode hyirew sraa ho no agu ma aka fam na ne nnyinaso ada adi, na ahwe ase, na moadwerɛw wɔ mu, na moahu sɛ mene AWURADE.

15Na mewie m’abufuhyew, ɔfasu ne wɔn a wɔde hyirew sraa ho no so, na maka makyerɛ mo sɛ: Ɔfasu no nni hɔ bio, na wɔn a wɔsraa ho no nso nni hɔ bio,

16Hes 13.10 Israel adiyifo a wɔkaa Yerusalem ho adiyisɛm, sɛ wohuu asomdwoe ade maa no, nanso asomdwoe bi nni hɔ no, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.

17Na wo, onipa ba, yi w’ani sa wo man mmabea a wofi wɔn komam hyehyɛ nkɔm no, na hyɛ wɔn ho nkɔm sɛ:

18Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Munnue, mo mmea a mopompam nkataho ma nsa akwaa nyinaa na mopam nnukuu ma ti horow nyinaa sɛ mode reyi akra. So muyi me man akra, na mo ankasa mo kra de, mugye no nkwa?

19Yes 5.23; Mmb 17.15 Na muhura me ho, me man mu, atoko nsa amaama ne abodoo afono ma bi nti, sɛ mode atoro a mudi kyerɛ me man a wotie atoro no rekum akra a enni kum, na moregye akra a ɛnsɛ nkwa no nkwa.

20Ɛno nti, sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, me ne mo nkabere a mode reyi akra sɛ nnomaa no anya, na mɛtetew afi mo basa ho na magyaa akra no, akra a muyi wɔn no, ama wɔatu akɔ sɛ nnomaa.

21Na mɛtetew mo nnukuu, na mayi me man afi mo nsam, na wɔantena mo nsam sɛ ahayɔde bio, na moahu sɛ mene AWURADE.

22Yer 23.14 Esiane sɛ mode atoro ma ɔtreneeni a me de, menhyɛɛ no awerɛhow no koma tutu, na mohyɛ ɔbɔnefo nsam den, sɛnea ɛbɛyɛ na wansan amfi ne kwammɔne so na wannya nkwa nti,

23morenhu anisoade huhuw bio, na nkɔm nso morenhyɛ bio; na meyi me man afi mo nsam, na moahu sɛ mene AWURADE.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help