Mika 6 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

AWURADE ne ne man asɛnni

1 Hes 6.2 Muntie nea AWURADE ka ɛ!

Sɔre bɔ wo nkuro wɔ mmepɔw anim,

na nkoko ntie wo nne.

2Mmepɔw, muntie AWURADE nkurobɔ,

ne mo a mowɔ, asase nnyinaso daa no!

Na AWURADE ne ne man anya ɔham,

na ɔne Israel beyi ntɛn.

3 Yer 2.5 Me man, dɛn na mayɛ wo,

na ɛdɛn na mede mahyɛ wo brɛ?

Bua me ɛ!

4Na miyii wo fii Misraim asase so bae,

na migyee wo fii nkoafi mu,

na mesomaa Mose,

Aaron ne Miriam dii w’anim.

5 Num 22.24 Me man, kae agyina a Moab hene Balak tui,

ne nea Beor ba Bileam de buaa no,

ne nea esii fi Sitim kodu Gilgal,

sɛnea ɛbɛyɛ na woahu AWURADE nsɛntrenee no.

Afɔrebɔ a ɛsɔ Onyankopɔn ani

6 Yes 1.11; Amos 5.21-22 Dɛn na memfa memmra AWURADE anim

na menkotow ɔsorosoro Nyankopɔn no?

So memfa ɔhyew afɔre memmra n’anim,

ne nantwi mma a wɔadi afe afe?

7So AWURADE ani bɛsɔ adwennini mpem mpem,

anaa ngo asuten mpem du du?

So me mmarato nti memfa m’abakan memma,

anaasɛ me yafumma, me kra bɔne nti?

8 Deut 10.12; 1 Sa 15.22 Wɔaka nea eye akyerɛ wo, onipa,

ne nea AWURADE hwehwɛ wo hɔ,

ɛnyɛ biribiara sɛ adetreneeyɛ

ne adɔepɛ ne ahobrɛase

a wode ne wo Nyankopɔn nantew.

9AWURADE nne refrɛ kurow no,

na nea osuro me no yɛ onyansafo,

muntie nteɛso ne nea ɔhyɛe no.

10 Amos 8.5 So amumɔyɛ mu adenya da so wɔ omumɔyɛfo fi,

ne olonka a wɔahuan so a wɔadome no?

11So mebu nea ɔde nsenia ne fotow

a nsisi abrammo wɔ mu bem anaa?

12Nhyɛso ayɛ emu adefo amaama

na emufo ka atosɛm

na wɔn tɛkrɛma yɛ nnaadaa wɔn anom.

13Na me nso mabɔ wo ma abɔ wo yare,

wo bɔne nti na masɛe wo.

14Wo de, wubedidi na woremmee,

na wo yam bɛda mpan

na ɔkɔm ade wo ara;

na wobɛtwe wo nnosoa,

nanso woremma emfi mu sɔnn;

na nea woma efi mu mpo,

mede mɛma afoa;

15 Deut 28.38-40 wo de, wubegu na worentwa;

wubekyi ngodua aba, na worensra ngo no,

na wobekyi nsamono, na worennom nsa no.

16 1 Ah 16.25, 29-33 Efisɛ wodi Omri ahyɛde

ne Ahab fi nneyɛe nyinaa so,

na wonennam wɔn agyinatu so,

nea ɛbɛyɛ na mayɛ wo ahodwiriwde,

ne emufo no nso ohwiremabɔ,

na moasoa me man ahohora.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help