Nnwom mu dwom 1 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Nnamfonom dɔ

1Nnwom mu dwom a ɛyɛ Solomon de.

2Ma ɔmfa n’ano mfewano mfew m’ano,

na wo dɔ ye sen bobesa.

3Wo sradehuam yi hua pa,

ngohuam a wɔahwie ne wo din,

ɛno nti na mmabaa dɔ wo no.

4Twe me di w’akyi! Ma yɛnyɛ ntɛm.

Ɔhene de me aba ne mpia mu.

Yebedi ahurusi na yɛn ani agye wo ho,

yɛbɛkamfo wo dɔ asen bobesa.

Trenee so na wɔdɔ wo.

5Yerusalem mmabea, mibiri de,

nanso me ho yɛ fɛ,

sɛ Kedar ntamadan,

sɛ Solomon mmɔɔhɔɔ.

6Monnhwɛ me sɛ mibiri,

sɛ owia ahyehye me nti;

me na mma bo fuw me,

wɔde me yɛɛ bobe nturo wɛmfo,

me bobeturo a ɛyɛ me de no de, manwɛn.

7Ka kyerɛ me, wo a me kra dɔ wo,

ɛhe na woyɛn nguan no,

ɛhe na woma wobutubutuw awiabere?

Na ɛdɛn nti na menyɛ sɛ nea okyini

wo mfɛfo nguankuw so?

8 Nmd 5.9; 6.1 Sɛ wo de, wunnim a,

wo mmea mu hoɔfɛfo,

fi adi fa nguan no anammɔn so,

na kɔyɛn wo mmirekyi mma,

nguanhwɛfo tenabea hɔnom.

9Me pɔnkɔbere a ɔwɔ Farao teaseɛnam ho no

na mede wo meto, m’adamfowaa.

10W’afono yɛ fɛ, mpompranne no mu,

wo kɔn nso yɛ fɛ, komuade no mu.

11Sika nnwinne mpompranne na yɛbɛyɛ ama wo,

ne dwetɛ nkoropɛe a esisi so.

12Ɔhene wɔ n’adidipon ho no,

na me sradehuam reyi ne hua.

13Me dɔfo yɛ me kurobow kasiaw

a ɛda me nufu ntam.

14Me dɔfo yɛ me sɛ ahuahaa nhwiren kasiaw,

En-gedi bobe nturo mu.

15 Nmd 2.14; 4.1, 7; 6.4 Hwɛ, wo ho yɛ fɛ, me dɔfo,

hwɛ, wo ho yɛ fɛ,

w’aniwa yɛ aborɔnoma aniwa.

16 Nmd 5.16 Hwɛ, wo de, wo ho yɛ fɛ, me dɔfo,

yiw, wosɔ ani,

yɛn nnae nso yɛ frɔmfrɔm.

17Yɛn adan nsɛmso yɛ kyeneduru,

yɛn ntaaboo yɛ ɔpopaw.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help