1Nhaw wo ho mpɛ mma dodow a wɔn ho nni mfaso,
na mma w’ani nnye mma a wonsuro Nyame ho.
2Sɛ wɔkɔ so a, mma w'ani nnye wɔn ho,
gye sɛ Nyamesuro wɔ wɔn mu.
3Mfa wo werɛ nhyɛ wɔn mu sɛ wɔte ase,
na mfa wo ho nto wɔn dodow so,
efisɛ obiako ye sen apem
na sɛ wobɛyɛ obonin awu no ye,
sen sɛ wobenya mma a wonni Nyamesuro.
4Efisɛ ɛnam onimdefo biako so,
nnipa bɛhyɛ ahenkurow ma,
na ɛnam abusua mmaratofo so, ɔman bɛyɛ amanfo.
5M’aniwa ahu nneɛma pii a ɛtete saa,
na m’aso atete nsɛm a ɛyɛ hu sen eyinom.
6Basabasa pue wɔ nnebɔneyɛfo tenabea,
na ɔman asowuifo mu na abufuhyew pue.
7 Gye 6.4; Nya 14.6 Onyankopɔn amfa tete akwabran no ho ankyɛ wɔn,
wɔn a wɔtew atua wɔ wɔn tumidi mu no.
8Wamfa wɔn a Lot ne wɔn te no ho ankyɛ wɔn,
wɔn a wobuu wɔn atɛn wɔ wɔn ahomaso mu no.
9Wannya ahummɔbɔ amma aman a, woyii wɔn maa ɔsɛe no,
ne wɔn a wɔn bɔne nti wogyee wɔn agyapade no;
10ne fam asraafo ɔpehansia
a wohyia yii wɔn ahomaso adi no.
11Na sɛ mpo ɔsoɔdenfo biako wom a,
ɛbɛyɛ nwonwa sɛ ɔbɛfa ne ho adi a wɔrentwe n'aso.
Efisɛ mmɔborohunu ne abufuhyew fi Awurade nsam;
ɔwɔ tumi sɛ ɔde kyɛ, nanso otumi hwie abufuhyew gu.
12Sɛnea n’ahummɔbɔ te no,
saa ara nso na n'asotwe te;
obu onipa atɛn sɛnea ne nneyɛe te.
13Ɔbɔnefo remfa ne ho nni
na onyamesurofo ntɔboase no wɔrensiw ho kwan
14Ayamye nneyɛe biara no ogye tom;
na obiara nsa ka nea ɛfata ne nneyɛe.
17Nka da se: Mahintaw wɔ
Awurade anim,
anaasɛ hena na ofi soro bɛdwene me ho?
Mehyɛ nnipa pii mu, na obi nhu me,
na me ne hena, wɔ abɔde dodow yi mu?
18Hwɛ ɔsoro ne ɔsoro mu soro,
ne asase ase tɔnn, hu no sɛ ɔreba a
wɔde ahopopo ne suro wosow,
20Na onipa biara adwene ntumi nte eyi ase,
na hena na obetumi ate n'akwan ase?
21sɛnea ahum tu a onipa biara ntumi nhu no,
saa ara nso na ne nnwuma ahintaw.
22Hena na ɔbɛka n'atemmu ho nsɛm?
Anaa hena na obetumi atwɛn wɔn?
Efisɛ n'ahyɛde no wɔ akyirikyiri ara.
23Saa na nea onni ntease no kasa nen,
ogyimifo, ne nea onni adwene no dwene nkwaseamu.
Wohu Onyankopɔn nyansa wɔ n'abɔde mu24Meba yɛ aso tie me, na sua nyansa,
na wɛn w’aso tie me nsɛm yiye,
25na mɛkyerɛkyerɛ wo ahohyɛso yiye,
na mama wo nimdeɛ a emu dɔ.
26Onyankopɔn bɔɔ ade fi mfiase no,
ɔde ɔhye totoo hɔ maa biara.
27Ɔhyehyɛɛ ne nnwuma no ɔkwan bi so sɛ ɛntena hɔ afebɔɔ.
Ne ne tumi maa awo ntoatoaso nyinaa.
ɔkɔm nne wɔn, na wɔmmmrɛ nso,
na wonnyaw wɔn adwuma a wɔyɛ nso nto hɔ.
28Wɔnnyɛ nhyehyɛso mmma wɔn ho wɔn ho,
na wommu n’asɛm so da.
29Na Awurade hwɛɛ asase so,
na ɔde nneɛma pa hyɛɛ mu ma;
30Ɔde abɔde a ɛkeka ne ho ahorow nyinaa bi hyɛɛ mu ma,
na asase mu na wɔbɛsan akɔ bio.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.