Sirak 29 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Boseabɔ ne boseapɛ

1 Eks 22.25; Lew 25.35-38 Ɔyamyefo bɔ ne mfɛfo bosea,

na ɔnam ne mmoa so, ma wodi mmara no so.

2Bɔ wo yɔnko hɔ bosea bere a ɔwɔ ahokyere mu;

na bere no so a tua nea ɔde afɛm wo no ma no.

3Di wo bɔhyɛ so, na di no nokware,

na saa no, bere biara wobenya nea ehia wo.

4Nkurɔfo pii fa bosea sɛ akyɛde,

na wɔde ɔhaw brɛ wɔn a wɔboaa wɔn no.

5Nnipa tumi de ne nsa to ne nsa yam

ara kosi sɛ obenya bosea,

na afei na ɛmfa ne ho,

ɔnkasa mfa ne yɔnko no sika no ho,

na edu bere a ɔde tua ka no a na ɛkyɛ,

na ɔkasa fa bere a ɛsɛ sɛ ɔde

tua ho, sɛ enye mma no.

6Na sɛ obetua nea ɔbɔɔ no bosea no ka a,

emu fa mpo onnya mma no,

na ɔfa no sɛ ɛyɛ akyɛde.

Sɛ ontumi ntua a, na nea ɔkɔbɔɔ bosea no afa boseabɔni no sika no adi

na ɛnam so na wabɛyɛ ne tamfo;

na ɔde nnome ne ɔyaw na ebetua no ka,

na nea anka ɛbɛyɛ anuonyam no

na ɔde animguase na atua no ka.

7Nnipa mpɛ sɛ wɔbɔ nkurɔfo bosea,

ɛnyɛ sɛ wɔmfata,

mmom wosuro sɛ ɔmanfo rentua bosea no.

Ayamye

8Nanso, tɔ wo bo ase ma nea ɔwɔ ahobrɛase tebea mu,

na mma ɔnntwɛn w’akyɛde no.

9mmarasɛm no nti boa ahiafo,

na wɔn hia mu no mma wɔmmfa nsapan nnkɔ fie.

10Hwere wo sika wɔ wo nua anaa wo yɔnko nti,

na mma ɛnhyɛ ɔbo ase na ɛnsɛe.

11Hyehyɛ w’ademude sɛnea Ɔsorosoroni no mmarasɛm kyerɛ,

na ɛbɛyɛ mfaso ama wo asen sika kɔkɔɔ.

12Fa akyɛde sie wɔ wo sikakorabea

na ebegye wo nkwa afi ɔhaw nyinaa mu;

13eyi ye sen nkatabo a emu yɛ duru ne peaw a ano yɛ nam,

ɛbɛko ama wo atia w'atamfo.

Akagyinamudi

14Onipa pa bedi akagyinam ama ne yɔnko,

nanso nea n'ani nwu hwee ho no, bedi no huammɔ.

15Mma wo werɛ mfi wo kagyinamudifo no ayamye,

efisɛ ɔde ne nkwa ato hɔ ama wo.

16Ɔbɔnefo sɛe ne kagyinamudifo agyapade,

17na boniayɛfo bɛdan ne gyefo agya.

18Akagyinamudi abɔ nnipa pii a kan no wɔte yiye no fam.

na abobɔw wɔn sɛ po asorɔkye;

ama tumidifo atu afi wɔn man mu,

na wɔakokyinkyin ananafo aman so.

19Ɔbɔnefo nam akagyinamudi so di awerɛhow,

ne mfaso akyidi no, de no kodi mmara nsam.

20Boa wo yɔnko sɛnea wubetumi,

nanso hwɛ yiye na woanhwe ase.

Ofie ne ahɔhosom

21Asetena mu nneɛma a ehia ne nsu, aduan, ne ntama,

ne dan nso a onipa de ne kokoam nneɛma begu mu.

22Eye, sɛ asetena yi mu, ohiani te n'ankasa fi, a wakuru so biara mu,

sen sɛ odi aduan twɔfee wɔ obi fi.

23Ma wo bo nnwo wɔ nea wowɔ ho, kɛse o, ketewa o.

24Ɛyɛ awerɛhow asetena sɛ

wofi fie ha a, na wokɔ ha,

na beae a woyɛ ɔhɔho no,

wuntumi mmue w’ano mpo.

25Wobegye ahɔho na woama wɔn aduan, nanso wɔrenna wo ase,

Eyi akyi no mpo wobɛte nsɛm nwene sɛ:

26Bra ha, ɔhɔho, to pon no,

ma me nea esi hɔ no bi.

27Twe wo ho, ɔhɔho, na animdefo wɔ ha;

me nua abɛsra me nti; mihia m'ahɔho dan no.

28Ɛyɛ den ma onipa nyansafo,

sɛ obetie saa atuatew ne ɔyaw yi

afi nea ɔbɔ bosea yi hɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help