Yeremia 26 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Wɔbɔ Yeremia duam na wogyaa no

1Yuda hene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba ahenni mfiase na asɛm yi fii AWURADE nkyɛn bae sɛ:

2Sɛ AWURADE se ni: Kogyina AWURADE fi abangua mu, na Yuda nkurow a wɔba AWURADE fi asɔre no nyinaa, ka nsɛm a mehyɛ wo sɛ ka kyerɛ wɔn no nyinaa gu wɔn so; nyi asɛm biara mfi mu;

3Yer 36.3 ebia wobetie, na wɔasan afi wɔn akwammɔne so, na manu me ho, bɔne a ɛwɔ me tirim sɛ wɔn nneyɛe bɔne nti mɛyɛ wɔn no ho.

4Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Sɛ muntie me, nni me mmara a, mede metoo mo anim no so

5Yer 25.4 na muntie me nkoa adiyifo a meresoma wɔn mo nkyɛn a mitua ahema mesoma wɔn na moantie no nsɛm no a,

6Yer 7.12-14; 1 Sa 4.4, 12 ɛno de mɛyɛ ofi yi sɛ Silo, na mede kurow yi mɛyɛ nnome mama asase so amanaman nyinaa.

7Na asɔfo ne adiyifo ne ɔman no nyinaa tee sɛ Yeremia reka nsɛm yi AWURADE fi.

8Na Yeremia wiee nsɛm a AWURADE hyɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ ɔman no nyinaa ka no nyinaa no, asɔfo ne adiyifo ne ɔman no nyinaa bumaa no kae sɛ: Owu na wubewu.

9Ɛdɛn nti na wode AWURADE din hyɛ nkɔm sɛ: Ofi yi bɛyɛ sɛ Silo, na kurow yi bɛsɛe a obi rentena mu? Na ɔman no nyinaa behyiaa AWURADE fi hyɛɛ Yeremia.

10Na Yuda mmapɔmma tee nsɛm yi no, wofii ahemfi foro baa AWURADE fi, na wɔbɛtenaa ase, AWURADE ponkɛse foforo no ano.

11Aso 6.13 Na asɔfo ne adiyifo no ka kyerɛɛ mmapɔmma ne ɔman no nyinaa sɛ: Wommu ɔbarima yi kumfɔ, efisɛ wahyɛ kurow yi ho nkɔm sɛnea motee no.

12Ɛnna Yeremia ka kyerɛɛ mmapɔmma no nyinaa ne ɔman no nyinaa sɛ: AWURADE na asoma me sɛ memmɛhyɛ ofi yi ne kurow yi ho nkɔm menka nsɛm a motee no nyinaa.

13Yer 7.3 Na afei momma mo akwan ne mo nneyɛe nyɛ yiye, na muntie AWURADE mo Nyankopɔn, na AWURADE nnu ne ho bɔne a ɔkae mo ho no ho.

14Na me de, hwɛ, mewɔ mo nsam, monyɛ me sɛ eye na ɛteɛ mo ani so.

15Ohu nko na munhu sɛ, sɛ mukum me a, mogya a edi bem na mobɛsesaw agu mo ne kurow yi ne emutefo so, na nokwarem, AWURADE na asoma me mo nkyɛn, sɛ memmɛka nsɛm yi nyinaa mingu mo asom.

16Ɛnna mmapɔmma ne ɔman no nyinaa ka kyerɛɛ asɔfo ne adiyifo no sɛ: Ɔbarima yi nsɛ owu, efisɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn din mu na ɔkasa kyerɛɛ yɛn.

17Na mmarima bi fi asase no so mpanyimfo mu sɔree, na wɔka kyerɛɛ ɔman baguafo no nyinaa sɛ:

18Mika 3.12 Mika a ofi Moreset hyɛɛ nkɔm Yuda hene Hesekia bere so, na ɔka kyerɛɛ Yuda man nyinaa sɛ: Sɛ asafo AWURADE se ni:

Wobefuntum Sion sɛ afuw,

na Yerusalem adan afabo akuwakuw,

na ofi no bepɔw no adan kwae mu sorɔnsorɔmmea.

19 Yer 18.8 So okum na Yuda hene Hesekia ne Yuda nyinaa kum no anaa? So ɛnyɛ AWURADE na osuroo no, na ɔkotɔ srɛɛ AWURADE, na AWURADE nso nuu ne ho bɔne a ɔka guu wɔn so no ho? Na yɛn de, yɛreyɛ bɔne kɛse atia yɛn kra yi?

Odiyifo Uria nkrabea

20Na ɔbarima bi nso wɔ hɔ a ɔbɛkaa adiyisɛm AWURADE din mu, Semaia ba Uria a ofi Kiriat-yearim, na ɔhyɛɛ kurow yi ne asase yi ho nkɔm sɛ Yeremia de no ara.

21Na ɔhene Yehoiakim ne ne nnɔmmarima nyinaa ne mmapɔmma no nyinaa tee ne nsɛm no, anka ɔhene hwehwɛ no akum no. Na Uria tee, na osuroe, na oguan kɔɔ Misraim.

22Na ɔhene Yehoiakim somaa mmarima bi kɔɔ Misraim, Akbor ba Elnatan ne mmarima bi a wɔka ne ho, na wɔkɔɔ Misraim,

23na wɔfaa Uria fii Misraim de no brɛɛ ɔhene Yehoiakim, na ɔde afoa kum no, na ɔtow ne funu kyenee nkurɔfo mma ada so.

24 2 Ah 22.12 Nso Safat ba Ahikam nsa na ɛda Yeremia ho, nea ɛbɛyɛ na wɔamfa no anhyɛ ɔman no nsa na wɔankum no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help