Numeri 21 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Kɔbere wɔ no

1Na Arad hene a ɔyɛ Kanaanni a ɔte anafo fam no tee sɛ Israel aba Atarim kwan so no, ɔne Israel bɛkoe, na ɔfaa wɔn mu binom nnommum.

2.

4 Deut 11.1-6; 14.2 Na wotu fii Hor bepɔw ho faa mmɛw po kwan so sɛ wɔretwa Edom asase ho kontonkron akɔ. Na ɔman no ahome tew wɔn pii ɔkwan no so.

5Na ɔman no kasa tiaa Onyankopɔn ne Mose sɛ ɛdɛn nti na muyii yɛn fii Misraim sɛ yemmewuwu sare so? Aduan biara nni hɔ, nsu nso nni hɔ, na aduan hunu yi afono yɛn.

61 Ko 10.9 Ɛnna AWURADE somaa awɔ a wɔn ano wɔ bɔre baa ɔman no mu bɛkekaa ɔman no, na Israel mu nnipa pii wuwui.

7Ɛnna ɔman no baa Mose nkyɛn bɛkae sɛ: Yɛayɛ bɔne sɛ yɛkasa tiaa AWURADE ne wo; pa AWURADE kyɛw na ommeyi awɔ no mfi yɛn so. Na Mose paa kyɛw maa ɔman no.

8Yoh 3.14 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Yɛ ɔwɔ a n'ano wɔ bɔre nsɛso, na fa no sɛn frankaa dua so; na obiara a ebi aka no no, sɛ ɔhwɛ a, obenya nkwa.

9Na Mose yɛɛ kɔbere wɔ no, na ɔde no sɛn frankaa dua no so; na sɛ ɔwɔ ka obi, na ɔhwɛ kɔbere wɔ no a, na wanya nkwa.

Israelfo toa wɔn akwantu no so

10Na Israelfo no tu kɔbɔɔ nsra wɔ Obot.

11Na wotu fii Obot kɔbɔɔ nsra Iye-haabarim, sare a ɛwɔ Moab anim, owia puebea no so.

12Ɛhɔ na wofi tu kɔbɔɔ nsra wɔ Sared subon mu.

13Ɛhɔ na wofi tu kɔbɔɔ nsra wɔ asubɔnten Arnon a ɛsen sare so a efi Amori hye so no agya, efisɛ Arnon ne ɔhye a ɛda Moab ne Amori ntam.

14Yos 10.13 Enti wɔka AWURADE akodi nhoma no mu sɛ:

Wɔnam ahuntu so faa Waheb

ne Arnon nsubon no,

15ne nea nsubon no sensen a

ɛdan kɔ Ar tenabea

na etweri Moab hye ho no.

16Ɛhɔ na wofi kɔɔ Beer, asubura a AWURADE kaa ho asɛm kyerɛɛ Mose sɛ: Boa ɔman no ano na mɛma wɔn nsu anom, no.

17Ɛbere no mu na Israel too dwom yi sɛ

Asubura, tue! Munnye no so!

18Asubura a atitiriw tui

na ɔman mu mmapɔmma fumfunui,

wɔde ahempoma ne wɔn mpoma.

Na wofi sare so kɔɔ Matana;

19na wofi Matana kɔɔ Nahaliel, na wofi Nahaliel kɔɔ Bamot;

20na wofi Bamot kɔɔ obon a ɛwɔ Moab petee mu, Pisga atifi a ɛkyerɛ sare pradada so no mu.

Wodi Sihon ne Og so nkonim

21 Deut 2.26-37 Na Israel somaa abɔfo kɔɔ Amorifo hene Sihon nkyɛn se:

22Deut 20.17 Ma memfa w'asase so; yɛremman mfuw mu ne nturo mu, yɛrennom abura mu nsu bi; ɔhene tempɔn so na yɛbɛnantew akosi sɛ yebetwam w'asase so.

23Nanso Sihon amma Israel antwam n'asase so; na ɔboaa ne man nyinaa ano fi behyiaa Israel, sare so, na ɔbaa Yahas ne Israel bɛkoe.

24Na Israel kum no nkrante ano faa n'asase fi Arnon kɔɔ Yabok so koduu Amonfo ho, efisɛ Amonfo no hye so hɔ yɛ den.

25Na Israel faa nkurow yi nyinaa, na Israel tenaa Amorifo nkurow no nyinaa mu, Hesbon ne ɛho nkurow nyinaa mu;

26na Hesbon ne Amorifo hene Sihon kurow, ɔno na ɔne kan Moab hene koe, na ogyee ne nsam nsaase nyinaa kosii Arnon ano.

27Ɛno nti na mmebufo no ka sɛ:

Mommra Hesbon!

Momma wɔnkyekye na wonsiesie Sihon kurow no.

28Na ogya bi fii Hesbon,

ogyaframa fii Sihon kuro kɛse mu;

ɛhyew Moab kurow Ar,

Arnon sorɔnsorɔmmea so awuranom no.

29 Ate 11.24; 1 Ah 11.7 Wo Moab, due!

Kemos man, moayera!

Wama ne mmammarima aguanguan,

na ne mmabea adan Amorifo hene Sihon nnommum.

30Na yɛabɔ wɔn agu, Hesbon ayera akodu Dibon;

yɛasɛe wɔn akɔfa Memfis

de akodu Medeba.

31Na Israelfo no tenaa Amorifo asase so.

32Na Mose soma kɔsraa Yaser, na wɔfaa ne nkurowa, na otuu Amorifo a wɔwɔ hɔ no.

33Deut 3.1-11 Na wɔdan wɔn ho foro kɔɔ Basan kwan so. Na Basan hene Og fii adi behyiaa wɔn, ɔno ne ne man nyinaa, sɛ wɔrebɛko wɔ Edrei.

34Nnw 136.17-22 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Nsuro no, na mede no ne ne man nyinaa ne n'asase mahyɛ wo nsam, na woayɛ no sɛnea woyɛɛ Amorifo hene Sihon a ɔtenaa Hesbon no.

35Na wokunkum no ne ne mma ne ne man nyinaa a obiara antumi anguan, na wɔfaa asase no dii so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help