2 Samuel 3 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Dawid mma

1 2 Sa 5.10 Na akodi daa Saul fi ne Dawid fi ntam kyɛe. Na Dawid de, ɔkɔɔ so yɛɛ den ara, na Saul fi de, wɔkɔɔ so gurowee ara.

2 1 Be 3.1-4; 2 Sa 13.1 Na wɔwoo mmammarima maa Dawid wɔ Hebron. N’abakan ne Amnon a Yesreelni Ahinoam woo no.

3Na nea ɔto so abien ne Kileab a Abigail, Karmelni Nabal yere no woo no. Na nea ɔto so abiɛsa ne Absalom a ɔyɛ Gesur hene Talmai babea Maaka ba.

41 Ah 1.5 Na nea ɔto so anan ne Adonigya a ɔyɛ Hagit ba. Na nea ɔto so anum ne Abital ba Sefatia.

5Na nea ɔto so asia ne Dawid yere Egla ba Yitream. Eyinom na wɔwoo wɔn maa Dawid wɔ Hebron.

Abner de ne ho kɔbɔ Dawid ho

6Na bere a akodi da Saul fi ne Dawid fi ntam no, Abner kɔɔ so yɛɛ den Saul fi mu ara.

72 Sa 21.8 Nso Saul wɔ ɔyefam bi a ne din de Rispa a ɔyɛ Aya babea. Na Is-boset ka kyerɛɛ Abner sɛ. Ɛdɛn nti na wokɔ m’agya yefam ho?

8Na Is-boset asɛm no yɛɛ Abner abufuw sɛ, na ɔkae sɛ: So ɔkraman ne me a, me ne Yuda asidi mu meyɛ w’agya Saul fi, ne nuanom ne ne nnamfonom adɔe nnɛ, na minyii wo menhyɛɛ Dawid nsa na worehwehwɛ me ho amumɔyɛ ɔbea yi ho?

9Saa na Onyankopɔn nyɛ Abner na saa na ɔnkɔ so nyɛ no, sɛnea AWURADE kaa Dawid ntam no, saa na mɛyɛ mama no,

10sɛ wɔbɛma ahenni no afi Saul fi, na wɔde Dawid ahengua asi Israel ne Yuda so, afi Dan akosi Beer-seba.

11Na sɛ osuro no nti, wantumi ammua Abner asɛm bi bio.

12Na Abner somaa abɔfo sii n’ananmu kɔɔ Dawid nkyɛn kɔkae sɛ. Hena na asase yi wɔ no? Ɔkae nso sɛ. Wo ne me mpam; na hwɛ, me nsa bɛka wo ho de adan Israel nyinaa aba wo nkyɛn.

13Na ɔkae sɛ. Wiɛ, me ne wo bɛpam. Na ade biako pɛ na merebisa wo hɔ sɛ: Nhu m’anim gye sɛ wode Saul babea Mikal ba ansa na woaba abɛhwɛ m’anim.

141 Sa 18.25-27 Na Dawid somaa abɔfo kɔɔ Saul ba Is-boset nkyɛn kɔkae sɛ: Fa me yere Mikal a mede Filistifo mmarima ano ɔha migyee no aware no brɛ me.

151 Sa 25.44 Na Is-boset soma ma wɔkɔfaa no fi ne kunu Lais ba Paltiel nkyɛn.

16Na ne kunu no ne no kɔe, na ɔde osu dii n’akyi ara koduu Bahurim. Ɛnna Abner ka kyerɛɛ no sɛ: San kɔ! Na ɔsanee.

17Na Abner ne Israel mpanyin kasae sɛ: Mmere a atwam no, na mohwehwɛ Dawid sɛ ommedi mo so hene.

18Na afei monyɛ ɛ! Efisɛ AWURADE aka akyerɛ Dawid sɛ: M’akoa Dawid nsa na mede megye me man Israel, Filistifo ne wɔn atamfo nyinaa nsam.

19Na Abner kasa guu Benyamin asom nso, na Abner kɔe nso kɔkaa nea eye, Israel ne Benyamin fi nyinaa ani so, guu Dawid asom Hebron.

20Na Abner baa Dawid nkyɛn Hebron a nnipa aduonu ka ne ho. Na Dawid tow Abner ne mmarima a wɔka ne ho no pon.

21Na Abner ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Mɛsɔre makɔ makɔboaboa Israel nyinaa ano mabrɛ me wura, na wɔne wo apam na woadi wɔn a wɔpɛ nyinaa so hene. Na Dawid gyaa Abner kwan na ɔkɔe asomdwoe mu.

Wokum Abner

22Na hwɛ, Dawid nkoa ne Yoab fii akofo asafo mu bae, na wɔde asade pii nso bae. Na Abner nni Dawid nkyɛn Hebron, efisɛ wagya no kwan ma ɔkɔ dwoodwoo.

23Na Yoab ne dɔm a wɔka ne ho nyinaa bae no, wɔka kyerɛɛ Yoab sɛ: Ner ba Abner aba ɔhene nkyɛn na wagya no kwan na ɔkɔ asomdwoe mu.

24Na Yoab baa ɔhene nkyɛn bɛkae sɛ: Dɛn na woayɛ yi? Hwɛ, Abner aba wo nkyɛn, ɛdɛn nti na woagya no kwan na ɔkɔ yi?

25Wunim Ner ba Abner sɛ ɔbae sɛ ɔbɛdaadaa wo na wahu wo kɔree ne bae na wahu nea woreyɛ nyinaa.

26Na Yoab fii adi fii Dawid nkyɛn na ɔsomaa abɔfo kotiw Abner na wɔde no fii Sira abura ho san bae. Na Dawid de na onnim.

271 Ah 2.5; 2 Sa 2.23 Na Abner san baa Hebron no, Yoab de no man kɔɔ kurow pon no mu, sɛ ɔne no kɔkasa brɛoo, ɛhɔ na ne nua Asahel mogya nti ɔkɔwɔɔ ne yafunum ma owui.

28Na ɛno akyi Dawid tee na ɔkae sɛ: Me ne m’ahenni di Ner ba Abner mogya ho bem AWURADE anim daa.

29Wɔmma emmua Yoab atifi ne n’agya fi nyinaa so nanso wɔmmma nea ne ho sen nsu bi, ne ɔkwatani ne nea otweri poma so, ne nea ɔtɔ nkrante ano ne nea aduan bɔ no, mmpa Yoab fi da.

30Na Yoab ne ne nua Abisai dii Abner awu, efisɛ okum wɔn nua Asahel Gibeon ko no mu.

Wosie Abner

31Na Dawid ka kyerɛɛ Yoab ne ɔman a wɔka ne ho no nyinaa sɛ: Munsunsuane mo ntade mu na mumfurafura atweatam na muntwa adwo mma Abner. Na ɔhene Dawid dii funnaka no akyi.

321 Sa 30.4 Na wɔkoraa Abner wɔ Hebron. Na ɔhene maa ne nne so sui Abner da so na ɔman no nyinaa sui.

33Na ɔhene twaa Abner ho kwadwom yi sɛ:

So ɛsɛ sɛ Abner wu ogyennyentwi wu?

34Wɔankyere wo nsa da,

na wɔanto wo nan mpokyerɛ da.

Sɛ wɔtɔ amumɔyɛ mma anim na woatɔ yi.

Na ɔman no nyinaa kɔɔ so suu no bio.

35Na ade nsae no, ɔman no nyinaa bae sɛ wɔbɛma Dawid adidi nanso Dawid kaa ntam sɛ: Saa na Onyankopɔn nyɛ me na ɔnkɔ so nyɛ, sɛ mede aduan anaa biribiara meka m’ano ansa na owia kɔtɔ a!

36Na ɔman no nyinaa hui, na ɛsɔɔ wɔn ani, sɛ ade a ɔhene yɛ nyinaa sɔ ɔman no nyinaa ani no.

37Na ɔman no nyinaa ne Israel nyinaa hui da no, sɛ ɛnyɛ ɔhene na ɔma wokum Ner ba Abner.

381 Sa 26.15 Na ɔhene ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: So munnim sɛ ɔsafohene ne onipa kɛse atɔ nnɛ da yi Israel?

39Na me de, ɛnnɛ meyɛ mmerɛw na wɔasra me asi me hene; na mmarima yi, Seruia mma yi, yɛ den ma me. AWURADE ntua nea ɔyɛ bɔne no ka sɛnea ne bɔne te.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help