Sirak 17 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

1 Gye 1.26-28; 2.7 Awurade de dɔte bɔɔ onipa.

na ɔma wɔsan kɔɔ dɔte mu bio.

2Na wakari onipa nna,

nanso ɔde abɔde so tumi ahyɛ ne nsa wɔ asase yi so.

3Ɔdom wɔn ahoɔden sɛnea ɔno de te ara pɛ,

na ɔbɔɔ wɔn wɔ n'ankasa suban so.

4Ɔde nnipa ho suro hyɛɛ abɔde a ɛte ase nyinaa mu,

na ɔde mmoa ne nnomaa hyɛɛ ne nsa.

5Onipa nyaa ne nkatede ahorow anum

no fii Awurade nkyɛn,

na nea ɛto so asia adwene nso,

ɔde kyɛɛ no kwa.

Na nea ɛto so ason,

ɛyɛ nea enti a wɔyɛ biribi,

ne ne nkyerɛase nyinaa fi Awurade hɔ.

6Anidahɔ, tɛkrɛma ne aniwa,

aso ne adwene a wɔde susuw nyinaa Awurade de mae.

7Ɔde nimdeɛ ne ntease hyɛɛ wɔn ma,

na ɔkyerɛɛ wɔn papa ne bɔne.

8Ɔde ne ho suro hyɛɛ wɔn komam,

de kyerɛɛ wɔn tumi a ɔwɔ wɔ ne nnwuma so.

10Na wɔhyɛ no anuonyam daa daa,

na wɔabɔ ne nnwuma ne ne kɛseyɛ no ho dawuru.

11Ɔde nimdeɛ hyɛɛ wɔn ma

na ɔde abrabɔ mu mmara hyɛɛ wɔn nsa.

12Ɔne wɔn yɛɛ apam,

na ɔdaa ne mmara adi kyerɛɛ wɔn.

13Wɔn aniwa huu ne kɛseyɛ,

na wɔn aso tee n'anuonyam.

14Na osee wɔn sɛ: Monhwɛ yiye

wɔ bɔne nyinaa ho.

Na ɔde mmara a ɛfa wɔn yɔnko

ho maa wɔn.

Onyame yɛ Ɔtemmufo

15AWURADE nim wɔn akwan nyinaa.

wɔrenhintaw mfi n’ani so.

17Oyi ɔhene wɔ ɔman biara mu,

nanso Israel de ɔyɛ Awurade no ara de.

19Wɔn nnwuma nyinaa da n'anim hann sɛ awia,

na ohu wɔn akwan mu pefee.

20Wɔn amumɔyɛ nhintaw da Awurade anim,

na n'aniwa hu wɔn akwan mu daa.

22Onipa adɔeyɛ te sɛ ade ketewa wɔ Awurade anim,

na ɔbɛkora onipa ayamye sɛ n’aniwakesua.

23Akyiri yi, ɔbɛsɔre atua wɔn ka,

na ɔde wɔn akatua begu wɔn atifi.

24Nanso wɔn a wonu wɔn ho no ɔma wɔsan ba,

na ɔhyɛ wɔn a wɔrepa abaw no nkuran.

Adwensakra ho afotu

25 Yer 3.12 San bra Awurade nkyɛn na guan bɔne,

bɔ mpae wɔ n’anim na brɛ wo mfomso ase.

26San bra Ɔsorosoroni no nkyɛn

na twe wo ho fi amumɔyɛ ho,

na wakyi nea ɛyɛ n'akyide.

27 Nnw 6.5; Yes 38.18; Bar 2.17, 18 Hena na ɔbɛto ayeyidwom ama

Ɔsorosoroni no wɔ asaman,

ateasefo akyi no, hena na otumi da ase?

28Awufo, te sɛ nea ɔntenaa ase da, n'aseda asa.

Nea ɔte ase na ɔwɔ ahoɔden no,

na ɔto Awurade ayeyi dwom.

29Awurade ahummɔbɔ dɔɔso,

wɔ wɔn a wɔsan ba ne nkyɛn no so!

30Efisɛ onipa ahoɔden sua,

na onipa rentena hɔ daa.

31Dɛn na ɛhyerɛn sen awia? Nanso sum tumi duru no.

Saa ara na bɔne tumi kyere onipa adwene.

32Ɔhyehyɛ wim nterɛwmu wɔ soro no ho;

nanso nnipa nyinaa yɛ dɔte ne nso.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help