1Mmere a Yudif wiee ne mpaebɔ ne su a ɔresu afrɛ Israel Nyankopɔn, na ɔde nsɛm nyinaa baa awiei no,
2ɔsɔre fii beae a ɔde n'anim butuw fam no, na ɔfrɛɛ n’abaawa no na wɔkɔɔ dan a ɔtena mu homeda ne afahyɛ nna no mu.
3Na ɔpaa atweatam a na ofura no guu hɔ, na oyii ne kuna ntama no, na oguaree de sradehuam sraa ne ho. Onunuu ne tirim, bɔɔ dukuu, faa n’afahyɛ atade a ne kunu Manase te ase no, ɔno Yudif taa hyɛ no.
4Na ɔhyɛɛ mpaboa, hyɛɛ kawa wɔ n’anan ne ne nsa, n’asomade, ne ahyehyɛde ahorow maa ne ho yɛɛ fɛfɛɛfɛ a sɛ ɔbarima biara hu no a ne kɔn bɛdɔ no.
5Na ɔmaa n’abaawa no nsa tumpan ma, ngo toa ma, nkyeweɛ kotoku ma, nnuaba a wɔahata ne brodo papa bi. Osiesiee ne nnuan nyinaa de maa n'abaawa no sɛ ɔnsoa.
6Na afei, opue kɔɔ kurow Betulia apon ano, kohuu Ussia ne kuropɔn no mu mpanyimfo Karis ne Karmis sɛ wogyina hɔ.
7Mmere a wohuu n'ahosiesie ne n'ahoɔfɛ no, wɔn ho dwiriw wɔn, sɛ wasesa saa, na wosee no sɛ:
8Yɛn agyanom Nyankopɔn nyɛ wo adom, na wo nhyehyɛe nyinaa mmra mu, sɛnea ɛbɛyɛ a Israelfo benya anuonyam na Yerusalem atu mpɔn. Na ɔkotow daa Nyankopɔn ase.
9Na osee wɔn sɛ: Momma wommue kurow no pon mma me, sɛnea ɛbɛyɛ a mepue na makɔyɛ nneɛma a mo ne me aka ho asɛm no. Nti wɔka kyerɛɛ mmerante no sɛ, wommue ɔpon no mma no sɛnea ɔkae no.
10Mmere a wobuei no, Yudif ne n'abaawa no puei, na kurom hɔ mmarima no, hwɛɛ no ara kosii sɛ ɔforoo bepɔw no, na osian faa obon no mu kɔe na afei de wɔanhu no bio.
Wɔkyere Yudif11Mmea yi refa obon no mu tee no, Asiria asraafo hyiaa no na,
12wɔkyeree no, na wobisaa no sɛ: Na woka nkurɔfo bɛn ho, na wufi he, na ɛhe na worekɔ? Na obuaa wɔn sɛ, meyɛ Hibrini ababaa mmom mereguan afi wɔn nkyɛn, efisɛ worebegyaa wɔn ho mu ama mo, na moasɛe wɔn.
13Me nan si kwan so rekɔ mo sahene Holoferne ankasa anim, makɔka mu nokware akyerɛ no; na makyerɛ no kwan bi a obetumi afa so agye nkoko so aman no nyinaa, a ne sraani biako mpo renyera, anaa wɔmmfa no nnommum, anaa wonkum no mpo.
14Mmere a nkurɔfo no tee n'asɛm, na wɔhwɛɛ n’anim no, wohuu sɛ ɔyɛ ɔhoɔfɛfo sonowonko na, wɔsee no sɛ:
15Woagye wo ho nkwa sɛ woapɛ ntɛm aba yɛn wura anim. Kohu no ntɛm wɔ ne ntamadan no mu. Yɛn mu binom ne wo bɛkɔ de wo akɔhyɛ ne nsa.
16Na sɛ wudu n'anim a nsuro, mmom ka nea woaka yi, na ɔne wo bedi no yie.
17Woyii wɔn nkurɔfo no mu nnipa ɔha sɛ wɔnka abaawa no ho nkɔ, na wɔde wɔn baa Holoferne ntamadan no mu.
18Nsra no mu hɔ nyinaa bɔɔ twi efisɛ wɔkaa ne ho nsɛm fi ntamadan biako mu, de kɔɔ foforo mu. Na wobetwaa ne ho hyiae. Bere a ogyina Holoferne ntamadan akyi retwɛn, na wɔreka ne ho asɛm akyerɛ no no .
19n’ahoɔfɛ yɛɛ wɔn nwonwa, na ɛnam no so, wɔn ani sɔɔ Israelfo sɛ wɔn ho yɛ fɛ. Hena na obebu saa nkurɔfo yi a, wɔwɔ mmea a wɔtete saa wɔ wɔn mu yi animtiaa? Enye sɛ wogyaa wɔn mmarima no mu biako mpo tena ase, efisɛ sɛ yɛma wofi nsa a, wobetumi adaadaa wiasefo nyinaa!
Wɔde Yudif ba Holoferne anim20Na Holoferne, banbɔfo no, ne ne nkoa nyinaa pue, bɛfaa no kɔɔ ntamadan no mu.
21Na Holoferne rehome wɔ ne mpa so wɔ pata bi a wɔde sika kɔkɔɔ, nwera pa ne ntama ahabammono anwene no ase.
22Mmere a wɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ no no, ɔba begyinaa ntamadan no anim, a wokura dwetɛ akanea di n'anim.
23Yudif baa Holoferne ne ne nkoa no anim no, awuraa no anim dua fɛ yɛɛ wɔn nwonwa; na ɔkotow fam de kyiaa no, na ne nkoa no maa no so.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.