Luka 24 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Yesu sɔre fi awufo mu(Mateo 28.1-8; Marko 16.1-8; Yohane 20.1-13)

1Na da a edi nnawɔtwe kan no anɔpahema, wɔkɔɔ ɔda no so, na wɔde nnuru huamhuam a wɔasiesie no bae.

2Na wohuu ɔbo no sɛ apirew afi ɔda no ano,

3na wɔhyɛn mu no, wɔanhu Awurade Yesu amu no.

4Na ɛbae sɛ eyi yɛɛ wɔn tirim keserenee no, hwɛ, mmarima baanu begyinaa wɔn nkyɛn a wɔhyɛ ntade a ɛhyerɛn.

5Na ehu kaa wɔn ma wosisii wɔn ti ase, na mmarima no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn na mohwehwɛ ɔteasefo no awufo mu yi?

6Onni ha, na wasɔre. Monkae sɛnea ɔwɔ Galilea no, ɔka kyerɛɛ mo

7Yesu sorokɔ(Marko 16.19; Asomafo 1.4-14)

50Na ɔde wɔn fii adi koduu Betania; na ɔmaa ne nsa so hyiraa wɔn.

51Na ɛbae sɛ ɔrehyira wɔn no, ɔne wɔn paepaee mu, na wɔmaa no so kɔɔ soro.

52Na wɔkotow sɔree no, na wɔde anigye kɛse san baa Yerusalem.

53Na wɔwɔ asɔrefi hɔ daa yii Onyankopɔn ayɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help