Nnwom 32 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Bɔne fakyɛ mu ahotɔDawid de. Nnwenho dwom

1 Rom 4.6-9 Nhyira ne nea wɔde ne mmarato akyɛ no,

na wɔakata ne bɔne so.

2Nhyira ne onipa a AWURADE mmu n’amumɔyɛ ngu no so,

na nnaadaa nni ne honhom mu.

3 Nnw 31.11; 51.8 Na mimuaa m’ano no, me nnompe gurowee,

m’apini a misii daa nyinaa nti.

4Na awia ne anadwo wo nsa yɛɛ me so duru,

me mu nsu twee,

na mikisae sɛ awia bere mu.

5 Mmb 28.13 Mekaa me bɔne mekyerɛɛ wo,

na mankora m’amumɔyɛ so.

Mekae sɛ: Mɛka me mmarato makyerɛ AWURADE.

Na wo na wode me bɔne so mmusu kyɛe.

6Eyi nti teeni biara mmɔ wo mpae da a obehu wo.

Ampa ara, sɛ asu kɛse yiri a, ɛremfa onii ko.

7Wone me hintabea,

wobɛbɔ me ho ban, na me ho anhia me,

na wode nkwagye nnwom atwa me ho ahyia.

8 Nnw 25.12 Na wo AWURADE aka sɛ: Mebue w’adwenem, na makyerɛ wo

ɔkwan a wobɛfa so,

m’ani wɔ wo so, na metu wo fo.

9 Mmb 26.3 Monnyɛ sɛ apɔnkɔ anaa mfurumpɔnkɔ a wonnim de,

nnareka ne ɛho hama na wɔde to wɔn ano twe wɔn,

anka wɔrentwiw mmɛn wo.

10Ɔbɔnefo yaw dɔɔso,

na nea ɔde ne ho to AWURADE so no,

wɔde adɔe bedi no barehyia.

11 Nnw 33.1 Treneefo, momma mo ani nnye AWURADE ho, na munni ahurusi!

Komam teefo nyinaa, momfa anigye nhuro!

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help