1bɔne renka onipa a osuro Awurade,
na ne sɔhwɛ mu no, obeyi no afi mu daa ne daa.
2Onyansafo remfom mmara no,
mmom nea ɔyɛ ne ho nyaatwomni no,
te sɛ bonto a ahum atu no so sa.
3Nea onim nyansa no,
de ne werɛ hyɛ mmara no mu;
onipa ko no, fa mmara no
sɛ ɛyɛ honhom bi anom kasa,
4Dwene nea wobɛka no ho,
na nnipa betie wo;
fi nea woasua no mu bua wo nsɛm.
5Ɔkwasea koma te sɛ teaseɛnam anan,
na n'adwene te sɛ ade a
wɔde dade na ekyinkyim.
6Adamfo a odi fɛw no
te sɛ ɔpɔnkɔnini a osu,
ɛmfa ho nea ɔte no so.
Nnipa nyinaa nyɛ pɛ7Dɛn nti na da bi ye kyɛn da bi,
wɔ mmere a adekyee fi awia hɔ afe mu no?
8Awurade nyansa mu na ɔkyɛɛ mu
na ɔno ara hyehyɛɛ mmere ne afahyɛ ahorow.
9Ɔpagyaw nna no bi yɛɛ no kronkron,
na emu bi nso ɔyɛɛ wɔn saa ara.
10Nnipa nyinaa fi dɔte mu
na emu na woyii wɔn fii.
11Awurade nimdeɛ a ewie pɛyɛ mu na ɔyɛɛ wɔn sonowonko,
na ɔhyehyɛɛ wɔn akwan ahorow so.
12Ohyiraa binom na ɔmaa wɔn so,
na ebinom nso ɔyɛɛ wɔn kronkron na ɔtwee wɔn bɛn n'ankasa;
na ebinom nso ɔdomee wɔn na ɔbrɛɛ wɔn ase,
na oyiyii wɔn fii wɔn sibea.
13Te sɛ dɔte a ɛwɔ ɔwemfo nsam no,
nea ɔno ara pɛ na ɔde yɛ,
saa na adasamma nyinaa te wɔn bɔfo no nsam,
na ɔma wɔn nea ɔno ara pɛ.
14Papa abirabɔ ne bɔne,
na nkwa abirabɔ ne owu;
na ɔbɔnefo abirabɔ ne nea ɔwɔ nyamesuro.
15Hwɛ Ɔsorosoroni no nsaano adwuma nyinaa;
wɔba abien abien, biako ne biako bɔ abira.
16Me na mekaa akyi sii ho pe;
Meyɛɛ sɛ obi a odi mpɛpɛw wɔ bobe aba tetewfo akyi;
17Awurade miaa me ma mebaa kan,
na sɛnea ɛte wɔ bobe aba tetew ho no me na mebaa kan.
18Dwene ho sɛ menyɛɛ dwuma mmaa me nkutoo ho,
mmom mayɛ ama wɔn a wɔpɛ nkyerɛkyerɛ nyinaa.
Di wo ho so19Muntie me, mo a moyɛ atitiriw wɔ ɔman no mu,
ne mo a moyɛ adikanfo wɔ dɔm no mu, monyɛ aso.
20Ɛkɔ ma ɔbabarima anaa ɔyere,
ɛkɔ ma onua barima anaa adamfo,
sɛ wote ase yi, nnyaa wo ho mu mma obi,
na mfa w'agyapade nso mma obi
ebia wobɛsesa w'adwene na woagye bio.
21Sɛ wote nkwa mu na ɔhome wɔ wo mu yi,
mfa w'afa mma obi.
22Efisɛ eye sɛ wo mma bebisa biribi afi wo nkyɛn,
kyɛn sɛ wobebisa biribi afi wo mma hɔ.
23Nea woyɛ nyinaa, yɛ no yiye
ngu wo ho anim ase da.
24Bere a wo nkwa nna to betwa no,
wo wu bere redu a, kyɛ w'agyapade.
Nkoa asetena ho nsɛm25Aduan, abaa ne adesoa wɔde soa afurum;
aduan, ntetewee ne adwuma wɔde ma ɔsomfo.
26Hwɛ ma w’akoa nyɛ adwuma, na wobenya kwan ahome;
mma ɔntena hɔ kwa, na ɔbɛpɛ fawohodi.
27Kɔnnua ne abaa tumi ma kɔn brɛ,
na ɔsomfo bɔne no nya yaw ne ayakayakade.
28Kyerɛ no adwuma ma ɔnyɛ, na wantena hɔ kwa,
29efisɛ anihaw de bɔne ba.
30Kyerɛ no adwuma a ɛsɛ no ma ɔnyɛ,
na sɛ wanyɛ osetie a, ma ne yaw mu nyɛ duru.
Nyɛ ɔhaw mma obiara na nyɛ nea enye.
31Sɛ wowɔ akoa biako a, yɛ no sɛ wo ara pɛ,
efisɛ wode mogya na ɛtɔɔ no.
Sɛ wowɔ akoa biako a, yɛ no sɛ onua,
efisɛ wobehia no sɛ wohia wo kra.
32Sɛ woyɛ no bɔne a, na ofi wo nkyɛn guan kɔ a,
ɛhefa na wobɛkɔ akɔhwehwɛ no?
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.