2 Makabe 13 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Menelau wu

1Afe a ɛto so ɔha aduanan akron mu no, Yuda ne n'asraafo no tee sɛ Antioku Eupator de ne dɔm rebɛtoa Yudea.

2Ɔne Lisia a ɔyɛ ne hwɛfo no, na aban no hyɛ ne nsa no. Wɔn mu biara kurakura Helafo fam asraafo mpem ɔha ne du, apɔnkɔso asraafo mpem anum ahasa, asono aduonu abien, ne nteaseɛnam ahasa a wɔde akode ahyehyɛ mu ma.

3Menelau nso kɔkaa wɔn ho, na ne nyaatwom nkutoo nti, ɔhyɛɛ Antioku sɛ ɔnkɔ so nyɛ nea ɔreyɛ no, ɛnyɛ ɔman no yiyedi nti na ɔkaa saa, na mmom ɔdwenee sɛ ɛno bɛma ne dibea no atim.

4Nanso Ahene mu hene no maa Antioku abufuw sɔre tiaa ogyennyentwi yi; na bere a Lisia kae kyerɛɛ no sɛ, saa onipa yi nti na basabasa no nyinaa aba no, ɔhyɛɛ wɔn mmara sɛ wɔmfa no nkɔ Beroea, na wɔmfa kwan a wofa so kum nnipa wɔ hɔ no nkum no, sɛnea hɔ amammerɛ te no.

5Na abantenten wɔ saa beae hɔ, a ne tenten yɛ basafa aduonu anum; na nso ahyɛ no ma. Na nkaa deda ano twa ho hyia, na afa biara, wɔayɛ no teaa de kɔ nso no mu.

6Emu no, na wopia onipa biara a waka abususɛm anaa wagye din wɔ awurukasɛm mu no kɔtɔ.

7Saa kwan yi so na Menelau mmaratoni no nam wui, mpo wɔansie no wɔ asase mu.

8Na eyi teɛ ma no pɛpɛ; efisɛ na wayɛ bɔne pii atia afɔremuka a ɛso gya ne nso yɛ kronkron no, ɔno nso wui wɔ nso mu.

Akodi a ɛbɛn Ahenkurow Modein

9Na ɔhene no de ahantan kwa reba abɛkyerɛ Yudafo no nea ɛyɛ den koraa sen nea atwam wɔ n’agya bere so no.

10Nanso bere a Yuda tee no, ɔhyɛɛ ɔmanfo no mmara sɛ wɔnkotow nsrɛ Awurade adekyee ne adesae, sɛ ɔmmɛboa ne nkurɔfo a, aba sɛ woresiw wɔn kwan wɔ wɔn mmara ho, na wɔagye wɔn man ne wɔn asɔrefi kronkron afi wɔn nsam no.

11Na ɔmmma nnipa a afei na wɔresɔre bio no, nsan nnkɔ amanfrafo a wɔka abususɛm no nsam.

12Bere a wɔn nyinaa bɔɔ mu de nusu, akɔnkyen, ne fam nna nnansa srɛɛ, Awurade mmɔborohunufo no, daadaa no, Yuda kasa kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ krado.

13Ɔne mpanyimfo kɔɔ nhyiam wɔ baabi komm wiei no, ɔhyɛɛ ne ho den, tuu anammɔn paa so, sɛ wɔbɛkɔ na Onyankopɔn adaworoma wahwɛ nea ebesi, ansa na ɔhene asraafo no aba Yudea abegye ahenkurow no.

14Nti ɔde biribiara hyɛɛ wiase Bɔfo no nsa, na ɔkasa kyerɛɛ n'asraafo no sɛ, wɔnko nkoden nkodu wu mu, mma mmara no, asɔrefi no, ahenkurow no, ɔman no, ne kwaman nyinaa no, ɔde ne nsraban sii beae a ɛbɛn Modein.

15Asɛm a ɔka kyerɛɛ n'asraafo dɔm no, sɛ ɛnka wɔn ano ne: Nkonimdi yɛ Onyankopɔn dea. Na oyiyii mmerantewa akokodurufo no sɛ n'asraafo. Na ɔne wɔn kɔtoaa ɔhene no tenabea anadwo, na okunkum nnipa mpennu wɔ nsraban no mu. Ɛsono a odi anim ne ne sotefo de opiraa wɔn nyinaa.

16Awiei no, wɔmaa hu ne basabasayɛ baa nsraban no mu, na ɔne n'asraafo no de nkonimdi kɔe.

17Eyi sii bere a anim retetew, efisɛ Awurade bɔɔ wɔn ho ban.

Antioku a ɔto so anum no ne Yudafo no yɛ apam(1 Makabe 6.48-63)

18Ɔhene no huu Yudafo no akokoduru, enti ɔfaa ɔkwan bi so toaa wɔn wɔ beae a wɔwɔ no.

19Ɔkɔtoaa Betsur, a ɛyɛ Yudafo no akodan dennen no, nanso wantumi. Ɔsan toaa wɔn bio na Yudafo no kaa no gui.

20Yuda de asraafo kɔmaa no, bere biara a ɛfata.

21Mmom Rodokus, Yudafo no atitiriw no mu biako kɔkaa kokoam mu asɛm kyerɛɛ atamfo no. Wɔkɔhwehwɛɛ no, kyeree no de no kɔtoo afiase.

22Ɔhene no ne ɔmanfo no yɛɛ nhyehyɛe bio wɔ Betsur, wɔkaa ntam, wɔpene tee wɔn ho ase, wɔsan wɔn akyi, kɔtoaa Yuda ne n'asraafo no, wɔkaa wɔn gui;

23wɔkaa kyerɛɛ no sɛ, Filipo a wɔagyaw aban no ahyɛ ne nsa no, atew atua wɔ Antiokia; ɛyɛɛ no ateetee, na ɔfrɛɛ Yudafo no, maa ne nsa so, na ɔkaa ntam sɛ ɔbɛyɛ wɔn apɛde ama wɔn, ɔne wɔn bɛtena na wabɔ afɔre, na wadi kronkronbea hɔ ni, na ɔde akyɛde maa kronkronbea hɔ.

24Ogyee Makabe too mu, na ɔde Hegemonide yɛɛ amrado fi Polemi kɔpem Gerar.

25Na ɔkɔɔ Polemi no, ɔmanfo no faa nhyehyɛe no ho abufuw; nokwarem no, wɔn abufuw no ano yɛ den sɛ, anka wonyae a anka, emu nsɛm no, wobetutu gu.

26Lisia kogyinaa bagua no mu, na ɔkyerɛkyerɛɛ mu ara yiye, de danee wɔn adwene, na ɔpataa wɔn, na wogyee no anoye, na osiim sɛ ɔrekɔ Antiokia. Saa na ɔhene no ntoabɔ ne n'akyisan kowiei nen.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help