1Nun ba Yosua yɛ ɔkokodurufo wɔ ɔko mu,
na ɔno na ɔhyɛɛ Mose ananmu wɔ nkɔmhyɛ dwumadi no mu.
Ɔbɛyɛɛ sɛnea ne din kyerɛ no,
Ɔyɛ ogyefo kɛse, Onyankopɔn nkurɔfo,
ɔbɛtɔɔ n'atamfo a wɔsɔre tiaa no so were,
sɛnea ɛbɛyɛ a ɔde Israel agyapade bɛma no.
2Sɛ ɔma ne nsa so a, na ɛyɛ anuonyam nkutoo,
na ɔmaa ne nkrante so wɔ nkuropɔn no so.
3Hena na otumi gyinaa saa, ansa na Yosua reba?
Efisɛ ɔko maa Awurade.
4Ɛnyɛ ne nsa so na ɛnam maa owia gyinae?
Na da koro yɛɛ sɛ nnanu?
5Osu frɛɛ Ɔsorosoroni Tumfo no,
bere a atamfo kyeree no so wɔ afanan nyinaa no,
na Awurade Tumfo no tiee no,
de amparuwbo yɛɛ akode maa no.
6Ɔmaa ɔko sian baa saa aman no so,
na atamfo no resian no, ɔsɛe wɔn.
nea ɛbɛyɛ a amanaman no behu, n’akode
sɛ ɔreko wɔ Awurade anim;
efisɛ ɔyɛ Otumfo no akyidifo mapa.
Kaleb7 Num 14.6-10; 11.21 Mose bere so no, ɔkyerɛɛ nokwaredi,
ɔne Yehunne ba Kaleb;
wosiw nnipa no kwan,
amma wɔannyɛ bɔne
na wɔbrɛɛ wɔn anwiinwii ase.
8Na saa nipa baanu no nkutoo na wonyaa nkwa,
a na asraafo no yɛ nnipa mpem ahansia a wɔnam fam,
de wɔn baa wɔn agyapade mu,
wɔbaa asase a eye so.
9Na Awurade maa Kaleb ahoɔden,
na ɔtenaa saa ahoɔden no mu ara koduu ne nkwakorabere;
nti ɔkɔɔ nkoko so man no mu,
na ne mma de yɛɛ wɔn agyapade;
10ama Israelfo nyinaa ahu,
sɛ eye sɛ wodi Awurade akyi.
Atemmufo11 Ate 1.1—16.31 Atemmufo no, na wɔwɔ din ahorow,
wɔne wɔn a koma anni abosom akyi
na wɔannan wɔn akyi ankyerɛ Awurade,
nhyira nka wɔn daa!
12Wɔn nnompe nsoma abrabɔ foforo mfi nea wɔwɔ hɔ mmra,
na wɔn a wɔn din anya anuonyam no,
nnwuma ntena wɔn mma mu bio!
Samuel13 1 Sa 3.19, 20; 7.9-11; 10.1; 12.3; 16.13; 28.18, 19 Samuel, na ɔyɛ Awurade dɔba,
Awurade diyifo a ɔde no kyekyeree aheman,
na ɔsraa aman sodifo ngo.
14Ɔde Awurade mmara buu ɔman no,
na Awurade hwɛɛ Yakob so.
15Ne nokwaredi nti, wogyee no too mu sɛ odiyifo,
na n’anom nsɛm nti, wohuu no sɛ ɔdehufo nokwafo.
16Osu frɛɛ Awurade, Otumfo no,
bere a n’atamfo twaa ne ho hyiae afanan nyinaa no,
ɔde aguammaa a onum nufu bɔɔ afɔre.
17Na Awurade boom fii soro,
na ɔmaa wɔtee ne nne wɔ dede kɛse mu;
18Na ɔbrɛɛ atamfo no adikanfo no ase,
wɔne Filistifo adikanfo no nyinaa nso.
19Ansa na obewu akɔ ne daa home mu no,
Samuel dii adanse wɔ Awurade ne wɔn a wɔasra wɔn ngo no nyinaa anim sɛ;
Memmfaa obiara agyapade,
mpaboa mpo,
memfaa bi mmfii obi hɔ,
na obiara ammɔ no sobo.
20Mpo ne wu akyi no, ɔhyɛɛ nkɔm
na ɔdaa ne wuda adi kyerɛɛ ɔhene no,
na ɔmaa ne nne so fii fam hyɛɛ nkɔm,
de pepaa nkurɔfo no amumɔyɛ fii hɔ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.