Deuteronomium 11 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Osetie ho kɔkɔbɔ

1Enti dɔ AWURADE wo Nyankopɔn, na hwɛ n’ahwɛde ne n’ahyɛde ne n’atemmude ne ne mmara nsɛm nna nyinaa.

2Na munhu nnɛ, na menne mo mma a wonnim na wɔanhu no, munhu AWURADE mo Nyankopɔn nteɛso, ne kɛseyɛ, ne nsa a ɛyɛ den ne ne basa a wateɛ mu,

3ne ne nsɛnkyerɛnne ne ne nneyɛe a ɔyɛe Misraim a ɔde yɛɛ Misraim hene Farao ne n’asase nyinaa,

4Eks 14.25, 27 ne nea ɔyɛɛ Misraim dɔm ne n’apɔnkɔ ne ne nteaseɛnam a wɔde retiw mo a ɔmaa Mmɛw-Po mu nsu bu faa wɔn so, na AWURADE sɛee wɔn, de abedu nnɛ da yi,

5ne nea ɔyɛɛ mo sare so besii sɛ muduu ha yi,

6Num 16.31-35 ne nea ɔyɛɛ Ruben ba Eliab mma Datan ne Abiram a asase buee n’anom menee wɔn ne wɔn afi ne wɔn ntamadan ne wɔn a wodii wɔn akyi nyinaa fii Israel nyinaa mfinimfini no;

7na mo ani ahu AWURADE nneyɛe akɛse a ɔyɛe no nyinaa.

8Enti munni mmara nsɛm a merehyɛ mo nnɛ yi nyinaa so, na mo ho ayɛ den, na moakɔ akɔfa asase a moretwam akɔ so akɔfa no,

9Eks 3.17 na mo nna aware asase a AWURADE kaa mo agyanom ntam sɛ ɔde bɛma wɔn ne wɔn asefo no so, asase a ɛsen nufusu ne ɛwo no.

10Na asase a worekɔ akɔfa no nte sɛ Misraim asase a mufi so bae a wuguu w’aba na wode wo nan guguu so nsu sɛ ɛfan turo mu no;

11na asase a moretwam akɔ so akɔfa no yɛ mmepɔw ne abon asase a ɛnom ɔsoro su mu nsu,

12Nnw 65.9-10 asase a AWURADE wo Nyankopɔn hwɛ so daa yi, AWURADE wo Nyankopɔn ani wɔ so fi afe mfiase kosi afe awiei.

13 Lew 26.3-39 Na sɛ mutie me mmara nsɛm a mede merema mo nnɛ yi, na mode mo koma nyinaa bɛdɔ AWURADE mo Nyankopɔn na moasom no a,

14ɛnne mɛma mo asase so su atɔ ne bere mu, asusow ne adom, na woaboaboa w’aburow ne wo nsa ne wo ngo ano,

15na mɛma wo sare so aba wura ama w’afieboa, na woadidi amee.

16Monhwɛ mo ho yiye na wɔannaadaa mo koma, na moamman ankɔsom anyame foforo ansɔre wɔn,

17Lew 26.19; Deut 28.23 na AWURADE abufuw annɛw anhyɛ mo, na wanto ɔsoro mu sɛ osu nntɔ na asase mmma ne nnɔbae, na moansɛe ntɛmso amfi asase pa a AWURADE de rema mo no so.

18 Deut 6.6-9 Enti momfa me nsɛm yi nsie mo koma ne mo kra mu, na fa yɛ nsɛnkyerɛnne kyekyere wo nsa, na ɛnyɛ w’aniwa ntam nkae ntamabamma;

19na momfa nkyerɛkyerɛ mo mma, na kasa ho w’afitena mu ne wo kwan so nantew mu, ne wo nna mu ne wo sɔre mu;

20na kyerɛw gu wo fi apongua ho ne w’aponkɛse so;

21na wo nna ne wo mma nna adɔɔso asase a AWURADE kaa w’agyanom ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so, sɛ ɔsoro a ɛkata asase so yi nna te.

22Na sɛ mubedi mmara nsɛm a merehyɛ mo yi so ayɛ, na mobɛdɔ AWURADE mo Nyankopɔn anantew n’akwan nyinaa so na moabata ne ho a,

23Deut 7.1-2 ɛnne AWURADE betutu amanaman yi nyinaa afi mo anim, na moafa amanaman akɛse a wɔyɛ den sen mo.

24Baabiara a mo nan betia no bɛyɛ mo de, efi sare so ne Lebanon, efi asu no, asubɔnten Eufrate, ho kosi akyiri po no ano bɛyɛ mo asase.

25Obiara rentumi nnyina mo anim; AWURADE mo Nyankopɔn de mo ho hu ne mo ho suro begu asase a mobɛfa so nyinaa so, sɛnea ɔka kyerɛɛ mo no.

Nhyira ne nnome

26 Deut 30.1, 15 Hwɛ, mede nhyira ne nnome meregu mo anim nnɛ:

27Deut 28.2, 15 Sɛ mutie AWURADE mo Nyankopɔn mmara nsɛm a merehyɛ mo nnɛ yi a, mubenya nhyira

28na sɛ moantie AWURADE mo Nyankopɔn mmara nsɛm na moman fi ɔkwan a merehyɛ mo nnɛ yi so kodi anyame foforo a munnim wɔn akyi a, nnome.

29Deut 27.12-13; Yos 8.33-34 Na sɛ AWURADE wo Nyankopɔn de wo du asase a worekɔ so akɔfa no so a, ka nhyira no Gerisim bepɔw so ne nnome no nso Ebal bepɔw so.

30Gye 12.6; Yos 9.6; 10.6 So enni Yordan agya, owiatɔe kwan no akyi, Kanaanfo a wɔte Araba asase so, Gilgal ntentenso, More pɔw ho?

31Na morebetwa Yordan akɔ akɔfa asase a AWURADE mo Nyankopɔn de rema mo no, na mobɛfa atena so.

32Enti monhwɛ yiye na monyɛ ahyɛde ne atemmude a mede meresi mo anim nnɛ yi nyinaa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help