1Na sɛ obi ayɛyɛde yɛ asomdwoe afɔre, na anantwi no bi na ɔde reba a, onini oo, ɔbere oo, nea odi mu na ɔmfa no mmra AWURADE anim.
2Na ɔmfa ne nsa nto n'ayɛyɛde no atifi, na onkum no, ahyiae ntamadan no ano, na Aaron mma no, asɔfo no, mfa mogya no mpete afɔremuka no so nhyia.
3Na onyi asomdwoe afɔre no bi mmra mmɛyɛ AWURADE gya afɔre: srade a ɛkata ayamde no so no ne ayamde no ho srade nyinaa,
4ne asaabo abien no ne srade a ɛwɔ ho, sisia mu no, ne mmerɛbo so ntontan no; omfi asaabo ho nyi.
5Na Aaron mma no nhyew, afɔremuka no so, mpae ɔhyew afɔre a egu ogya no so no, na ɛnyɛ ogya afɔre a eyi hua huamhuam ma AWURADE.
6Na sɛ n'ayɛyɛde a ɔde rebɛbɔ asomdwoe afɔre ama AWURADE no yɛ nguan no bi a, onini oo, ɔbere oo, nea odi mu na ɔmfa mmra.
7Sɛ n'ayɛyɛde no yɛ oguammaa na ɔde reba a, ɔmfa mmra AWURADE anim;
8na ɔmfa ne nsa nto n'ayɛyɛde no atifi, na onkum no ahyiae ntamadan no ano, na Aaron mma no mfa ne mogya mpete afɔremuka no so nhyia.
9Na onyi asomdwoe afɔre no bi mmra mmɛbɔ ogya afɔre mma AWURADE: ne srade ne ne sradedua mu a ontwa no pidua so pa ara ne srade a ɛkata ayamde no so ne ayamde no ho srade nyinaa,
10ne asaabo abien no ne srade a ɛwɔ ho, sisia mu no, ne mmerɛbo so ntontan no; omfi asaabo ho nyi.
11Na ɔsɔfo no nhyew wɔ afɔremuka no so: ɛyɛ aduan afɔre a wɔbɔ no gya so ma AWURADE.
12Na sɛ n'ayɛyɛde no yɛ abirekyi a, ɔmfa mmra AWURADE anim;
13na ɔmfa ne nsa nto n'atifi, na onkum no, ahyiae ntamadan no ano, na Aaron mma no mfa ne mogya mpete afɔremuka no so nhyia.
14Na onyi bi mmra mmɛyɛ n'ayɛyɛde, AWURADE gya afɔre: srade a ɛkata ayamde so no ne ayamde ho srade nyinaa;
15ne asaabo abien no, ne srade a ɛwɔ ho, sisia mu no, ne mmerɛbo so ntontan no; omfi asaabo ho nyi.
16Na ɔsɔfo no nhyew wɔ afɔremuka no so, ɛyɛ ogya afɔreduan a eyi hua huamhuam; srade no nyinaa yɛ AWURADE dea.
17Gye 9.4; Lew 7.23, 26; 17.10-14; Deut 12.16, 23; Aso 15.20, 29 Ɛnyɛ daa ahyɛde, mo awo ntoatoaso nyinaa mu ne mo tenabea nyinaa sɛ munnni srade anaa mogya biara.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
