1
4Mise ahupoofo sɛ: Monnyɛ ahupoo.
Na mise abɔnefo sɛ: Mommma mo abɛn so.
5Mommma mo abɛn so nnkɔ soro,
monnto bamkɔn nnkasa.
6Na emfi Apuei na emfi Atɔe,
nanso emfi mmepɔw sare so,
7 1 Sa 2.7 na mmom Onyankopɔn na obu atɛn,
ɔbɛbrɛ oyi ase, na wama oyi so.
8 Nnw 60.3 Na kuruwa bi wɔ AWURADE nsam,
na emu bobesa ani fi ahuru,
mfrasa ayɛ mu ma, na ohwie bi; ampa ara,
ase puw po, asase so abɔnefo nyinaa befifew anom.
9Na me de, mɛka ɛho asɛm daa,
mɛto Yakob Nyankopɔn ayeyi dwom,
10na abɔnefo mmɛn nyinaa, mebubu,
treneefo mmɛn na wɔbɛma so.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
