1 2 Be 36.6-13 Yehoiakim bere so na Babel hene Nebukadnesar tu bae, na Yehoiakim yɛɛ n’akoa mfe abiɛsa; na ɔdan tew Nebukadnesar so atua.
2Na AWURADE somaa Kaldeafo asafo ne Siriafo asafo ne Moabfo asafo ne Amonfo asafo baa no so, na ɔsomaa wɔn baa Yuda so sɛ wɔmmɛsɛe no, sɛ AWURADE nam ne nkoa adiyifo so kae no.
32 Ah 21.10-16; 23.26-27 AWURADE anom asɛm nko so na eyi nam baa Yuda so, sɛ obeyi wɔn afi n’anim, Manase bɔne nti, sɛ nea ɔyɛe no nyinaa,
4ne mogya a edi bem nso a ɔka gui na ɔde mogya a edi bem hyɛɛ Yerusalem ma no nti. Na AWURADE ampɛ sɛ ɔde firi.
5Na Yehoiakim ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛe nyinaa, so wɔankyerɛw Yuda ahene beresosɛm nhoma no mu?
6Na Yehoiakim wui, na ne ba Yehoiakin bedii n’ade.
7Na Misraim hene ankɔ so amfi n’asase so amma bio, efisɛ Babel hene agye nea ɛyɛ Misraim hene dea nyinaa fi Misraim subon ano kosi asubɔnten Eufrate ho.
Yehoiakin ne Babel tukɔ(2 Berɛsosɛm 36.9-10)8Yehoiakin bedii hene no, na wadi mfirihyia dunwɔtwe, na odii hene asram abiɛsa Yerusalem. Na ne na din de Nehusta, Elnatan a ofi Yerusalem babea.
92 Ah 23.37 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, sɛ n’agyanom yɛe no ara.
10Ɛbere no mu na Babel hene Nebukadnesar nkoa tu baa Yerusalem, na wɔkaa kurow no hyɛɛ mu.
11Na Babel hene Nebukadnesar baa kurow no so, nso na ne nkoa aka no ahyɛ mu.
12Ɛnna Yuda hene Yehoiakin de ne ho kɔmaa Babel hene, ɔno ne ne na ne ne nkoa ne ne mmapɔmma ne n’apiafo; na Babel hene faa no, n’ahenni afe a ɛto so awotwe no mu.
132 Ah 20.17 Na ɔkɔfaa AWURADE fi akorade nyinaa ne ahemfi akorade fii hɔ kɔe, na otwitwaa sika nneɛma a Israel hene Solomon yɛe AWURADE aban mu no ho sika, sɛnea AWURADE kae no.
14Na otuu Yerusalem nyinaa ne mmapɔmma nyinaa ne mmarima a wobetumi nyinaa kɔe, nnipa ɔpedu na wɔde wɔn kɔe, ne adwumfo ne atomfo nyinaa, wɔannyaw obi, gye asase no so nkurɔfo ahiafo nko.
15Yer 22.26; 24.1; 2 Ah 25.27 Na otuu Yehoiakin kɔɔ Babel; na ɔhene ne na ne ɔhene yerenom ne n’apiafo ne asase no so atumfo, otuu wɔn fii Yerusalem de wɔn kɔɔ Babel,
16ne mmarima akofo nyinaa, mpemnson, ne adwumfo ne atomfo apem, wɔn nyinaa mmarima a wotumi kɔ ɔsa, na Babel hene tuu wɔn de wɔn kɔɔ Babel.
17Na Babel hene hyɛɛ n’agya ne nua Matania hene sii n’ananmu, na ɔsakraa ne din too no Sedekia.
Sedekia di Yuda so hene(2 Berɛsosɛm 36.11-12; Yeremia 52.1-3)18 Yer 52.1-3 Sedekia bedii hene no, na wadi mfirihyia aduonu biako, na odii hene mfe dubiako Yerusalem. Na ne na din de Hamutal, Yeremia a ofi Libna babea.
19Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛ Yehoiakim yɛe no ara.
202 Ah 23.27 Na ɛnam AWURADE abufuw so na otuu, Yerusalem ne Yuda, fii n’anim gui. Na Sedekia tew Babel hene anim atua.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.