Yakobo 4 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Ɔko ne ɔsa farebae

1 1 Pe 2.11 Ɛhe na ɔsa ne ɔko a ɛwɔ mo mu no fi? Emfi mo akɔnnɔ a ɛne mo honam akwaa ko no mu anaa?

2Mo kɔn dɔ, na munnya. Mudi awu na mo ani bere, na muntumi nnu ho. Moko na mutu sa, nanso munnya, efisɛ mummisa.

3Mubisa na munnya, efisɛ mubisa no bɔne, sɛ mobɛhwere no mo anigyede mu.

Ɛsɛ sɛ yɛpaw Onyankopɔn anaa wiase

4 Luka 6.26; Rom 8.7; 1 Yoh 2.15 Awaresɛefo, munnim sɛ wiase adamfofa ne ɔtan a wɔtan Onyankopɔn? Enti obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfo no gyina hɔ sɛ Onyankopɔn tamfo.

5Eks 20.3; 20.5; Mat 6.24 Anaasɛ mususuw sɛ kyerɛw no kasa kwa, sɛ: Ɔtwe ne honhom a ɔte yɛn mu no ho ninkunu?

6Mmb 3.34; Hiob 22.29; Mat 23.12; 1 Pe 5.5 Nanso ɔma ɔdom bebree mmom. Enti na kyerɛw no se: Onyankopɔn siw ahantanfo kwan, na ɔdom ahobrɛasefo.

7Efe 6.12; 1 Pe 5.8-9 Enti momfa mo ho nhyɛ Onyankopɔn ase. Munsiw ɔbonsam kwan, na obeguan afi mo nkyɛn.

8Sak 1.3; Yes 1.16 Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo. Monhohoro mo nsa, mo nnebɔneyɛfo, na montew mo komam, mo a mo adwene yɛ ntanta!

9Munni nkɔmmɔ, na mo werɛ nhow, na munsu! Mo serew nnan awerɛhow, na mo anigye nnan aniwu!

101 Pe 5.6 Mommrɛ mo ho ase Awurade anim, na ɔbɛma mo so.

Wɔbra ntwiri nyinaa

11Anuanom, munnnidi mo ho nseku! Nea odi onua ho nseku na obu ne nua atɛn no, odi mmara ho nseku na obu mmara atɛn. Na sɛ wubu mmara atɛn a, na wonyɛ mmara no yɛfo, na mmom woyɛ ne temmufo.

12Mat 7.1; Rom 2.1; 14.4 Obiako ne mmarahyɛfo ne temmufo, ɔne nea obetumi agye na wasɛe. Na ɛhena ne wo a wubu obi atɛn?

Onipa nkwa

13 Mmb 27.1 Na afei mo ɛ! Mo a moka se: Ɛnnɛ ne ɔkyena yɛbɛkɔ sɛɛ ne sɛɛ kurow yi mu akodi hɔ afe, na yɛatɔ atɔn na yɛanya mfaso.

14Luka 12.20 Nanso munnim nea ɛbɛba ɔkyena. Na mo nkwa ne dɛn? Efisɛ moyɛ huruhurow a eyi ne ho kakra, na afei ɛyera.

15Aso 18.21 Na mmom anka ɛsɛ sɛ moka se: Sɛ Awurade pɛ na yenya nkwa a, yɛbɛyɛ eyi anaa eyi.

16Na afei mohoahoa mo ho mo ahupoo mu. Saa ahohoahoa yi nyinaa yɛ bɔne.

17Luka 12.47 Enti nea onim papa yɛ na ɔnyɛ no, ɛyɛ bɔne ma no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help