Nnwom 126 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Wɔn a wɔde nusu gu de ahurusi betwaMforoso dwom

1 Nnw 14.7 Bere a AWURADE de Sion fi nnommum san bae no,

yɛyɛe sɛ adaesofo.

2Ɛno na ɔserew hyɛɛ yɛn anom ma,

na anigye dwom hyɛɛ yɛn tɛkrɛma so ma.

Ɛno na wɔkae, amanaman mu sɛ:

AWURADE ayɛ ade kɛse ama wɔn.

3Yiw AWURADE ayɛ ade kɛse ama yɛn,

yɛn ani agye.

4AWURADE, fa yɛn fi nnommum san bra

sɛ anafo fam asase so asuten.

5 Mat 5.4 Wɔn a wɔde nusu gu

de ahurusi betwa.

6 Yes 35.10 Sɛ mpo wɔde nusu kura aba a wogu no a,

wɔde ahurusi bekura no afiafi aba.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help