Hesekiel 31 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Farao mpofirim asehwe

1Na afe a ɛto so dubiako no, ɔsram a ɛto so abiɛsa no da a edi kan no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2Onipa ba, ka kyerɛ Misraim hene Farao ne n’asafo yuu no sɛ:

Wote sɛ hena, wo kɛseyɛ mu?

3 Dan 4.10-14 Hwɛ, Asaria yɛ Lebanon so kyeneduru,

n’abaa fɛfɛ, n’ahaban kusuu a ɛma onwini,

na ɛkorɔn sorɔnsorɔn

a ne ntɛntɛnoa wɔ amununkum ntam.

4Nsu ma ɛyɛɛ kɛse,

ebun ma ɛkorɔnee.

Ne nsuten sen twaa ne mfuw ho hyiae,

na ɛde ne nsuka kɔɔ

wuram nnua nyinaa ho.

5Enti ɛkorɔn sorɔnsorɔn

sen wuram nnua nyinaa,

n’abaa akɛse wowaree atenten,

nsu dodow a enyae a eyiyi abaa no nti.

6N’abaa frɔmfrɔm no mu

na wim nnomaa nyinaa yeyɛɛ mmerebuw,

na n’abaa akɛse no ase

na wuram mmoa nyinaa wowoo wɔn mma,

na n’ase nwini mu

na amanaman akɛse nyinaa tenae.

7Na ne ho yɛ fɛ, ne kɛseyɛ mu,

ne nnubaa tentenyɛ mu,

efisɛ ne ntini

wɔ nsu bebree ho;

8nkyeneduru ankyɛn no, Onyankopɔn turo mu,

apopaw nnua nte sɛ n’abaa frɔmfrɔm,

na ɔkyɛnkyɛn nte sɛ n’abaa akɛse;

dua biara nni Onyankopɔn turo mu

a ɛsɛ no n’ahoɔfɛ mu;

9mede ne nnubaa dodow

meyɛɛ no fɛfɛ ma Eden nnua

a ɛwɔ Onyankopɔn turo mu no

nyinaa ani bere no.

10 Hes 28.2-10 Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Esiane sɛ ɛware ne korɔn mu na eyii ne ntɛntɛnoa kɔɔ amununkum mu, na ne koma homanee n’ahantan mu nti,

11mede no mehyɛɛ amanaman tumfo nsa; odi na ɔne no dii, n’abɔnefosɛm nti na mituu no.

12Na ananafo, amanaman mu anuɔdenfo, tow no gui na wogyaw no; mmepɔw so ne abon nyinaa mu na ne nnubaa gugui, na n’abaa akɛse no bubui asase so nsubon nyinaa mu, na asase so aman nyinaa fii ne nwini no mu sian kɔ gyaw no.

13Ne dutan a ɛda fam no so na wim nnomaa nyinaa sisii, na n’abaa akɛse no so na wuram mmoa nyinaa wɔ.

14Ɛyɛɛ saa na nsu ho nnua nyinaa mu biara amma ne ho so, ne korɔn nti, na anyiyi ne ntɛntɛnoa, amununkum mu, na wɔn atumfo amma wɔn ho so annyina wɔn ahantan mu, wɔn a wɔnom nsu nyinaa,

efisɛ wɔde wɔn nyinaa ama owu

akɔ asase ase tɔnn,

nnipa mma nyinaa mu,

akɔ wɔn a wosian kɔ amoa mu no nkyɛn.

15Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Da a osian kɔɔ asaman no, memaa nkɔmmɔdi bae, ne nti memaa ebun so katae, na misiw ne nsubɔnten ano, na wosiankaa nsu bebree no; na memaa Lebanon furaa no so birisi tumm, na ne nti wuram nnua nyinaa botowee.

16Hes 31.14 N’asehwe gyegyeegye so memaa amanaman wosowee, bere a mereduru no makɔ asaman maka wɔn a wosian kɔ amoa mu no ho no; na Eden nnua nyinaa, Lebanon ade a wɔapaw a eye no, wɔn a wɔnom nsu nyinaa, bo tɔe, asase ase.

17Wɔn nso a wɔyɛ ne basa a wɔte n’ase nwini mu, amanaman mu no, wɔne no sian kɔɔ asaman kɔɔ nkrante ano atɔfo nkyɛn.

18Ɛhena na wosɛ no saa, anuonyam ne kɛseyɛ mu, Eden nnua mu? Nanso wɔde wo ne Eden nnua no besian akɔ asase ase, momonotofo mu na wobɛda, nkrante ano atɔfo nkyɛn.

Farao ne n’asafo yuu nyinaa ni, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help