1Na wo, onipa ba, fa nkrante nnamnnam, na fa yɛ ayifo yiwan, na fa yi w’atifi ne wo bogyesɛ, na fa nsenia nkoraa bu mu.
2Nkyemu abiɛsa mu biako, fa ogya hyew, kurow no mfinimfini, bere a nkahyem nna no awie du no, na fa nkyemu abiɛsa mu biako nso fa afoa bobɔ ho hyia, na nkyemu abiɛsa mu biako nso fa pete mframa mu, na mɛtwe nkrante madi akyi.
3Na fa emu kakraa a ne dodow sua kyekyere w’atade ano.
4Na fa emu bi bio na tow gu ogya mu fa ogya hyew; ɛno mu na ogya befi aba Israel fi nyinaa.
5Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Yerusalem yi, mede no masi amanaman ntam, na nsaase atwa ne ho ahyia.
6Na ɔtew m’atemmude ahi di abɔnefosɛm sen amanaman no, ne m’ahyɛde nso, sen nsaase a atwa ne ho ahyia no; na wɔapa m’atemmude, na wɔannantew m’ahyɛde mu.
7Ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Esiane sɛ mudii asɛmmɔne sen amanaman a wotwa mo ho hyia, na moannantew m’ahyɛde mu, na moanyɛ m’atemmude, na moanyɛ sɛ amanaman a wotwa mo ho hyia no atemmude po no,
8ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, me ne wo anya, na mebu wo mu atɛn, amanaman no anim.
9Na mɛyɛ wo nea menyɛe da na merenyɛ ne sɛso bio, w’akyide nyinaa nti.
10Deut 28.53-55; Kwa 4.10 Enti wo mu na agyanom bedi mma nam, na mma adi wɔn agyanom nam, na mabu wo mu atɛn, na mabɔ wo nkae nyinaa mapete mframa nyinaa mu.
11Hes 8.6-18 Enti sɛ mete ase yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, ampa ara, esiane sɛ wode w’atantanne nyinaa ne w’akyide nyinaa agu me kronkronbea ho fi nti, me nso mɛpra wo, na m’aniwa renkyɛe wo so, na me nso merenhu mmɔbɔ.
12Hes 5.2 Wo mu nkyemu abiɛsa mu biako bewuwu owuyare ano, na ɔkɔm bɛdwerɛw wɔn wo mu, nkyemu abiɛsa mu biako bɛtotɔ nkrante ano atwa wo ho ahyia, na nkyemu abiɛsa mu biako nso, mɛbɔ wɔn mapete mframa nyinaa mu, na matwe nkrante madi wɔn akyi.
13 Hes 16.42 Na m’abufuw bewie na mama m’anibere adwo, wɔn so, na me werɛ akyekye; na sɛ meyɛ m’anibere no so ade wɔ wɔn so a, wɔahu sɛ me, AWURADE, makasa me ninkuntwe mu.
14Na mɛyɛ wo amamfo ne ahohora, amanaman a wɔatwa wo ho ahyia mu, wɔn a wotwam nyinaa anim.
15Yer 24.9 Na wobɛyɛ ahohora ne ɔyaw, asotwe ne ahodwiriw ama amanaman a wɔatwa wo ho ahyia no, ɛbere a mebu wo mu atɛn, abufuw ne anibere ne anibere animka mu no, me AWURADE na maka;
16Deut 32.23; Hes 4.16 ɛbere nso a mede ɔkɔm agyammɔne mɛtotow wɔn ma ɔsɛe aba no a mɛtotow sɛ mede meresɛe mo, na mɛma ɔkɔm adɔɔ mo so so, na mabu mo abodoo dua.
17Hes 14.21 Na mɛma ɔkɔm ne mmoa bɔne aba mo so, na wɔama woadi mmasigyaw, na owuyare ne mogya bɛfa wo mu, na mede nkrante mɛba wo so; me, AWURADE, na maka.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.