Kwadwom NHYƐNMU - KYER?W KRONKRON(ATWDB)
NHYƐNMUKwadwom nhoma yi yɛ anwensɛm ahorow anum a wɔaboaboa ano a, ɛyɛ ɔyaw ne agyaadwo a ɛfa Yerusalem sɛe no ho. Eyi sii wɔ mfe ahanum ne aduɔwɔtwe asia ansa na wɔwoo Yesu Kristo no mu. Ɛsan ka ɔsɛe ne otukɔ no ho asɛm. Ɛwom sɛ nhoma no fa kɛse ara ka yaw ne awerɛhow ho nsɛm de, nanso wohu Onyankopɔn mu gyidi ne daakye anidaso nso wɔ mu. Sɛ edu ɔman no afehyia nna a, Yudafo no de anwensɛm ahorow yi bi fra wɔn som mu to, na wɔde akɔnkyen ne osu kaekae atoyerɛnkyɛm a, ɛtoo wɔn mfe ahanum aduɔwɔtwe asia no mu.EMU NSƐMYerusalem ho awerɛhowdi ahorow 1.1-22Asotwe a ɛfa Yerusalem ho 2.1-22Asotwe ne anidaso 3.1-66Yerusalem a abubu pasaa 4.1-22Mpae a wɔde srɛ ahummɔbɔ 5.1-22