Hiob 25 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Bildad asɛnka a etwa to: Hena ne onipa wɔ Onyankopɔn anim?

1Ɛnna Suhini Bildad buae sɛ:

2Tumidi ne ehu wɔ Onyankopɔn hɔ;

ɔno na ɔma ɔmannwoe ba wɔ ne sorɔnsorɔmmea hɔ.

3So n’asafo ano wɔ abuye?

Na hena na ne hann renhyerɛn no so?

4 Hiob 9.2 Ɔdesani bɛteɛ Onyankopɔn anim dɛn,

na ɛbɛyɛ dɛn na nea ɔbea awo no no ho bɛtew?

5 Hiob 15.15 Hwɛ, ɔsram po, ɛmpae hyɛnn wɔ n’anim,

na nsoromma ho ntew n’ani so.

6 Hiob 4.19-20 Na menne ɔdesani, abubummabaa yi,

ne onipa ba, aboaa yi!

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help