Yudit 8 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Yudif suban

1Bere no mu a Yudif tee nsɛm yi no; na n'agya ne Merari a ɔyɛ Okes a n'agyanom abusuatenten ne: Yosef, Osiel, Elkia, Ananias, Gideon, Rafain, Hitub, Elia, Eliab, Natanael, Salamiel, ne Sarasadai a wɔyɛ Israel asefo.

2Ne kunu Manase a ɔne no bɔ abusua koro no, awu atokotwa bere no mu.

3Nea a ɛbae ne sɛ, bere a na ogyina hɔ rehwɛ wɔn a wɔrekyekyere atoko afi afi wɔ afuw no mu no, ogyaframa bi bɔ wuraa no, na owui wɔ ne mpa so, wɔ ne kurow Bethulia mu. Wosiee no wɔ n'agyanom amusiei wɔ Dotan a ɛda Balamon ntam.

4Yudif yɛɛ okunafo mfe abiɛsa ne asram anan.

5Osii ntamadan wɔ ne dan no atifi, na ɔde ayitama bɔɔ n’asen, furaa kuna ntama.

6Odii mmuada ne kunayɛ nna nyinaa, gye da a edi homeda no anim, ne ahomeda no ankasa, ne da a ɔsram foforo pue, ne afahyɛ bere, ne nna a Israel fi di ahurusi no.

7Ne ho yɛ fɛ yiye, n’anim yɛ daguaa fɛfɛɛfɛ kama. Ne kunu Manase gyaw no sika ne dwetɛ, nkoa ne mfenaa, ne mmoa ne nsaase pii, na ɔhwɛ saa agyapade yi so nso.

8Obiara bɔ no din pa, efisɛ osuro Nyankopɔn.

Yudif ne mpanyimfo no

9Bere a Yudif tee nsɛm yawyaw a nkurɔfo keka tiaa wɔn a wɔhwɛ wɔn so no, esiane osukɔm a ama wɔatotɔ beraw, na ɔtee Ussia ntam a ɔkakyerɛɛ wɔn sɛ, nnannum akyi obegyaa kuropɔn no mu ama Asiriafo no nti,

10ɔsomaa n’abaawa a ɔhwɛ n’agyapade so no, sɛ ɔnkɔfrɛ Ussia, Kabris ne Karmis, a wɔyɛ kuropɔn no mu mpanyimfo no sɛ wɔmmra.

11Wɔbae no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Montie me, Betuliafo so ahwɛfo. Nea moaka akyerɛ nkurɔfo nnɛ yi nye, mpo moaka ntam, wɔ Onyankopɔn anim, na moasuae sɛ: Sɛ mmoa amfi Awurade hɔ amma nna bi a, mobegyaa kuropɔn no ama yɛn atamfo.

12Mo ne hefo a, mosɔ Awurade hwɛ, na mode mo ho si Onyankopɔn ananmu wɔ nnipa anim?

13Moresɔ Otumfo Nyankopɔn ahwɛ nanso munnya hwee.

14Morentumi nhyɛn onipa dasani koma mu nhu nea ɛwɔ hɔ, na onipa adwene nso, mobɛyɛ dɛn apɛsɛpɛsɛ mu? Sɛ Onyankopɔn na ɔyɛɛ eyinom nyinaa a, ɛnne yɛbɛyɛ dɛn ahu n'akwan mu, na yɛate n'atirimpɔw ase? Dabida, me nuanom, mommma yennyi Awurade yɛn Nyankopɔn abufuw.

15Na sɛ ɔmpɛ sɛ ɔbɛboa yɛn nnannum yi mu mpo a, ɔwɔ tumi sɛ ɔbɔ yɛn ho ban bere biara a ɔpɛ, anaasɛ nso mpo ɔsɛe yɛn, wɔ yɛn atamfo anim.

16Mommma yɛnnyɛ sɛ yɛrehyɛ Awurade yɛn Nyankopɔn wɔ ne botae ho; efisɛ Onyankopɔn nte sɛ onipa na yɛahunahuna no, anaa ɔdasani na wɔde nsɛnkeka adan n’adwene.

17Ne saa nti bere a yɛretwɛn ne gye yi, momma yensu mfrɛ no na ɔmmoa yɛn, na sɛ ɔpɛ a, obetie yɛn.

18Ebi nsii da wɔ yɛn bere so, anaa nnɛ mpo, sɛ abusua bi anaa ɔman bi anaa kurow bi som anyame bi a wɔde wɔn nsa ayɛ, sɛnea nnɛ ɛte yi.

19Ne saa nti na wɔde yɛn agyanom maa afoa ne ɔsɛe, na ɛno nti wohuu amane wɔ wɔn atamfo nsam.

20Nanso yɛn de, yennim ogyefo bi sɛ Onyankopɔn nkutoo, na yɛwɔ anidaso sɛ ɔrenntow yɛn anaa yɛn man yi nkyene.

21Esiane sɛ, sɛ wɔkyere yɛn kɔ a, na wɔakyere Yudea nyinaa nen, na wɔbɛfom yɛn kronkronbea hɔ nneɛma, na Ɔde yɛn mogya bɛyɛ mpata, sɛ ne fi no ho agu fi nti.

22Na yɛn nuanom a wobewuwu, ne yɛn asase a wobegye, ne agyapade a ebefi yɛn nsa no ho asotwe nyinaa bɛba yɛn so, wɔ amanaman mufo no mu, ne baabiara a yɛbɛsom sɛ nkoa. Yɛn anim begu ase wɔ yɛn atamfo anim.

23Ɛnam sɛ yɛn nkoasom no remma yennya adom, na mmom Awurade yɛn Nyankopɔn bɛdan no animguase.

24Eyi nti, afei anuanom, momma yɛnyɛ nhwɛso pa bi mma yɛn mma, efisɛ wɔn nkwa gyina yɛn, ne kronkronbea no, asɔrefi ne afɔremuka no so.

25Nea ɛte biara no, momma yɛmfa aseda mma Awurade yɛn Nyankopɔn, a ɔresɔ yɛn ahwɛ sɛnea Ɔyɛɛ yɛn agyanom no.

26Monkae nea ɔde yɛɛ Abraham, ne sɛnea ɔsɔɔ Isak hwɛe, ne nea ɛbaa Yakob so wɔ Siria Mesopotamia bere a ɔrehwɛ ne wɔfa Laban nguan no.

27Na ɔnsɔɔ yɛn nnhwɛe wɔ ogya mu ɛ, sɛnea Ɔyɛɛ yɛn agyanom de hwɛɛ sɛnea wɔn koma te no, nanso Ɔntɔɔ yɛn so were ɛ, mmom wɔn a wɔbɛn Awurade no, Ɔsɔ wɔn hwɛ, de tu wɔn fo.

28Ɛnna Ussia see no sɛ: Nea woaka no nyinaa fi koma pa mu, na obiara nni hɔ a, obetumi agye ho akyinnye.

29Ɛnyɛ nnɛ nko na, wo nyansa ada adi, na efi w'abrabɔ mfitiase no nnipa nyinaa ahu wo nyansa, efisɛ wo koma mu da hɔ fann.

30Mmom, nnipa no a osukɔm de wɔn no dodow nti, na ɛhyɛɛ yɛn sɛ yɛnyɛ nea yɛaka ho ntam no mma wɔn, na yebu so a ɛnyɛ yie.

31Esiane sɛ woyɛ ɔbea nyamesuroni nti, bɔ mpae ma yɛn na Awurade ntɔ nsu mma yɛn na osukɔm anne yɛn bio.

32Yudif see wɔn sɛ: Montie. Merebɛyɛ biribi a nkyirimma bɛkae daa.

33Monkogyina kurow no abɔnten so anadwo yi, na me ne m’abaawa no bepue; na nna a moahyɛ sɛ, mode kurow no bɛhyɛ yɛn atamfo nsa no, Awurade nam me so begye Israel.

34Mmom mommpɛ ntɛm nhwehwɛ nea mɛyɛ no kosi sɛ mewie.

35Ussia ne mpanyimfo no kae sɛ: Kɔ no asomdwoe mu, na Awurade Nyankopɔn nni w'anim kan, na ɔntɔ yɛn atamfo so were.

36Nti wofii ntamadan no mu kɔɔ wɔn nnwuma so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help