Nyansa 10 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Nyansa dwumadi no fi Adam de kosi Mose so

1 Gye 1.26-28 Nyansa bɔɔ agya a odii kan a

ɔyɛɛ no wɔ wiase no ho ban,

bere a ne nkutoo bɔɔ ade no,

ogyee no fii ne mmarato mu,

2na ɔmaa no ahoɔden sɛ ɔmfa nni

nneɛma nyinaa so tumi.

3 Gye 4.8-13 Mmom bere a onipa bɔne

de abufuw fii ne nkyɛn no,

ɔyerae, esiane sɛ ɔde abufuw kum no nua.

4 Gye 7.1—8.22 Bere a, ɛnam no so na nsuyiri baa

wiase no, nyansa na ogyee no bio,

na ɔde duasin bi teɛteɛ onipa trenee no.

5 Gye 11.1-9; 12.1-3; 22.1-19 Nyansa na bere a aman atirimmɔdenfo

yɛɛ biako no, ɔyɛɛ wɔn adwene sakasaka,

ohuu onipa trenee na ɔbɔɔ

ne ho ban fii afobu mu AWURADE anim

na ɔhyɛɛ no den, n'ayamye nti

wɔ ne ba no ho.

6 Gye 19.1-29 Nyansa gyee onipa trenee nkwa

bere a wɔn a wonnim Nyame reyera no;

onyaa ne ho sɔnn fii ogya a ebeguu

Ahenkurow anum no so.

7Wɔn awurukade ho adansedi da so wɔ hɔ;

asase no da so ara repun wusiw,

nnua a ɛsow aba, nanso ɛmmere,

ne nkyenesiw a esi hɔ sɛ

nkaedum ma ɔkra okyinnyegyefo no.

8Efisɛ wɔanhu nyansa,

ɛnyɛ sɛ wosiw kwan sɛ wonhu nea ennye nko,

mmom wɔde wɔn gyimi so ade gyaw adasamma,

sɛnea wɔn sintɔ bɛda adi daa.

9Nyansa yii wɔn a wɔsom no fii ɔbrɛ mu.

10 Gye 27.43; 28.10-22; 32.24-30 Bere a onipa trenee guan fii

ne nua abufuhyew mu no,

ɔwowaw no wɔ akwan pa so

na ɔkyerɛɛ no Onyankopɔn ahenni,

na ɔmaa no nimdeɛ kronkron;

ɔmaa ne nsa ano adwuma yɛɛ yie

na ɔmaa ne brɛ so ade yɛɛ pii.

11Bere a wɔn a wɔhyɛɛ no ateetee repɛ adufude no

ogyee no na ɔyɛɛ no ɔdefo.

12ɔbɔɔ ne ho ban wɔ n’atamfo ho,

na ɔkoraa no yiye fii wɔn a

wɔtɛw no nsam.

Ne nkoden mu, ɔmaa no nkonimdi,

na ama wasua sɛ tumi a ɛwɔ Onyamesuro mu no

kyɛn ade nyinaa.

13 Gye 37.12-36; 39.1-23; 41.37-44 Bere a wɔtɔn nyansa maa onipa trenee no,

nyansa amfi ne nkyɛ da,

mmom oyii no fii bɔne mu,

14Wannyaw no nko bere a ɔda afiase no,

kosii sɛ ɔde ahemman bi mu

akofena brɛɛ no,

ne tumidi wɔ awuranom so.

Wɔn a wɔbɔɔ no sobo no, ɔkyerɛɛ sɛ ɛyɛ atoro,

na ɔmaa no anuonyam a enni awiei.

Israelfo tukɔ no

15 Eks 1.1—15.21 Nkurɔfo a wɔyɛ kronkron ne ɔman a wɔn ho nni dɛm no,

nyansa gyee wɔn fii aman a

wɔhaw wɔn no nsam,

16Ɔhyɛn AWURADE akoa kra mu

na ɔde anwonwade ne nsɛnkyerɛnne

siankaa ahemfo a wɔn ho yɛ hu no.

17Ɔmaa nnipa trenee

nyaa wɔn brɛ so akatua;

ogyee wɔn taataa faa anwonwakwan so

na ɔyɛɛ guankɔbea maa wɔn adekyee,

ne nsoromma gyaframa nso maa wɔn anadwo mu nyinaa.

18Ɔde wɔn twaa Mmew po no

na ɔde wɔn faa esum bon mu.

19Mmom ɔmaa wɔn atamfo wuwui nsu no mu,

na odii wɔn anim yii wɔn fii po bun mu puei.

20Ne saa nti atreneefo fow

wɔn a wonnim Nyame no nneɛma;

wɔtotoo nnwom, O AWURADE,

de maa wo din kronkron no,

na wɔde nnekoro yii ogye nsa no ayɛ

21esiane sɛ nyansa buee mumu ano.

na ɔmaa nkokoaa tɛkrɛma kasaa pefee.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help