Tobit 4 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Tobit Tu Tobias Fo

1Saa da no ara Tobit kae sika a ɔde maa Gabael asie wɔ Rages a ɛwɔ Media no, na osee ne ho sɛ:

2Mafrɛ owu ama me ho. Dɛn nti na memfrɛ me ba Tobias, na menkyerɛkyerɛ no sika no ho nsɛm ansa na mawu?

3Nti ɔfrɛɛ ne ba Tobias, na osee no sɛ: Me ba, sɛ miwu a sie me, na di wo na ni, ne nkwa nna nyinaa, mma wo werɛ mmfi no. Yɛ nea ɛsɔ n'ani, na nhyɛ no awerɛhow wɔ biribiara mu.

4Kae no, me ba, efisɛ ɔfaa ɔhaw pii mu bere a wowɔ n'awotwaa mu no. Sɛ owu a, sie no wɔ me nkyɛn wɔ da koro no ara mu.

5Kae Awurade Nyankopɔn wo nkwa nna nyinaa. Me ba, nyɛ bɔne, mmu Awurade mmaransɛm so. Bɔ ɔbra pa wo nkwa nna nyinaa, na nnnantew abɔnefo kwan so.

6Efisɛ wɔn a wɔfa kwan trenee so no di yiye wɔn adeyɛ nyinaa mu.

7Deut 15.7, 8; Mmb 19.17; Sir 3.30—4.6; 1 Yoh 3.17 Kyɛ ade fi w'agyapade mu na mma w'ani nni akyi bio. Nnan w'akyi nkyerɛ ohiani biara, na Nyankopɔn nso werɛ remfi wo da.

8Sɛ wonya ahode bebree a hwɛ ho ma; na sɛ esua nso a nsuro sɛ kakra a ɛwɔ wo nsam no wobɛma mu bi.

9Saa fam no, na woreboaboa agyapade pa ano de asie ama wo ho, ahokyere da.

10Efisɛ ɔma yi nnipa fi wu mu, na eyi wo fi sum mu;

11nokwarem no, ɔma yɛ afɔrebɔde kɛse wɔ Ɔsorosoroni no anim ma wɔn a wɔma nyinaa.

12Me ba, hwɛ yiye wɔ aguamammɔ nyinaa ho. Nea edi kan no, ware ɔbea fi wo nenanom asefo mu, na nware ɔnanani bea a omfi w'agya abusua mu efisɛ yɛyɛ adiyifo asefo. Me ba, kae sɛ Noa, Abraham, Isak ne Yakob, yɛn tete agyanom no nyinaa warewaree yerenom fii wɔn abusua mu. Wohyiraa wɔn asefo ma wonyaa asase no dii so.

13Nti afei, me ba, dɔ wo nuanom, na mmu wo nuanom ne wo nkurɔfo mmarima ne mmea animtiaa wɔ wo koma mu, sɛ worenware yere mfi wɔn mu. Efisɛ ahomaso ho nsunsuanso ne ɔsɛe ne basabasayɛ. Anihaw mu nni hwee sɛ ohia, efisɛ anihaw de ɔkɔm ba.

14Obiara a ɔyɛ w'adwuma no, mma n'akatua nnka wo nkyɛn mma ade nkye, tua wɔn ka ntɛm. Sɛ wosom Nyankopɔn a, wubenya akatua. Me ba, hwɛ yie wɔ nea woyɛ nyinaa mu, na hyɛ wo ho so wɔ wo nneyɛe nyinaa mu.

15Mat 7.12; Luka 6.31 Na nea wompɛ no mfa nyɛ wo yɔnko. Nnom nsa mma ɛntra so na mma asanom nni w'abrabɔ mu akoten.

16Fa w'aduan bi ma nea ɔkɔm de no, na nea ɔda adagyaw no, fura no ntama. Fa nea ɛboro wo so no yɛ adɔe, na sɛ wokyɛ ade wie a, mma w'ani nni akyi bio.

17Fa w'aduan si ɔtreneeni da so, mmom abɔnefo de mma wɔn hwee.

18Hwehwɛ afotu fi onyansafo biara hɔ na mmu adwenkyerɛ pa biara sɛ ɛyɛ teta.

19Hyira Awurade Nyankopɔn bere biara, bisa no na ɔmma w'akwan nteɛ na wo nhyehyɛɛ nyinaa akɔ so dwoodwoo. Efisɛ amanaman no mu biara nni ntease; na Awurade ankasa na otu fo pa, na ɔpɛ nso a ɔtow wɔn gu asaman. Nti, me ba, kae ahyɛde yi, na mma emmfi w'adwene mu.

Sika a wogyaw maa Gabael no

20Na afei, me ba, merekyerɛkyerɛ mu akyerɛ wo sɛ: Mede dwetɛ talent du maa Gabrias ba Gabael a ɔwɔ Rages a ɛwɔ Media no sɛ ɔmfa nsie.

211 Tim 6.6-8 Me ba, mmɔ hu, sɛ yedi hia. Sɛ wusuro Nyankopɔn a, ɛyɛ agyapade pii ma wo. Guan bɔne nyinaa na yɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help